BIBLE MU ASƐM BI
Wowɔ Gyidi Anaa?
Ɛsɛ sɛ yenya gyidi ansa na yɛatumi asɔ Yehowa ani. Nanso Bible ka sɛ, “ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ gyidi.” (2 Tes. 3:2) Bere a Paul kaa saa asɛm no, “amumɔyɛfo ne abɔnefo” a na wɔretan n’ani no, wɔn ho asɛm na na ɔreka. Nanso gyidi ho asɛm a ɔkae no, ɛnyɛ saa nkurɔfo no nko ara na ɛfa wɔn ho. Adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ no, ebinom mpɛ sɛ wɔbegye atom. (Rom. 1:20) Ebia ebinom bɛka sɛ wɔgye di sɛ obi wɔ hɔ a ɔwɔ tumi paa. Nanso sɛ obi wɔ saa gyidi no a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ obetumi asɔ Onyankopɔn ani.
Ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa wɔ hɔ, na wɔn a wɔwɔ ne mu gyidi no, ‘ɔyɛ wɔn katuafo.’ (Heb. 11:6) Gyidi ka su ahorow a ɛka bom yɛ honhom no aba no ho. Sɛ obi pɛ sɛ onya honhom kronkron no a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ Yehowa mpae. (Luka 11:9, 10, 13) Ade foforo nso a ɛbɛboa yɛn paa ma yɛanya honhom kronkron ne sɛ, yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no. Afei yebetumi adwinnwen nea yɛakenkan no ho, na yɛabɔ mmɔden de ayɛ adwuma. Yɛyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa honhom akyerɛ yɛn kwan, na yɛabɔ yɛn bra sɛ wɔn a wɔwɔ gyidi.