ADESUA ASƐM 34
DWOM 107 Ɔdɔ Ho Nhwɛso
Sɛnea Mpanyimfo Da Ɔdɔ Ne Mmɔborɔhunu Adi Kyerɛ Wɔn a Wɔayɛ Bɔne
“Onyankopɔn ayamye nti, ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wunya adwensakra.”—ROM. 2:4.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Ɔkwan a mpanyimfo no fa so boa obi a wayɛ bɔne kɛse wɔ asafo no mu.
1. Wɔn a wɔyɛ bɔne kɛse no, dɛn na wɔn mu bi tumi yɛ?
ADESUA a edi wei anim mu no, yehui sɛ ɔbarima bi yɛɛ bɔne kɛse bi wɔ Korinto asafo no mu, ɛnna yehuu nea ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ asafo no sɛ wɔnyɛ wɔ ho. Onipa a ɔyɛɛ saa bɔne no, wansakra n’adwene, enti wɔyii no fii asafo no mu. Nanso, sɛnea kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no kyerɛ no, wɔn a wɔayɛ bɔne kɛse no bi wɔ hɔ a, wɔtumi sakra wɔn adwene. (Rom. 2:4) Ɛnde, dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de aboa wɔn ama wɔanya adwensakra?
2-3. Sɛ yehu sɛ yɛn nua Kristoni bi ayɛ bɔne kɛse a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?
2 Sɛ obi yɛ bɔne kɛse na ɛmmɛtɔɔ mpanyimfo no anim a, wɔrentumi mmoa no. Enti sɛ yehu sɛ yɛn nua Kristoni bi ayɛ bɔne kɛse a ebetumi ama wɔayi no afi asafo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran sɛ ɔmfa nkɔto mpanyimfo no anim na wɔmmoa no.—Yes. 1:18; Aso. 20:28; 1 Pet. 5:2.
3 Sɛ onipa a wayɛ bɔne no yɛ n’adwene sɛ ɔrenkɔka nkyerɛ mpanyimfo no nso ɛ? Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yɛkɔbɔ mpanyimfo no amanneɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a mmoa a nipa no hia no, ne nsa bɛka. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ ɔdɔ, efisɛ yɛmpɛ sɛ yɛhwere yɛn nua no. Yenim sɛ, sɛ ɔkɔ so tena bɔne no mu a, ɛbɛsɛe ayɔnkofa a ɛda ɔne Yehowa ntam no koraa. Ne bɔne no nso betumi asɛe asafo no din. Enti ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne onipa a wayɛ bɔne no nti, ɛsɛ sɛ yenya akokoduru na yɛka kyerɛ mpanyimfo no.—Dw. 27:14.
SƐNEA MPANYIMFO NO BOA OBI A WAYƐ BƆNE KƐSE
4. Sɛ mpanyimfo no hyia obi a wayɛ bɔne kɛse a, wɔn botae ne sɛn?
4 Sɛ obi yɛ bɔne kɛse wɔ asafo no mu a, mpanyimfo kuw no paw boayikuw a emufo yɛ mpanyimfo mmiɛnsa a wɔfata ma wɔhyia no.a Mpanyimfo a wɔbɛpaw wɔn no, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Ɛwom, wɔn botae ne sɛ wɔbɛboa onipa a wayɛ bɔne no ama wasakra n’adwene, nanso wɔnim sɛ, wɔrentumi nhyɛ obi sɛ ɔnsesa. (Deut. 30:19) Ɔhene Dawid maa kwan ma wɔboaa no ma ɔsakrae. Nanso mpanyimfo no nim sɛ, wɔn a wɔayɛ bɔne no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na sɛ woyɛ sɛ woreboa wɔn a wɔbɛyɛ wɔn ade te sɛ Ɔhene Dawid. (2 Sam. 12:13) Wɔn mu bi tumi yɛ wɔn adwene sɛ, wɔremfa Yehowa afotu nyɛ adwuma. (Gen. 4:6-8) Ne nyinaa mu no, mpanyimfo no botae ne sɛ wɔbɛboa nea wayɛ bɔne no nkakrankakra ama wasakra n’adwene. Sɛ mpanyimfo no hyia onipa a wayɛ bɔne no a, Bible nnyinasosɛm bɛn na wɔma ɛtena wɔn tirim?
5. Sɛ mpanyimfo ne obi a wayɛ bɔne hyia a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn tirim? (2 Timoteo 2:24-26) (Hwɛ mfoni no nso.)
5 Onipa a wayɛ bɔne no, mpanyimfo no hu no sɛ ɔyɛ oguan a ɔsom bo paa, mmom yera na wayera. (Luka 15:4, 6) Enti sɛ wɔhyia no a, wɔrempoopoo wɔn ani nkyerɛ no, wɔrenteatea no, na wɔrenkeka nsɛm a ɛyɛ yaw nkyerɛ no. Mmom, sɛnea 2 Timoteo 2:24-26 kyerɛ no, wɔde odwo bɛkasa akyerɛ no, na wɔayɛ no brɛbrɛ. (Kenkan.) Afei nso, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wɔbebisabisa no nsɛm ama wayi ano kɛkɛ, mmom wɔbenya abotare aboa no nkakrankakra ama wasakra n’adwene.
Mpanyimfo no te sɛ nguanhwɛfo a na ɛwɔ hɔ tete no. Sɛ nguan no bi yera a, wɔbɔ mmɔden hwehwɛ no (Hwɛ nkyekyɛm 5)
6. Ansa na mpanyimfo no bɛkɔ akohyia obi a wayɛ bɔne no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na wɔanya Yehowa adwene? (Romafo 2:4)
6 Mpanyimfo no di kan hwɛ hu sɛ wɔwɔ Yehowa adwene ansa na wɔakohyia onipa no. Wɔbesuasua sɛnea Yehowa ne abɔnefo di no, na wɔne nea wayɛ bɔne no adi no yiye. Wɔbɛma asɛm a Paul kae yi atena wɔn tirim: “Onyankopɔn ayamye nti, ɔpɛ sɛ ɔboa wo ma wunya adwensakra.” (Kenkan Romafo 2:4.) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no kae sɛ wɔyɛ nguanhwɛfo a wɔhyɛ Kristo ase, na Kristo akwankyerɛ na wɔde yɛ adwuma. (Yes. 11:3, 4; Mat. 18:18-20) Ansa na boayikuw no behyia onipa a wayɛ bɔne no, wɔbɛbɔ mpae asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn mma botae a enti wɔrekohyia onipa no ntena wɔn tirim: ɛne sɛ wɔbɛboa no ama wasakra n’adwene. Afei wɔbɛyɛ nhwehwɛmu wɔ Bible ne asafo nhoma mu, na wɔabɔ mpae sɛ Yehowa mma wɔn nhumu. Ɛsɛ sɛ wɔbisa wɔn ho sɛ, onipa no ho nsɛm bɛn anaa n’asetenam nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wɔhu. Ebia saa nneɛma no bi na ɛtwetwee no kɔɔ bɔne mu.—Mmeb. 20:5.
7-8. Sɛ mpanyimfo no hyia obi a wayɛ bɔne a, wɔbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa abotare?
7 Mpanyimfo no suasua Yehowa abotare. Sɛnea Yehowa nyaa abɔnefo ho abotare tete mmere mu no, mpanyimfo no bɛma atena wɔn tirim. Yɛhwɛ Kain sei a, Yehowa nyaa abotare ne no kasae. Ɔma ohui sɛ, sɛ ɔkɔyɛ bɔne a, nsunsuanso a ɛde bɛba nye, nanso sɛ ɔsakra n’adwene na ɔyɛ papa a, obenya nhyira. (Gen. 4:6, 7) Yɛnhwɛ Dawid nso. Yehowa maa odiyifo Natan kotuu no fo. Natan kɔe no, ɔde mfatoho kamakama bi kaa asɛm no ma ɛkaa ɔhene no koma. (2 Sam. 12:1-7) Israelfo a na wɔaman afi Yehowa kwan so no, wɔn nso Yehowa ‘kɔɔ so somaa’ n’adiyifo kɔɔ wɔn nkyɛn “mpɛn pii.” (Yer. 7:24, 25) Yehowa antena hɔ antwɛn sɛ ne nkurɔfo no bɛsakra wɔn adwene ansa na waboa wɔn. Mmom, wɔda so ara reyɛ bɔne no, ɔno mmom srɛɛ wɔn sɛ wɔnsesa wɔn akwan.
8 Sɛ asafo mu mpanyimfo reboa obi a wayɛ bɔne kɛse a, wɔsuasua Yehowa. Enti wɔde afotu a ɛwɔ 2 Timoteo 4:2 no yɛ adwuma; wɔnya nipa no ho “abotare.” Ɔpanyin a ɔwɔ nnipa ho abotare no, ɔhyɛ ne ho so bere nyinaa, na ɔto ne bo ase boa ɔbɔnefo no ma ɔyɛ adepa. Sɛ ɔpanyin no ma ne bo fuw anaa ɔma ɔbɔnefo no ho yɛ no ahi a, ebetumi ama ɔbɔnefo no apirim ne koma, na anhwɛ koraa a ɛbɛto no hintidua.
9-10. Dɛn na mpanyimfo no betumi ayɛ na ama onipa no ahu sɛ nea wayɛ no yɛ bɔne?
9 Mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbehu nea ɛyɛe a onipa no kɔyɛɛ bɔne. Wɔbetumi asusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: Dɛn na ɔyɛe a ɛtwee no fii Yehowa ho nkakrankakra? Ná ɔntaa nsua ade, anaa na ɔntaa nkɔ asɛnka? Ná ɔntaa mmɔ Yehowa mpae, na ɔbɛbɔ mpo a, na emfi ne komam? Ná ɔsosɔ akɔnnɔ bɔne so? Ɔfaa nnamfo bɔne anaa? Anaa ɔde nneɛma a ɛmfata gyigyee n’ani? Sɛn na nnamfo a ɔfae anaa nneɛma a ɔde gyigyee n’ani no asɛe n’adwene ne ne koma? Nneɛma a wayɛ no, onim sɛ ahaw n’Agya Yehowa anaa?
10 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bisa nsɛm a ɛbɛma nea wayɛ bɔne no aka ne koma mu nsɛm na wadwen nneɛma ho akɔ akyiri. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔfeefee ne nsɛm mu boro so, anaa wɔbisabisa nsɛm bi a ɛho nhia. (Mmeb. 20:5) Afei nso, mpanyimfo no betumi de mfatoho aboa nipa no ama wahu sɛ nea wayɛ no yɛ bɔne. Saa kwan no na Natan faa so boaa Dawid. Ebetumi aba sɛ, da a edi kan a mpanyimfo no ne onipa no behyia no, obenu ne ho wɔ nea wayɛ no ho, na ɛbɛyɛ no yaw sɛ ɔfaa saa kwan no so. Ebi mpo a, ɔbɛsakra n’adwene.
11. Sɛn na Yesu ne abɔnefo dii?
11 Mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbesuasua Yesu. Bere a Yesu nyan kɔɔ soro a na ɔpɛ sɛ ɔboa Saul a ofi Tarso no, obisaa Saul asɛm bi a ɛma odwen kɔɔ akyiri. Obisaa no sɛ: “Saul, Saul, adɛn nti na woretan m’ani?” Ɛha yi, Yesu boaa no ma odwen hui sɛ nea na ɔreyɛ no nye. (Aso. 9:3-6) Saa ara na Yesu yɛɛ “saa ɔbea Yesebel no” nso. Yesu kaa sɛ: “Memaa no bere sɛ ɔmfa nsakra.”—Adi. 2:20, 21.
12-13. Onipa a wayɛ bɔne no, sɛn na mpanyimfo no betumi ama no bere ama wasakra? (Hwɛ mfoni no nso.)
12 Mpanyimfo no suasua Yesu, enti wɔnka sɛ, onipa yi de, ɔrentumi nsakra. Obi wɔ hɔ a, da a edi kan a ɔne boayikuw no behyia no, ɔbɛsakra n’adwene. Obi nso de, ebia ebegye bere kakra. Obi a ɔte saa no, mpanyimfo no betumi asi gyinae sɛ wɔbehyia no aboro baako. Ebetumi aba sɛ, sɛ mpanyimfo no hyia no bere a edi kan a, akyiri yi obedwen nea mpanyimfo no kae no ho ahu sɛ wanyɛ no yiye. Ebi mpo a, ogu so redwinnwen ho no, ɔbɛbrɛ ne ho ase abɔ Yehowa mpae asrɛ no sɛ ɔmfa ne bɔne nkyɛ no. (Dw. 32:5; 38:18) Enti sɛ mpanyimfo no san hyia no a, ebia wɔbehu sɛ afei de ɔrete nsɛm ase.
13 Sɛ mpanyimfo no betumi aboa obi a wayɛ bɔne ama wasakra a, ɛsɛ sɛ wɔda ayamye adi na wɔnya ayamhyehye. Wɔn mpaebɔ nyinaa ne sɛ, mmɔden biara a wɔbɛbɔ no, Yehowa behyira so, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wafom kwan no adwene bɛba ne ho so na wasakra.—2 Tim. 2:25, 26.
Sɛ obi yɛ bɔne a, mpanyimfo no betumi ahyia no aboro baako, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛma no bere ama wasakra n’adwene (Hwɛ nkyekyɛm 12)
14. Sɛ ɔbɔnefo sakra a, hena na ɛho ayeyi kɔ ma no, na adɛn ntia?
14 Sɛ obi a wayɛ bɔne sakra n’adwene a, ɛyɛ anigyesɛm! (Luka 15:7, 10) Hena na ɛho aseda kɔ ma no? Ɛyɛ mpanyimfo no anaa? Kae nea Paul ka faa abɔnefo ho no: “Ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakra.” (2 Tim. 2:25) Enti sɛ onipa no nya adwensakra na ɔsesa ne suban a, ɛho ayeyi no, ɛnyɛ onipa biara dea. Ɛyɛ Yehowa dea, efisɛ ne nsa nnim a, anka onipa no antumi ansakra. Paul amfa anso hɔ ara. Ɔma yehuu mfaso foforo a adwensakra de ba. Ɛne sɛ, ɛboa ɔbɔnefo no ma onya nokware no ho nimdeɛ a edi mu, kyerɛ sɛ, ɛma ɔbɛte nokware no ase yiye paa. Ɛsan boa no ma n’ani ba ne ho so, na ɛma otumi gye ne ho fi Satan mfiri mu.—2Ti 2:26.
15. Sɛ obi a wayɛ bɔne sakra a, dɛn na mpanyimfo no bɛkɔ so ayɛ de aboa no?
15 Sɛ onipa a ɔyɛɛ bɔne no sakra a, mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe a wɔde bɛsrasra no. Wɔyɛ saa a, ɛbɛboa onii no ama wanya ahoɔden de ako atia Satan na ne mfiri no anyi no. Afei nso ɛbɛma watenetene n’akwan. (Heb. 12:12, 13) Nneɛma a ɔbɔnefo no ayɛ no, yenim sɛ mpanyimfo no remmɔ so nkyerɛ obiara. Nanso biribi wɔ hɔ a ebia ebehia sɛ asafo no te ho asɛm. Ɛyɛ dɛn?
“KASA KYERƐ WƆN ANIBERE SO WƆ WƆN A WƆWƆ HƆ NYINAA ANIM”
16. “Wɔn a wɔwɔ hɔ” a Paul kaa wɔn ho asɛm wɔ 1 Timoteo 5:20 no, ɛyɛ henanom?
16 Kenkan 1 Timoteo 5:20. Saa asɛm yi, Paul a na ɔyɛ asafo mu panyin no kyerɛw kɔmaa Timoteo. Saa bere no, na Timoteo nso yɛ asafo mu panyin, na na Paul rekyerɛ no sɛnea ɔbɛboa “wɔn a wɔte bɔne mu no.” Wohwɛ a, nea na Paul reka ne sɛ, onipa a wayɛ bɔne no, wɔnka n’anim wɔ asafo no nyinaa anim anaa? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ saa. “Wɔn a wɔwɔ hɔ” a Paul kae no, ɛyɛ nnipa kakraa bi a ebia wɔnim bɔne a onipa no ayɛ no. Ebetumi aba sɛ wɔde wɔn ani hui. Ebi nso a, onii no ankasa na ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Enti saa nkurɔfo no, mpanyimfo no bɛfrɛ wɔn nko ara aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔanya onii no kasakyerɛ, na wɔagye no asi yiye anaa wɔaboa no.
17. Bɔne a onipa no ayɛ no, sɛ asafo no mufo dodow no ara ate ho asɛm, anaa akyiri yi ɛbɛda adi ama obiara ahu a, nkaebɔ bɛn na mpanyimfo no bɛma, na adɛn nti na wɔbɛma saa nkaebɔ no?
17 Ɛtɔ da a, bɔne a onipa no ayɛ no, wobɛhwɛ na asafo no mufo dodow no ara ate ho asɛm, anaa akyiri yi ɛbɛda adi ama obiara ahu. Sɛ saa na asɛm no te de a, ɛnde “wɔn a wɔwɔ hɔ” no begyina hɔ ama asafo no mufo nyinaa. Ɛba saa a, asafo mu panyin baako bɛbɔ asafo no amanneɛ sɛ wɔaka onua anaa onuawa asomasi anim. Adɛn nti na ɔde saa nkaebɔ no bɛto asafo no anim? Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: Ɛbɛyɛ “kɔkɔbɔ ama wɔn a aka no,” na wɔankɔyɛ bɔne.
18. Sɛ abofra a wabɔ asu yɛ bɔne a, sɛn na mpanyimfo no bedi ho dwuma? (Hwɛ mfoni no nso.)
18 Mmofra a wɔabɔ asu a wɔnnii mfe 18 nso ɛ? Sɛ wɔyɛ bɔne kɛse a, yɛbɛka ho asɛm sɛn? Mpanyimfo kuw no beyi mpanyimfo mmienu ama wɔakohyia abofra no ne n’awofo a wɔyɛ Kristofo, anaa onua a ɔhwɛ saa abofra no. Mpanyimfo no bebisa awofo no ahwɛ nea wɔayɛ de reboa abofra no ama wasakra n’adwene. Sɛ mpanyimfo mmienu no hu sɛ abofra no nsenee ne kɔn, na mmom wabrɛ ne ho ase de n’awofo afotu reyɛ adwuma a, wɔbetumi asi gyinae sɛ wɔbɛma asɛm no aso hɔ ara. Ade yi, awofo na Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa sɛ, wɔmfi ɔdɔ mu ntene wɔn mma so. (Deut. 6:6, 7; Mmeb. 6:20; 22:6; Efe. 6:2-4) Ɛwom ara a, mpanyimfo no bebisa awofo no ahwɛ sɛ, wɔgu so ara reboa wɔn ba no anaa. Nanso yɛmfa no sɛ abofra no ayɛ n’adwene sɛ ɔrensakra; bɔne mu ara na ɔbɛtena. Ɛno nso, yɛbɛyɛ no dɛn? Mpanyimfo no bɛpaw boayikuw ma wɔahyia abofra no ne n’awofo a wɔyɛ Kristofo, anaa onua a ɔhwɛ saa abofra no.
Sɛ abofra yɛ bɔne kɛse a, mpanyimfo mmienu behyia abofra no ne n’awofo a wɔyɛ Kristofo, anaa onua a ɔhwɛ saa abofra no (Hwɛ nkyekyɛm 18)
“YEHOWA WƆ AYAMHYEHYE NE MMƆBORƆHUNU”
19. Sɛ asafo mu mpanyimfo reboa obi a wayɛ bɔne a, dɛn na wɔyɛ de suasua Yehowa?
19 Sɛ obi yɛ bɔne wɔ asafo no mu a, boayikuw a ehyia no no, Yehowa hwɛ kwan sɛ wɔbɛbɔ asafo no ho ban na nea wayɛ bɔne no amfa ne bɔne no angu asafo no ho fi. (1 Kor. 5:7) Nanso, sɛ ɔbɔnefo no ma kwan a, wɔyɛ nea wɔbetumi biara boa no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsakra. Enti bere a wɔreboa ɔbɔnefo no nyinaa, wɔn anidaso ne sɛ ɛbɛyɛ yiye. Adɛn ntia? Efisɛ wɔpɛ sɛ wɔsuasua Yehowa a ‘ɔwɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu’ no. (Yak. 5:11) Saa na ɔsomafo Yohane yɛe. Wo de, hwɛ asɛm a ɔkae yi: “Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom abrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Nanso ɛba sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni Yesu Kristo.”—1 Yoh. 2:1.
20. Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua a edi hɔ no mu?
20 Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, ɛnyɛ Kristofo a wɔyɛ bɔne kɛse no nyinaa na wɔsakra wɔn adwene. Sɛ obi yɛ bɔne kɛse na wansakra a, ɛsɛ sɛ wɔyi no fi asafo no mu. Sɛn na mpanyimfo no di nsɛm a ɛtete saa ho dwuma? Yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua a edi hɔ no mu.
DWOM 103 Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde
a Kan no, sɛ obi yɛ bɔne a, mpanyimfo a ehyia no no, na yɛfrɛ wɔn asɛnni boayikuw. Nanso adwuma a wɔyɛ no, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wɔbedi nipa no asɛm anaa wɔbebu no atɛn. Wɔyɛ nneɛma foforo nso ka ho. Wei nti seesei, yɛremfrɛ wɔn asɛnni boayikuw bio.