Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w24 June kr. 2-7
  • Yehowa To Nsa Frɛ Yɛn Sɛ Yɛmmɛsoɛ Ne Ntamadan Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa To Nsa Frɛ Yɛn Sɛ Yɛmmɛsoɛ Ne Ntamadan Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YEHOWA PƐ SƐ YƐBƐSOƐ NE NTAMADAN MU
  • BAABI A YƐWƆ BIARA ONYANKOPƆN HWƐ YƐN KAMA
  • MFASO A YENYA NE ADWUMA A ƐWƆ HO
  • YEHOWA NE OBIARA DII NO YIYE WƆ SARE NO SO
  • ƐNNƐ NSO, YEHOWA NE OBIARA DI NO YIYE
  • MFI YEHOWA NTAMADAN NO MU DA
  • Tena Yehowa Ntamadan Mu Afebɔɔ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Kae Sɛ Yehowa Ne “Onyankopɔn Teasefo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
w24 June kr. 2-7

ADESUA ASƐM 23

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

Yehowa To Nsa Frɛ Yɛn Sɛ Yɛmmɛsoɛ Ne Ntamadan Mu

“Mɛtena me ntamadan mu wɔ wɔn mu na mayɛ wɔn Nyankopɔn.”—HES. 37:27.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea Yehowa ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmɛsoɛ ne ntamadan mu ne sɛnea ɔhwɛ yɛn no, adesua yi bɛma yɛakyerɛ ho anisɔ kɛse.

1-2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyɛ n’asomfo anokwafo anuonyam?

SƐ OBI bisa wo sɛ, ‘Wo dɛn ne Yehowa’ a, dɛn na wobɛka? Ebia wobɛka sɛ, ‘Yehowa yɛ m’Agya, me Nyankopɔn, ne M’adamfo.’ Abodin afoforo pii nso wɔ hɔ a wubetumi de afrɛ Yehowa. Nanso woadwen ho pɛn sɛ ɔyɛ Ofiewura a wubetumi akɔsoɛ ne nkyɛn anaa?

2 Ayɔnkofa a ɛda Yehowa ne n’asomfo anokwafo ntam no, Ɔhene Dawid de totoo ofiewura bi a ahɔho akɔsoɛ ne nkyɛn ho. Obisae sɛ: “O Yehowa, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?” (Dw. 15:1) Saa asɛm yi ma yehu sɛ yebetumi akɔsoɛ Yehowa anaa yebetumi ayɛ ne nnamfo. Wei kyerɛ sɛ Yehowa ahyɛ yɛn anuonyam paa!

YEHOWA PƐ SƐ YƐBƐSOƐ NE NTAMADAN MU

3. Hena na odii kan kɔsoɛɛ Yehowa, na sɛn na wɔn mu biara tee nka wɔ ne yɔnko ho?

3 Ansa na Yehowa rebɔ ade no, ɔno nko ara na na ɔwɔ hɔ. Eduu baabi no, ɔbɔɔ n’Abakan no, na ɔbɛkaa ne ho wɔ ne ntamadan mu. Ná ɛyɛ Yehowa dɛ paa sɛ ne Ba no abɛsoɛ no. Bible ma yehu sɛ na Yehowa ‘pɛ ne Ba no asɛm yiye.’ Ne Ba a ɔno ne ɔhɔho a odi kan yi nso ‘ani gyee Yehowa anim daa.’—Mmeb. 8:30.

4. Sɛn na Yehowa trɛw ne ntamadan no mu nkakrankakra?

4 Ɛno akyi no, Yehowa bɔɔ abɔfo maa wɔn nso bɛsoɛɛ ne ntamadan mu. Bible frɛ abɔfo no “Onyankopɔn mma,” na ɛka wɔn ho asɛm sɛ ɛyɛ wɔn dɛ paa sɛ wɔne Yehowa te. (Hiob 38:7; Dan. 7:10) Wɔn a na wɔne Onyankopɔn wɔ soro hɔ no, mfe pii twaam a na wɔn nko ara na na wɔyɛ ne nnamfo. Akyiri yi, ɔtrɛw ne ntamadan no mu baa asaase so, na nnipa nso bɛsoɛɛ mu bi. Wɔn a wɔnyaa hokwan bɛsoɛɛ mu no, wɔn mu bi ne Enok, Noa, Abraham, ne Hiob. Bible frɛ saa asomfo anokwafo no Onyankopɔn nnamfo, anaa wɔn a wɔne “nokware Nyankopɔn no nantewee.”—Gen. 5:24; 6:9; Hiob 29:4; Yes. 41:8.

5. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 37:​26, 27 no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

5 Efi tete besi nnɛ, Yehowa akɔ so ato nsa afrɛ ne nnamfo sɛ wɔmmɛsoɛ ne ntamadan mu. (Kenkan Hesekiel 37:​26, 27.) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Hesekiel nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ Onyankopɔn pɛ paa sɛ ɔne n’asomfo anokwafo nya ayɔnkofa a emu yɛ den. Wahyɛ bɔ sɛ ‘ɔne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam.’ Saa nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ bere bi bɛba a, wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro ne wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no, wɔbɛka abom sɛ “kuw baako” wɔ ne ntamadan mu. (Yoh. 10:16) Saa bere no ni!

BAABI A YƐWƆ BIARA ONYANKOPƆN HWƐ YƐN KAMA

6. Dɛn na obi yɛ a ɛbɛma wabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu, na ɛhe na yebehu ne ntamadan no?

6 Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ na nkurɔfo si ntamadan da mu anaa wɔhome wom. Afei nso na ɛbɔ wɔn ho ban fi awia, nsu, ahum ne nea ɛkeka ho ho. Sɛ obi kɔsoɛ ntamadan a ɛte saa mu a, na ɔhwɛ kwan sɛ ofiewura anaa nea ntamadan no yɛ ne dea no bɛhwɛ no kama. Sɛ yehyira yɛn ho so ma Yehowa a, na yɛabɛsoɛ ne ntamadan mu. (Dw. 61:4) Yenya honhom fam aduan pii di. Afei nso, afoforo a wɔn nso abɛsoɛ Yehowa ntamadan mu no, yɛne wɔn fa adamfo denneennen. Yehowa ntamadan no nni faako. Ebia wokɔɔ nhyiam bi wɔ ɔman foforo so, na wukohyiaa afoforo a wɔn nso ani agye sɛ wɔabɛsoɛ Onyankopɔn ntamadan mu. Baabiara a Onyankopɔn asomfo anokwafo wɔ no, ne ntamadan no bi wɔ hɔ.—Adi. 21:3.

7. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ anokwafo a wɔawuwu no da so ara wɔ Yehowa ntamadan mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

7 Anokwafo a wɔawuwu no nso ɛ? Wohwɛ a, yebetumi aka paa sɛ wɔda so ara wɔ Yehowa ntamadan mu anaa? Yiw! Adɛn nti na yebetumi aka saa? Efisɛ Yehowa ani so de, wɔn nyinaa te ase. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Mose mpo daa no adi sɛ awufo bɛsɔre, efisɛ nwura no ho asɛm no mu no, ɔfrɛɛ Yehowa sɛ ‘Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’ Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de, efisɛ n’ani so de, wɔn nyinaa te ase.”—Luka 20:​37, 38.

Onuawa bi a ne mfe akɔ anim rehwɛ album mu na ɔresere.

Anokwafo a wɔawuwu no mpo, yebetumi aka sɛ wɔda so ara wɔ Onyankopɔn ntamadan mu (Hwɛ nkyekyɛm 7)


MFASO A YENYA NE ADWUMA A ƐWƆ HO

8. Sɛ yɛwɔ Yehowa ntamadan mu a, mfaso bɛn na yenya?

8 Yehowa ntamadan no bɔ n’asomfo ho ban na biribiara ansɛe ayɔnkofa a ɛda wɔne ne ntam no. Afei nso, ɛma wɔnya daakye ho anidaso papa bi. Sɛ yɛbata Yehowa ho bere nyinaa, na Satan tu n’ani si yɛn so sɛ dɛn mpo a, ɔrentumi nyɛ yɛn hwee. (Dw. 31:23; 1 Yoh. 3:8) Wiase foforo no mu nso, Yehowa bɛkɔ so abɔ n’asomfo anokwafo ho ban na biribiara ansɛe wɔne ne ntam, na obeyi owu nso afi hɔ.—Adi. 21:4.

9. Sɛn na Yehowa pɛ sɛ wɔn a wɔabɛsoɛ ne ntamadan mu no bɔ wɔn bra?

9 Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yɛabɛsoɛ Yehowa ntamadan mu, na yɛne no anya ayɔnkofa a emu yɛ den daa. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so tena ne ntamadan no mu a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra? Sɛ obi to nsa frɛ wo ba ne fie a, yegye di sɛ wobɛpɛ sɛ woyɛ nea ɛsɔ n’ani. Ebia ɔbɛhwɛ kwan sɛ wobɛworɔw wo mpaboa ansa na woawura mu, na wubefi wo pɛ mu ayɛ saa. Yɛn nso, yɛpɛ sɛ yɛkɔ so tena Yehowa ntamadan mu, enti yɛpɛ sɛ yehu nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ ‘yɛbɛsɔ n’ani.’ (Kol. 1:10) Afei nso, ɛwom sɛ Yehowa yɛ yɛn adamfo, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɔsan yɛ yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya, na ɔfata sɛ yɛde obu ma no. (Dw. 25:14) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ yɛde nidi bɛma no bere nyinaa. Obu a ɛte saa bɛboa yɛn ma yɛakwati nneyɛe biara a okyi. Yɛpɛ paa sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase’ ne yɛn Nyankopɔn nantew.—Mika 6:8.

YEHOWA NE OBIARA DII NO YIYE WƆ SARE NO SO

10-11. Sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii wɔ Sinai sare no so no, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ ɔnyɛ nyiyim?

10 Yehowa ne obiara a wabɛsoɛ ne ntamadan mu no di no yiye. (Rom. 2:11) Sɛ yɛhwɛ sɛnea ɔne Israelfo no dii wɔ Sinai sare no so a, ɛma yehu sɛ ɔnyɛ nyiyim ampa.

11 Bere a Yehowa gyee ne nkurɔfo fii Egypt nkoasom mu akyi no, ɔpaw asɔfo sɛ wɔnsom wɔ ɔsom ntamadan no mu. Ɔde ntamadan kronkron no ho adwuma no bi hyehyɛɛ Lewifo no nsa. Wɔn a na wɔsom wɔ ntamadan no mu anaa wɔn a na wɔte bɛn ntamadan no, wohwɛ a na Yehowa hwɛ wɔn yiye sen wɔn a wɔaka no anaa? Daabi! Yehowa nyɛ nyiyim.

12. Bere a Israelfo no nam sare no so no, nhyehyɛe bɛn na Yehowa yɛe a ɛma yehu sɛ ɔnyɛ nyiyim? (Exodus 40:38) (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Sɛ Israelni bi som wɔ ɔsom ntamadan no mu oo, sɛ ɔnsom wɔ mu oo, sɛ ɔte bɛn ntamadan no oo, sɛ ɔnte mmɛn oo, na wɔn mu biara betumi ne Yehowa afa adamfo. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, omununkum dum ne ogya dum a na ɛwɔ ɔsom ntamadan no atifi no, Yehowa hwɛ hui sɛ Israel man no mufo nyinaa behu. (Kenkan Exodus 40:38.) Sɛ omununkum no de n’ani kyerɛ baabi foforo a, na wɔn a wɔnte mmɛn ntamadan no koraa mpo tumi hu. Ɛba saa a, obiara boaboa ne nneɛma ano, otutu ne ntamadan na ɔne ɔman no bom kɔ. (Num. 9:​15-23) Ná wɔwɔ ntorobɛnto mmienu bi a sɛ wɔhyɛn a na ɛma obiara hu sɛ bere aso sɛ wɔtu; sɛ wɔhyɛn ntorobɛnto yi a, na obiara te. (Num. 10:2) Wei ma yehu pefee sɛ, te a na obi te bɛn ɔsom ntamadan no ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ ɔne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den sen wɔn a wɔaka no. Mmom, na Israelni biara betumi afa Yehowa adamfo na wanya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma no akwankyerɛ na wabɔ ne ho ban. Ɛnnɛ nso, ɛmfa ho baabi a yɛte wɔ asaase so no, Yehowa beyi ne dɔ adi akyerɛ yɛn, ɔbɛhwɛ yɛn so, na wabɔ yɛn ho ban.

Israelfo no abɛsoɛ sare no so, na ɔsom ntamadan no wɔ wɔn mfinimfini. Sɛ obi wɔ wim a, sei na obehu no. Omununkum dum no wɔ ntamadan no atifi. Mfoni a ɛka ho: 1. Kɔbere sɛn a esi ɔsom ntamadan no anim no, ɔsɔfo bi rehwie nsu agu mu, na wuhu omununkum dum no wɔ ntamadan no atifi hɔ. Wohwɛ saa mfoni no ase a, wubehu sɛ ntamadan no wɔ hɔ ketekete. 2. Abusua bi gyina wɔn ntamadan no ano, na wɔhu omununkum dum no wɔ akyirikyiri. Wohwɛ saa mfoni no benkum so a, wubehu sɛ wɔn ntamadan no wɔ hɔ ketekete.

Ɔsom ntamadan a na ɛwɔ asoɛe no mfinimfini no yɛ adanse a na ɛkyerɛ sɛ Yehowa nyɛ nyiyim (Hwɛ nkyekyɛm 12)


ƐNNƐ NSO, YEHOWA NE OBIARA DI NO YIYE

13. Ɛnnɛ, akwan a Yehowa fa so kyerɛ sɛ ɔnyɛ nyiyim no, baako ne sɛn?

13 Ɛnnɛ, anuanom binom te bɛn wiase nyinaa adwumayɛbea ti anaa Betel a ɛwɔ wɔn man mu. Ebinom nso yɛ adwuma wɔ saa mmeae yi. Wei nti, wɔtumi ne anuanom a edi nneɛma anim no bɔ tee. Ebinom nso yɛ amansin so ahwɛfo, asɛmpatrɛwfo ne nea ɛkeka ho. Yɛrekasa yi, ebia nnipa kakraa bi a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no bi no, wonka ho, nanso nya awerɛhyem sɛ Yehowa asomfo a wɔabɛsoɛ ne ntamadan mu nyinaa, ɔdɔ wɔn. Afei nso, ɔhwɛ wɔn mu biara. (1 Pet. 5:7) Onyankopɔn ma n’asomfo nyinaa honhom fam aduan, ɔma wɔn akwankyerɛ na ɔbɔ wɔn ho ban.

14. Nhwɛso foforo bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa nyɛ nyiyim?

14 Nhwɛso foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nyɛ nyiyim ne sɛ, wahwɛ ahu sɛ obiara a ɔwɔ wiase a ɔrepɛ Bible no bi akenkan no, ne nsa betumi aka bi. Kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no ne, Hebri, Aram ne Greek. Wɔn a wɔtumi kan kasa a wɔdii kan de kyerɛw Bible no, wohwɛ a wɔne Yehowa ayɔnkofa mu yɛ den sen wɔn a wɔntumi nkan no anaa? Ɛnte saa koraa!—Mat. 11:25.

15. Adanse bɛn bio na ɛkyerɛ sɛ Yehowa nyɛ nyiyim? (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Sɛ obi te kasa a wɔde kyerɛw Bible no, anaa wakɔ sukuu adu akyiri a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ Yehowa bɛma onii no abɛsoɛ ne ntamadan mu. Ɛnyɛ wɔn a wɔakɔ sukuu adu akyiri nko ara na Yehowa ma wɔnya ne ho nimdeɛ, na mmom nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa; sɛ wɔn nhomasua te sɛn oo, sɛ ɛte sɛn oo, wɔbetumi asua Yehowa ho ade. Wɔakyerɛ n’Asɛm Bible no ase kɔ kasa mpempem pii mu, enti nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa betumi anya so mfaso na wɔasua sɛnea wɔbɛfa Yehowa adamfo.—2 Tim. 3:​16, 17.

Mfoni: 1. Ɔbarima bi rehwɛ Bible no a wɔakyerɛ ase kɔ mum kasa mu wɔ ne tablɛt so. 2. Ɔbea bi a ne mfe akɔ anim a ɔwɔ n’akuraa ase rekenkan Bible no a wɔatintim wɔ ne kasa mu.

Bible no a obiara betumi anya bi akan no, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyim? (Hwɛ nkyekyɛm 15)


MFI YEHOWA NTAMADAN NO MU DA

16. Sɛnea Asomafo Nnwuma 10:​34, 35 kyerɛ no, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so atena Yehowa ntamadan no mu?

16 Ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ Yehowa, yɛn Fiewura no, agye yɛn aba ne ntamadan mu. N’ayamye, ne dɔ ne n’ahɔhoyɛ de, adutwam. Afei nso, ɔnyɛ nyiyim efisɛ sɛ wowɔ he oo, wufi he oo, wo nhomasua te sɛn oo, wufi ɔman anaa abusua bɛn mu oo, woadi mfe sɛn oo, woyɛ ɔbea oo, woyɛ ɔbarima oo, ogye yɛn nyinaa awaawaa atuu. Nanso wɔn a wɔsuro no na wɔyɛ nea ɔpɛ nko ara na wɔbetumi asoɛ ne ntamadan mu.—Kenkan Asomafo Nnwuma 10:​34, 35.

17. Ɛhefa bio na yebenya nsɛm a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so atena Yehowa ntamadan mu?

17 Yɛhwɛ Dwom 15:1 a, Dawid bisaa nsɛm a edidi so yi: “O Yehowa, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?” Yehowa maa Dawid no ara buaa saa nsɛmmisa no. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nneɛma pɔtee bi a ɛwɔ Dwom 15 a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛakɔ so atena Yehowa ntamadan mu.

WUBEBUA SƐN?

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ paa sɛ ɔfa yɛn adamfo?

  • Sɛn na Yehowa pɛ sɛ wɔn a wɔabɛsoɛ ne ntamadan mu no bɔ wɔn bra?

  • Sɛnea Yehowa nyɛ nyiyim no, ɛboa yɛn sɛn?

DWOM 32 Gyina Yehowa Afã!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena