Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w22 December kr. 14
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So Na Gyina Asetram Nsakrae Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • “Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Momma Yɛmmom Mma Yehowa Din So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
w22 December kr. 14

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a odwontofo Dawid kaa wɔ Dwom 61:8 sɛ obeyi Yehowa din ayɛ “daa” no, wohwɛ a, na ɔrehaahaa n’ani aka asɛm anaa?

Ɔhene Dawid reto dwom na ɔrebɔ sanku.

Daabi. Nea Dawid kyerɛwee no, ntease wom, na ɛyɛ nokware.

Momma yɛnhwɛ nea ɔkaa wɔ saa nkyekyɛm no mu, ɛne kyerɛwnsɛm afoforo nso mu. Ɔkaa sɛ: “Mɛto ayeyi nnwom ama wo din daa, na matua me bɔhyɛ ade da biara.” “O Yehowa me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa beyi wo ayɛ, na mɛhyɛ wo din anuonyam akosi daa.” “Meyi wo din ayɛ daa daa.”—Dw. 61:8; 86:12; 145:1, 2.

Nea Dawid kae no, ɛnyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔrenwu da. Ná Dawid nim sɛ Yehowa aka sɛ bɔne a ɛwɔ nnipa ho nti, ɛnyɛ dɛn ara a obiara bewu, na Dawid gye toom sɛ ɔno nso bɔne wɔ ne ho. (Gen. 3:3, 17-19; Dw. 51:4, 5) Ná onim sɛ mmarima a wɔsom Onyankopɔn te sɛ Abraham, Isak ne Yakob mpo wui, enti ɛnyɛ dɛn ara a ɔno nso bewu. (Dw. 37:25; 39:4) Nanso ne nsɛm a ɛwɔ Dwom 61:8 no ma yehu sɛ na wasi ne bo sɛ, mpɛn dodow a ɔte ase no, ɔbɛkɔ so ayi Yehowa ayɛ daa.—2 Sam. 7:12.

Nsɛm a Dawid kyerɛwee no bi wɔ hɔ a, ɛfa nea ɛkɔɔ so wɔ n’asetenam ho. Ɛho nhwɛso na ɛwɔ Dwom 18, 51 ne 52 atifi nsɛm no mu no. Wohwɛ Dwom 23 a, wubehu sɛ Dawid kaa Yehowa ho asɛm sɛ oguanhwɛfo a ɔma ne nguan akwankyerɛ, ɔma wɔn ho dwo wɔn, na ɔbɔ wɔn ho ban. Ná Dawid nso yɛ oguanhwɛfo, na na ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn ‘ne nkwa nna nyinaa.’—Dw. 23:6.

Afei nso, hyɛ no nsow sɛ nsɛm a Dawid kyerɛwee no, Yehowa na ɔma ɔkyerɛwee. Nea ɔkyerɛwee no, na ebi yɛ nkɔmhyɛ a ɛbɛba mu daakye. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Dwom 110 no, Dawid kyerɛwee sɛ bere bi bɛba a, ne Wura “[bɛtena Onyankopɔn] nsa nifa” so wɔ soro atwɛn akosi sɛ obenya tumi kɛse. Dɛn na ɔde bɛyɛ? Ɔde bedi Onyankopɔn atamfo so, na ‘wabu amanaman no atɛn.’ Ná onii a ɔne Mesia no bepue afi Dawid abusua mu. Obedi ade afi soro, na ɔbɛyɛ “ɔsɔfo daa.” (Dw. 110:1-6) Yesu sii so dua sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 110 no fa ne ho, na ɛbɛba mu daakye.—Mat. 22:41-45.

Nokwasɛm ne sɛ, nsɛm a Yehowa maa Dawid kyerɛwee no, ebi fa nea ɛkɔɔ so wɔ ne bere so ho; ebi nso fa nea ebesi daakye ho. Saa bere no, Yehowa benyan Dawid na obeyi no ayɛ daa. Wei boa yɛn ma yehu sɛ yebetumi ate Dwom 37:10, 11, 29 no ase sɛ na ɛkyerɛ tebea a na ɛwɔ Israel saa bere no. Bere koro no ara nso, ɛkyerɛ sɛnea daakye nneɛma bɛyɛ wɔ wiase baabiara bere a Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa aba mu no.—Hwɛ adesua asɛm a n’asɛmti ne “Wobɛka Me Ho Wɔ Paradise” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no nkyekyɛm 8.

Enti, Dwom 61:8 ne kyerɛwnsɛm a ɛtete saa ma yehu sɛ na Dawid pɛ sɛ oyi Yehowa ayɛ wɔ Israel kosi sɛ obewu. Afei nso, ɛma yehu nea Dawid bɛyɛ daakye bere a Yehowa asan de no aba nkwa mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena