Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp23 nɔma 1 kr. 12-13
  • 4 | Afotu a Ɛwɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 4 | Afotu a Ɛwɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Wei Kyerɛ
  • Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo
  • Sɛnea Bible Mu Afotusɛm Reboa Wɔn a Adwene Mu Yare Reteetee Wɔn
  • Nea Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Bere a Yare Abɔ Wo Mpofirim
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Adwene Mu Yare Atu Atese Wɔ Wiase Baabiara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
  • Deɛ Ɛsɛ sɛ Wuhunu Fa Adwenemyareɛ Ho
    Nyan!—2014
  • 3 | Sɛnea Nnipa a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2023
wp23 nɔma 1 kr. 12-13
Ɔbea bi reka sakre, na n’ani agye.

4 | Afotu a Ɛwɔ Bible Mu Betumi Aboa Wo

BIBLE KA SƐ: ‘Kyerɛwnsɛm no nyinaa ye.’​—2 TIMOTEO 3:16.

Nea Wei Kyerɛ

Bible no nyɛ ayaresa nhoma, nanso afotu pa bebree wom. Saa afotusɛm no betumi aboa obi a adwene mu yare bi reteetee no. Ɛho nhwɛso ni:

Hwɛ Sɛnea Nea Edi So Yi Betumi Aboa Wo

“Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.”​—MATEO 9:12.

Bible no ma yehu sɛ, ɛtɔ da a ebehia sɛ yekohu dɔkta. Wɔn a wɔwɔ adwene mu yare no, wɔasua wɔn yare no ho nsɛm pii afi animdefo hɔ, na wɔakɔ ayaresabea ama wɔn ho atɔ wɔn.

“Apɔwmuteɛteɛ ye ma wo nipadua.”​—1 TIMOTEO 4:8, Contemporary English Version.

Wunya adaagye yɛ nneɛma a ɛbɛma woanya apɔwmuden a, ɛma adwene no yɛ adwuma yiye. Nneɛma a ebetumi ama woanya apɔwmuden no, ebi ne sɛ wubeyi bere bi a wode bɛtenetene w’apɔw mu daa, wubedi nnuan pa, na woada yiye.

“Anigye koma yɛ aduru papa; na honhom a abotow de, ɛma ahoɔden so tew.”​—MMEBUSƐM 17:22.

Sɛ wokenkan Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran, na wode botae a wubetumi adu ho sisi w’ani so a, ebetumi aboa ama w’ani agye. Sɛ wode w’adwene si nneɛma a ɛhyɛ nkuran so na wunya gyidi sɛ daakye ɛbɛyɛ yiye a, adwene mu yare no nyinaa akyi no, w’ani betumi agye.

“Nyansa ne ahobrɛasefo na ɛte.”​—MMEBUSƐM 11:2.

Ebia wubehu sɛ nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ no, ɛnyɛ ne nyinaa na wo ara wubetumi ayɛ, enti sɛ obi pɛ sɛ ɔboa wo a, ma no mmoa wo. Ebia na w’abusuafo ne wo nnamfo pɛ sɛ wɔboa wo, nanso wɔnhu nea wɔnyɛ. Enti ma wɔnhu nea wɔyɛ a ɛbɛboa wo. Nanso nhwɛ kwan sɛ wɔbetumi ayɛ nea wopɛ biara ama wo, na kakra biara a wɔbetumi ayɛ ama wo no, ma w’ani nsɔ.

Sɛnea Bible Mu Afotusɛm Reboa Wɔn a Adwene Mu Yare Reteetee Wɔn

“Mihuu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ me ho, enti mikohuu dɔkta. Mekɔe no, ɔhwehwɛɛ mu huu nea na ɛrehaw me. Wei boaa me ma mihuu sɛ meyare, na ɔkyerɛɛ me nnuru a metumi anom ama me ho atɔ me.”​—Nicole,a ɔwɔ adwene mu yare bi a yɛfrɛ no bipolar disorder.

Maame bi reka ne haw akyerɛ dɔktani.

“Mahu sɛ, sɛ me ne me yere bom kenkan Bible daa a, ɛma mitumi hyɛ ɛda no ase yiye; ɛma mitumi de m’adwene si nneɛma pa a ɛhyɛ nkuran so. Ɛtɔ da a mitumi hu sɛ yare no mu ayɛ den, nanso ɛba saa a, Bible mu asɛm pɔtee bi tumi kyekye me werɛ.”​—Peter; ɔwɔ adwene mu yare bi a yɛfrɛ no depression.

“Ná ɛyɛ den sɛ mɛka akyerɛ nkurɔfo sɛ meyare, efisɛ na mefɛre paa. Nanso m’adamfo bi de, sɛ mereka yare no ho asɛm akyerɛ no a, na otie me paa, na na ɔte me ase.”​—Ji-yoo wɔ adwene mu yare bi; ama asɛm aba n’adidi ho.

“Bible no aboa me ama mate ase sɛ, sɛ meyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ mitumi gye m’ahome nso. Adwene mu yare a na ɛreteetee me no, afotu pa a ɛwɔ Bible mu no aboa me ama mahu sɛnea me ne yare no bɛtena.”​—Timothy; ɔwɔ adwene mu yare bi a yɛfrɛ no obsessive-compulsive disorder.

a Wɔasesa edin no bi.

Nneɛma a wɔadrɔdrɔ ayɛ no video a wɔato din, “Wo Werɛ How a, Dɛn Na Ɛbɛma W’ani Agye?”
Sɛ Wuhia Ɛho Nsɛm Pii a . . . 

Hwɛ nneɛma a wɔadrɔdrɔ ayɛ no video a wɔato din, Wo Werɛ How a, Dɛn Na Ɛbɛma W’ani Agye? Ɛwɔ jw.org.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena