Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w22 August kr. 26-31
  • Yehowa Nkurɔfo Ani Gye Ho Paa Sɛ Wɔbɛyɛ Adetrenee

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Nkurɔfo Ani Gye Ho Paa Sɛ Wɔbɛyɛ Adetrenee
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƐN NE ADETRENEE?
  • YERE WO HO MA W’ANI NNYE YEHOWA MMARA HO PAA
  • Fa Wo Koma Nyinaa Dɔ Trenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wudi Trenee Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Monkɔ So Nhwehwɛ “Onyankopɔn Trenee” Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nya Yehowa Trenee Mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
w22 August kr. 26-31

ADESUA ASƐM 36

Yehowa Nkurɔfo Ani Gye Ho Paa Sɛ Wɔbɛyɛ Adetrenee

“Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn.”—MAT. 5:6.

DWOM 9 Yehowa Redi Hene!

NEA YƐREBESUAa

1. Sɔhwɛ bɛn na Yosef hyiae, na ɔyɛɛ n’ade sɛn?

YAKOB ba Yosef hyiaa sɔhwɛ kɛse bi. Ne wura Potifar yere ka kyerɛɛ no sɛ ‘ɔne no mmɛda.’ Nanso Yosef amfa ne ti annye. Ɛnnɛ, ebia obi bɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yosef ampene so?’ Ade yi, na Potifar nni fie. Ɛno da nkyɛn a, na Yosef yɛ akoa wɔ fie hɔ. Enti sɛ wampene so a, na ɔbea no betumi ama asetena abɔ n’anom wɔ fie hɔ. Ɛwom, ɔbea no kɔɔ so ara de nna ho asɛm guan Yosef ho, nanso wampene so da. Adɛn ntia? Ɔkaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”—Gen. 39:7-12.

2. Yosef yɛɛ dɛn hui sɛ awaresɛe yɛ bɔne a etia Onyankopɔn?

2 Ɛyɛɛ dɛn na Yosef hui sɛ Onyankopɔn bu awaresɛe sɛ “amumɔyɛsɛm”? Yosef ne Potifar yere asɛm no sii no, Mose Mmara a emu baako ne, “Nsɛe aware” no, bɛyɛ mfe ahanu akyi ansa na ɛreba. (Ex. 20:14) Nanso na Yosef nim Yehowa paa, enti na onim sɛ ɛnyɛ ade a Yehowa bɛpene awaresɛe so. Ná Yosef nim paa sɛ Yehowa hyehyɛɛ aware sɛ ɔbarima biara benya ɔyere baako, na ɔbea biara nso anya okunu baako. Afei nso, ɛnyɛ dɛn ara a na wate sɛ Yehowa twitwa gyee ne nanankansowa Sara mprenu bere a ahemfo bi yɛe sɛ wɔne no bɛsɛe aware no. Isak yere Rebeka nso, biribi saa na Onyankopɔn yɛ de bɔɔ ne ho ban. (Gen. 2:24; 12:14-20; 20:2-7; 26:6-11) Bere a Yosef dwinnwen nsɛm a ɛte saa ho no, ohuu nea Onyankopɔn pɛ ne nea ɔmpɛ. Esiane sɛ na Yosef dɔ Onyankopɔn nti, Yehowa mmara a ɛfa adetrenee ho nso, na n’ani gye ho paa. Wei nti, na wasi ne bo sɛ obedi so.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 W’ani gye ho paa sɛ wobɛyɛ adetrenee? Yegye di sɛ w’ani gye ho. Nanso, yɛn nyinaa tɔ sin, na sɛ yɛanhwɛ yiye a, adwene a ɛnteɛ a wiase no wɔ wɔ adetrenee ho no, yɛn nso yebenya bi. (Yes. 5:20; Rom. 12:2) Enti yebesusuw nea adetrenee kyerɛ ho. Afei nso, sɛ yɛyɛ adetrenee a, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛboa yɛn. Ɛno akyi, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a yebetumi ayɛ, na aboa yɛn ma yɛn ani agye Yehowa mmara ho paa.

DƐN NE ADETRENEE?

4. Adwene a ɛnteɛ bɛn na nnipa pii wɔ wɔ adetrenee ho?

4 Yɛka sɛ obi bu ne ho ɔtreneeni a, ebia nea ɛba nnipa pii adwenem ne obi a ɔyɛ ahomaso, ɔkasa tia afoforo, anaa obu ne ho sɛ ɔkyɛn afoforo. Nanso Onyankopɔn ani nnye suban a ɛte saa ho koraa. Bere a Yesu wɔ asaase so no, nyamesom akannifo a na wobu wɔn ho sɛ atreneefo no, ɔkasa tiaa wɔn denneennen. (Ɔsɛnk. 7:16; Luka 16:15) Obi a ɔyɛ ɔtreneeni wɔ Yehowa ani so no, ommu ne ho sɛ ɔkyɛn afoforo.

5. Sɛnea Bible ka no, dɛn ne adetrenee? Ma nhwɛso.

5 Obi yɛ adetrenee a, ɛyɛ fɛ sɛ. Nea trenee kyerɛ ara ne sɛ, yɛbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa Nyankopɔn ani so. Bible mu no, nsɛmfua a wɔakyerɛ ase “trenee” no, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛde Yehowa mmara a ɛkorɔn no bɛbɔ yɛn bra. Ɛho nhwɛso bi ni. Yehowa hyɛɛ mmara sɛ aguadifo mfa ‘nkaribo a ɛyɛ papa’ nni gua. (Deut. 25:15) Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase “papa” anaa nokwaredi no, wobetumi nso akyerɛ ase “trenee.” Enti Kristoni a ɔpɛ sɛ Onyankopɔn bu no sɛ ɔtreneeni no, adwuma biara a ɔreyɛ no, ɛsɛ sɛ odi nokware wom. Obi a ɔyɛ ɔtreneeni no, n’ani gye atɛntrenee ho; okyi sɛ obehu sɛ wɔabu obi afa so. Nea ɛbɛyɛ na ɔtreneeni ‘asɔ Yehowa ani koraa’ no, gyinae biara a obesi no, ɔhwɛ sɛnea Yehowa bebu ne gyinaesi no.—Kol. 1:10.

6. Adɛn nti na Yehowa mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no, yebetumi anya mu ahotoso? (Yesaia 55:8, 9)

6 Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ, ne nkyɛn na trenee fi. Ne saa nti, Bible ka sɛ “ɔyɛ trenee tenabea.” (Yer. 50:7) Yehowa ne Ɔbɔadeɛ no, enti ɔno nko ara na ɔfata sɛ ɔhyehyɛ papa ne bɔne ho mmara. Esiane sɛ sintɔ biara nni Yehowa ho nti, sɛnea ohu papa ne bɔne no, ɛnte sɛ nnipa de koraa, efisɛ nnipa de, bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho. (Mmeb. 14:12; kenkan Yesaia 55:8, 9.) Nanso esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so nti, yetumi de ne mmara a ɛfa trenee ho no bɔ yɛn bra. (Gen. 1:27) Yɛn ani gye ho nso sɛ yɛbɛyɛ saa. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn Agya no kanyan yɛn ma yɛyere yɛn ho paa suasua no.—Efe. 5:1.

7. Adɛn nti na yehia mmara pɔtee anaa akwankyerɛ pa? Ma mfatoho.

7 Sɛ yɛde Yehowa mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no yɛ adwuma a, ɛboa yɛn. Adɛn nti na yɛreka saa? Yɛnhwɛ mfatoho bi. Fa no sɛ nnwumakuw a esisi adan no, wɔn mu biara wɔ sɛnea esusuw nneɛma de si dan. Wohwɛ a, dɛn na ebesi? Anka biribiara bɛyɛ basaa. Afei nso, akwankyerɛ pɔtee a ɛsɛ sɛ dɔktafo ne nɛɛsefo di akyi de sa nkurɔfo yare no, sɛ wɔamfa anyɛ adwuma a, ebetumi ama ebinom awu. Wei ma yehu sɛ, sɛ yɛwɔ mmara pɔtee anaa ɔkwan pɔtee a yɛfa so yɛ biribi a, ɛbɔ yɛn ho ban. Saa ara nso na Onyankopɔn mmara a ɛfa papa ne bɔne ho no bɔ yɛn ho ban.

8. Wɔn a wɔn ani gye ho paa sɛ wɔbɛyɛ adetrenee no, nhyira bɛn na wobenya?

8 Yehowa hyira wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi ne mmara so no. Ɔhyɛ bɔ sɛ: “Atreneefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.” (Dw. 37:29) Sɛ nnipa nyinaa de Yehowa mmara reyɛ adwuma a, wo de hwɛ sɛnea anka ɛde baakoyɛ, asomdwoe ne anigye bɛba! Asetena a ɛte saa na Yehowa pɛ sɛ wunya. Ampa, yɛn nyinaa wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho paa sɛ yɛbɛyɛ adetrenee! Yɛbɛyɛ dɛn atu mpɔn wɔ adetreneeyɛ mu? Momma yɛnhwɛ anammɔn mmiɛnsa bi a ɛsɛ sɛ yetu.

YERE WO HO MA W’ANI NNYE YEHOWA MMARA HO PAA

9. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛn ani agye adetrenee ho paa?

9 Anammɔn 1: Dɔ Onii a ɔhyehyɛ mmara no. Nea ɛbɛyɛ na yɛn ani agye adetrenee ho no, Onii a ɔhyehyɛ papa ne bɔne ho mmara no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no no yɛ kɛse. Bere a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no reyɛ kɛse no, ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛde ne mmara a ɛteɛ no bɛyɛ adwuma no, ɛno nso bɛyɛ kɛse. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ Adam ne Hawa kyerɛe sɛ wɔdɔ Yehowa a, anka wɔremmu ne mmara a ɛteɛ no so da.—Gen. 3:1-6, 16-19.

10. Dɛn na Abraham yɛe a ɛma ɔtee Yehowa ase yiye?

10 Yɛmpɛ koraa sɛ mfomso a Adam ne Hawa dii no, yebedi bi. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛkɔ so sua Yehowa ho ade, na yɛma yɛn ani sɔ ne su ahorow no. Afei nso, sɛnea odwen nneɛma ho no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden te ase yiye. Yɛyɛ saa a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no bɛyɛ kɛse. Momma yɛnhwɛ Abraham. Ná ɔdɔ Yehowa yiye. Bere mpo a na ɛyɛ den sɛ ɔbɛte gyinae a Yehowa sii ase no, wantew ne so atua. Mmom, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obehu Yehowa yiye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Abraham tee sɛ Yehowa rebɛsɛe Sodom ne Gomora no, mfitiase no na osuro sɛ “Asaase nyinaa Temmufo no” bɛsɛe atreneefo aka abɔnefo ho. Ná ɛyɛ Abraham sɛ Yehowa rentumi nyɛ biribi a ɛte saa da, enti ɔbrɛɛ ne ho ase bisabisaa no nsɛm. Yehowa nso too ne bo ase yiyii no ano. Ewiee ase no, Abraham behui sɛ Yehowa hwehwɛ onipa biara koma mu, na ɛremma da sɛ ɔde atreneefo bɛka abɔnefo ho atwe wɔn nyinaa aso.—Gen. 18:20-32.

11. Ɔkwan bɛn so na Abraham kyerɛe sɛ ɔdɔ Yehowa na ɔwɔ ne mu awerɛhyem?

11 Nkɔmmɔ a Abraham ne Yehowa twetwe faa Sodom ne Gomora nkurow no ho no, ɛkaa Abraham paa. Ɛda adi sɛ ɛmaa ɔdɔ ne obu a ɔwɔ ma n’Agya no yɛɛ kɛse. Mfe bi akyi no, ahotoso a Abraham wɔ wɔ Yehowa mu no, ohyiaa ho sɔhwɛ a emu yɛ den. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne dɔba Isak mmɔ afɔre mma no. Nanso saa bere yi de, na Abraham ahu Onyankopɔn yiye enti wammisabisa no nsɛm. Ɛno ara ne sɛ osii mu kɔyɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no. Bere a ɔreboaboa ne ho akɔ no, wo de hwɛ sɛnea na ebebubu no afa! Nea na Abraham asua afa Yehowa ho no, ɛbɛyɛ sɛ odwinnwen ho kɔɔ akyiri. Ná onim sɛ Yehowa renyɛ nea ɛnteɛ da anaa ɔrenyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔnnɔ no. Sɛnea ɔsomafo Paul ma yehu no, na Abraham gye di sɛ Yehowa betumi anyan ne dɔba Isak. (Heb. 11:17-19) Ade yi, na Yehowa ahyɛ Isak bɔ sɛ ɔman bi befi ne mu aba, nanso saa bere no na Isak nni mma. Ná Abraham dɔ Yehowa, enti na ɔwɔ n’Agya no mu awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Ɛwom sɛ na ɛnna fam, nanso esiane sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi nti, otiee no.—Gen. 22:1-12.

12. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Abraham? (Dwom 73:28)

12 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Abraham? Ɛne sɛ, yɛbɛkɔ so asua Yehowa ho ade. Yɛyɛ saa a, yɛbɛbɛn no paa, na ɔdɔ a yɛwɔ ma no no nso bɛyɛ kɛse. (Kenkan Dwom 73:28.) Ɛbɛtete yɛn ahonim ama Onyankopɔn adwene akyerɛ yɛn kwan. (Hebrifo 5:14) Ɛba saa na obi de adebɔne sɔ yɛn hwɛ a, ɛnyɛ ade a yɛbɛyɛ. Biribiara a yɛyɛ a ɛbɛma yɛn Agya no adi yaw anaa ɛbɛsɛe yɛne ne ntam no, ɛbɛyɛ yɛn tan. Dɛn bio na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani gye adetrenee ho?

13. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ adetrenee? (Mmebusɛm 15:9)

13 Anammɔn 2: Yere wo ho paa sɛ wobɛyɛ adetrenee da biara da. Egye adwumaden na da biara yɛatumi ateɛteɛ yɛn apɔw mu ama yɛn ntini mu ayɛ den. Yehowa mmara a ɛteɛ no nso, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa na yɛn ani atumi agye ho. Yehowa te yɛn ase, na ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. (Dw. 103:14) Ɔma yɛn awerɛhyem sɛ “wɔn a wɔyɛ adetrenee de, ɔdɔ wɔn.” (Kenkan Mmebusɛm 15:9.) Sɛ yɛde botae pɔtee bi si yɛn ani so wɔ Yehowa som mu a, yɛkɔ so ara yere yɛn ho sɛ yebedu ho. Saa ara na adetrenee a yɛbɛyɛ nso te. Yehowa nso benya yɛn ho abotare aboa yɛn ma yɛde nkakrankakra anya nkɔso.—Dw. 84:5, 7.

14. Dɛn ne ‘trenee nkatabo’ no, na adɛn nti na yehia?

14 Dɔ a Yehowa dɔ yɛn nti, ɔma yehu sɛ adetrenee a yɛbɛyɛ no nyɛ adesoa. (1 Yoh. 5:3) Mmom, onim sɛ, sɛ yɛyɛ adetrenee a ɛbɔ yɛn ho ban, na yehia ahobammɔ a ɛte saa da biara. Kae honhom fam akode a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm no. (Efe. 6:14-18) Ne fã bɛn na ɛbɔ ɔsraani koma ho ban? Ɛyɛ ‘trenee nkatabo’ a egyina hɔ ma Yehowa mmara a ɛteɛ no. Sɛnea nkatabo bɔ koma ankasa ho ban no, saa ara na Yehowa mmara a ɛteɛ no nso betumi abɔ yɛn koma ho ban. Enti, yɛ nea wubetumi biara na hwɛ hu sɛ, trenee nkatabo no ka w’akode no ho!—Mmeb. 4:23.

15. Wobɛyɛ dɛn ahyɛ trenee nkatabo no?

15 Wobɛyɛ dɛn ahyɛ trenee nkatabo no? Ɛne sɛ, da biara gyinae a wubesi no, wobɛhwɛ ahu sɛ worenkɔ nnyaw Onyankopɔn mmara. Sɛ wopɛ sɛ wobɔ biribi ho nkɔmmɔ, wutie nnwom bi, wohwɛ biribi de gyigye w’ani, anaa wokan nhoma bi a, di kan bisa wo ho sɛ: ‘Nea merebɛyɛ yi, dɛn na ɛbɛma mede adua me koma mu? Yehowa ani begye ho anaa? Nneɛma a Yehowa bu no sɛ ɛnteɛ te sɛ aguamammɔ, awudi, anibere, ne pɛsɛmenkominya na ɛhyɛ ho nkuran anaa?’ (Filip. 4:8) Gyinae a wusisi no, sɛ Yehowa ani gye ho a, ɛnde na worema ne mmara a ɛteɛ no abɔ wo koma ho ban.

Owia rekɔtɔ; onuawa bi nam mpoano rehwɛ po asorɔkye a ɛrebɔ.

Wo trenee betumi “ayɛ sɛ po asorɔkye” (Hwɛ nkyekyɛm 16-17)

16-17. Sɛn na Yesaia 48:18 ma yenya awerɛhyem sɛ, yebetumi de Yehowa mmara abɔ yɛn bra da biara da?

16 Ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ worentumi mfa Yehowa mmara a ɛteɛ no mmɔ wo bra da biara da anaa? Yɛnhwɛ mfatoho bi a Yehowa de dii dwuma wɔ Yesaia 48:18. (Kenkan.) Yehowa hyɛ bɔ sɛ yɛn trenee betumi “ayɛ sɛ po asorɔkye.” Fa no sɛ wugyina mpoano rehwɛ po asorɔkye, na wuhu sɛ ɛbɔ a ennyae da. Sɛ wugyina baabi a ɛhɔ yɛ anika saa a, ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ da koro anhwɛ a, po asorɔkye no begyae bɔ anaa? Daabi! Efisɛ wunim sɛ asorɔkye no abɔ ara mfe mpempem pii, na ɛrennyae bɔ nso da.

17 Wo trenee betumi ayɛ sɛ po asorɔkye! Ɔkwan bɛn so? Sɛ worebesi gyinae bi a, di kan hwɛ Yehowa adwene wɔ ho, na ma ɛnkyerɛ wo kwan. Gyinae a worebesi no, sɛ ɛyɛ den sɛ dɛn mpo a, w’Agya a ɔdɔ wo no rennyaw wo da; ɔbɛhyɛ wo den na waboa wo ama woakɔ so de ne mmara a ɛteɛ no abɔ wo bra da biara da.—Yes. 40:29-31.

18. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛn ara yɛhyehyɛ yɛn mmara de bu afoforo atɛn?

18 Anammɔn 3: Ma Yehowa ankasa mmu atɛn. Ɛwom sɛ yɛyere yɛn ho paa sɛ yɛde Yehowa mmara a ɛteɛ no bɛbɔ yɛn bra, nanso ɛnsɛ sɛ yebu afoforo atɛn, na yebu yɛn ho sɛ yɛkyɛn afoforo. Sɛ́ anka yebebu afoforo animtiaa na yɛafa ato yɛn ho so sɛ yebebu wɔn atɛn no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa ne “asaase nyinaa Temmufo no.” (Gen. 18:25) Yehowa mfa nhyɛɛ yɛn nsa sɛ yemmu afoforo atɛn. Yesu koraa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Munnyae sɛ mubu nkurɔfo atɛn, na wɔammu mo atɛn.”—Mat. 7:1.b

19. Dɛn na Yosef yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bebu atɛntrenee?

19 Momma yɛnsan nhwɛ nea ɛtoo ɔtreneeni Yosef. Wammu afoforo atɛn; wɔn a wɔne no anni no yiye mpo ka ho. Ɔno ara ne nuanom boroo no, wɔtɔn no sɛ ɔnkɔyɛ akoa, na wɔmaa wɔn papa gye dii sɛ Yosef awu. Mfe bi akyi no, Yosef abusua no san bɛkaa ne ho. Saa bere no, na Yosef wɔ tumi paa, enti anka obetumi ne ne nuanom no adi no nwenweenwene, na nea wɔde yɛɛ no no, wayɛ wɔn bi atua aka. Ɛwom sɛ na Yosef nuanom no anu wɔn ho paa, nanso na wosuro sɛ anhwɛ a, Yosef bɛyɛ wɔn bi atua ka. Enti Yosef maa wɔn awerɛhyem sɛ: “Munnsuro. Adɛn, meyɛ Onyankopɔn?” (Gen. 37:18-20, 27, 28, 31-35; 50:15-21) Yosef ahobrɛase nti, ogyaw atemmu no maa Yehowa.

20-21. Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛammu yɛn ho atreneefo?

20 Sɛnea Yosef yɛe no, yɛn nso ɛsɛ sɛ yegyaw atemmu biara ma Yehowa. Sɛ yɛn nuanom yɛ biribi a, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ yenim nea enti a wɔyɛɛ saa. Yɛrentumi nhu nea ɛwɔ obi komam; “Yehowa [nko ara] na ɔhwehwɛ adwene a onipa de yɛ biribi mu.” (Mmeb. 16:2) Ɔdɔ nnipa nyinaa ɛmfa ho wɔn amammerɛ, ɔman anaa abusua a wofi mu. Yehowa hyɛ yɛn nkuran nso sɛ ‘yemmue yɛn komam kɛse.’ (2 Kor. 6:13) Yemmmu yɛn nuanom atɛn, mmom yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛdɔ wɔn nyinaa.

21 Wei nso kyerɛ sɛ, wɔn a enni asafo no mu no, ɛnsɛ sɛ yebu wɔn atɛn. (1 Tim. 2:3, 4) Yɛn busuani a onni asafo no mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebu no atɛn ka sɛ, “Asomasi de, ɔrentumi mmegye nokware no da.” Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ ahantan na yebu yɛn ho atreneefo. Yehowa da so ara rema “nnipa a ɛwɔ baabiara” hokwan ama wɔde asakra wɔn adwene. (Aso. 17:30) Bere nyinaa, kae sɛ wɔn a wobu wɔn ho atreneefo no, Yehowa nso bu wɔn sɛ wɔnyɛ atreneefo.

22. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wobɛma w’ani agye adetrenee ho paa?

22 Yɛn ani gye Yehowa mmara a ɛteɛ no ho paa. Momma wei mmoa yɛn mma yɛn ani nnye, na ɛnkanyan afoforo mma wɔmmɛn yɛne Onyankopɔn. Momma ‘trenee ho kɔm ne sukɔm nne yɛn’ daa. (Mat. 5:6) Nya awerɛhyem sɛ, sɛnea daa woyere wo ho paa sɛ wobɛyɛ adetrenee no, Yehowa hu na ɛma n’ani gye. Ade rekye a ade resa nyinaa, nneɛma a ɛnteɛ nko ara na ɛremene wiase yi, nanso mma w’abam mmmu! Mma wo werɛ mmfi da sɛ “Yehowa dɔ atreneefo.”—Dw. 146:8.

WUBEBUA SƐN?

  • Dɛn ne adetrenee?

  • Sɛ yɛde Yehowa mmara a ɛteɛ no bɔ yɛn bra a, ɛboa yɛn sɛn?

  • Yɛbɛyɛ dɛn ayere yɛn ho ama yɛn ani agye Yehowa mmara a ɛteɛ no ho paa?

DWOM 139 Fa W’ani Bu Wiase Foforo No

a Atreneefo ho yɛ na wɔ wiase bɔne yi mu. Nanso ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii reyɛ adetrenee. Yegye di sɛ woka ho. Nea enti a woyɛ adetrenee ne sɛ wodɔ Yehowa, efisɛ Yehowa nso ani gye adetrenee ho paa. Yɛbɛyɛ dɛn atu mpɔn wɔ adetreneeyɛ mu? Adesua yi bɛma yɛahu nea adetrenee kyerɛ. Afei nso, sɛ yɛkɔ so yɛ adetrenee a, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛboa yɛn. Ɛno akyi, yɛbɛhwɛ anammɔn a ɛsɛ sɛ yetutu, na ama yɛn ani agye ho paa sɛ yɛbɛyɛ adetrenee.

b Ɛtɔ da na sɛ obi yɛ bɔne a ɛso a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo bu atɛn hwɛ sɛ wanu ne ho anaa. (1 Kor. 5:11; 6:5; Yak. 5:14, 15) Nanso, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔkae sɛ wɔrentumi nhu nea ɛwɔ obi koma mu, na wɔrebu atɛn ama Yehowa. (Fa toto 2 Beresosɛm 19:6 ho.) Onyankopɔn mmara a ɛteɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ katee, na ɔwɔ mmɔborɔhunu no, wɔhwɛ sɛ wɔde bɛyɛ adwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena