Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w22 June kr. 29
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Awurade Anyan Ampa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wɔanhu Amu no, Efisɛ na Yesu Anyane!
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Yesu Te Ase!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
w22 June kr. 29

So Wunim?

Obi te sɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu no, wohwɛ a na Romafo bɛma kwan ma wɔasie no yiye?

Yesu asuafo no ayi Yesu amu afi asɛndua no so, na wɔde ntama rekyekyere no.

NNIPA bebree nim sɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no, na akorɔmfo-werɛmfo mmienu ka ne ho. Ná ɔbaako wɔ ne nifa, ɛnna ɔbaako wɔ ne benkum. (Mat. 27:35-38) Nanso ka a Bible ka sɛ bere a Yesu wui no wosiesiee n’amu no, na wokosiee no ɔboda bi mu no de, ebinom susuw sɛ ɛrentumi nyɛ nokware.—Mar. 15:42-46.

Nnipa bi a wɔkyerɛ sɛ Nsɛmpa no nyɛ nokware no ka sɛ, wonnye nni sɛ obi a wɔahyɛ da akum no no, wɔbɛma kwan ma wɔasie no yiye wɔ baabi te sɛ ɔboda mu. Mmom wogye di sɛ obi a ɔte saa de, wɔde n’amu no bɛfa kwan foforo so. Nea enti a ebinom ka saa no, sɛnkyerɛwfo Ariel Sabar kyerɛkyerɛɛ mu wɔ nsɛmma nhoma bi a wɔato din Smithsonian mu sɛ: “Nnipa a mfaso biara nni wɔn so no, wɔn na na wɔbɔ wɔn asɛndua mu, enti nhomanimfo bi ka sɛ obi a wɔbɔɔ no asɛndua mu de, wonnye nni sɛ Romafo bɛma kwan ma wɔasie no yiye.” Nnipa a na wɔabu wɔn kumfɔ no, na Romafo no pɛ sɛ wogu wɔn anim ase pɔtɔɔ, enti na wɔtaa gyaw wɔn amu no wɔ dua no so ma nnomaa bedi wɔn nam. Afei nea ɛbɛka no, ebia wɔbɛsesaw ne nyinaa de akogu amena baako mu.

Nanso wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu no ama biribi foforo ada adi. Ɛyɛ Yudafo bi a wɔhyɛɛ da kum wɔn a wɔakohu wɔn nnompe. Afe 1968 mu no, wohuu ɔbarima bi a wokum no wɔ asomafo no bere so nnompe wɔ ɔboda bi a ɛbɛn Yerusalem mu. Ná saa ɔboda no yɛ Yudafo abusua bi dea. Ná nnompe no gu adaka bi mu, na na nantin dompe bi ka ho. Ná wɔde dadewa bi a ne tenten yɛ sɛntimita 11.5 abɔ mu afam taaboo bi ho. Sabar ka sɛ, “Ɔbarima bi a ne din de Yehochanan nantin dompe a wohui no, ama yɛanya adanse a ɛkyerɛ sɛ ka a Nsɛmpa no kaa sɛ wosiee Yesu wɔ ɔboda mu no betumi ayɛ nokware. Yehochanan nantin dompe no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ, Yesu bere so no, Romafo no maa kwan maa Yudafo no siee ɔbarima bi a wɔhyɛɛ da kum no.” Wei yɛ adanse a edi mu paa.

Ɛwom, ebinom ka sɛ wohwɛ Yehochanan nantin dompe no, na wode toto sɛnea wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no ho a, nsonsonoe wom. Nanso nea abɛda adi ne sɛ nnipabɔnefo bi a wɔhyɛɛ da kum wɔn no, wosiee wɔn yiye, na ɛnyɛ sɛ wɔde wɔn koguu amena bi mu kɛkɛ. Wei ma yehu pefee sɛ ka a Bible ka sɛ wɔde Yesu amu no kɔtoo ɔboda mu no yɛ nokware. Adanse no foa nea Bible ka no so.

Nea ɛsen ne nyinaa no, na Yehowa aka ato hɔ sɛ wobesie Yesu wɔ ɔboda bi a ɛyɛ osikani bi dea mu; obiara nni hɔ a obetumi aka sɛ ɔremma nea Onyankopɔn aka no mma mu.—Yes. 53:9; 55:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena