Enti Nnipa Betumi Ayi Ɔko Afi Wiase?
Ɛnyɛ ade baako na ɛma nkurɔfo ko. Nea ɛkɔfa ɔko ba no bi ne sɛ, ebinom wɔ hɔ a, wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ nsakrae ba wɔn amammu ne wɔn sikasɛm mu anaa wɔte nka sɛ wɔresisi wɔn. Ebinom nso ko de pere nsaase ne emu nneɛma. Sɛ wantwiwantwi bɛda mmusuakuw bi anaa nyamesom akuw bi ntam na ɛtena hɔ kyɛ a, ɛno nso tumi kɔfa ɔko ba. Dɛn na nnipa reyɛ ama akokoakoko agyae na asomdwoe aba? Nea nnipa rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ no, ɛbɛyɛ yiye anaa?
Drazen_/E+ via Getty Images
SIKASƐM MU MPƆNTU
Nea esi wɔn ani so: Wɔpɛ sɛ nneɛma kɔ yiye wɔ nkurɔfo abrabɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebinom renni hia buruburoo bere a ebinom nso anya wɔn ho sei tam, efisɛ nneɛma a etumi kɔfa ɔko ba no, baako no no.
Nea ɛma ne yɛ yɛ den: Sɛ wei bɛyɛ yiye a, gye sɛ nneɛma a aban ahorow de sika hyɛ mu kɛse no, wɔtetew so de yɛ nneɛma foforo. Afe 2022 mu sei, wɔbu akontaa sɛ, sika dodow a wɔde yɛɛ mpɔntu nnwuma wɔ wiase nyinaa no si dɔla ɔpepepem 34.1. Nanso saa afe no ara, sika a wɔsɛee no wɔ ɔko ho nneɛma ho no, ɛyɛ nea wɔde hyɛɛ mpɔntu nnwuma mu no mmɔho 250.
“Ɛka a yɛbɔ wɔ nneɛma a ɛde asomdwoe ba ho no, ennu ɛka a yɛbɔ de siesie ɔhaw a ɔko kɔfa ba no koraa.”—António Guterres, Amanaman Nkabom kyerɛwfo panyin.
Nea Bible aka: Aban ne akuw ahorow betumi aboa ahiafo, nanso ohia a ɛde ohia de, wɔrentumi ntu ase da.—Deuteronomium 15:11; Mateo 26:11.
NSƐMNSƐM A WƆSI HO NKONGUA
Nea esi wɔn ani so: Sɛ mente-me-ho-ase ba akuw bi ntam a, wɔpɛ sɛ wɔtena ase siesie ma obiara bo dwo.
Nea ɛma ne yɛ yɛ den: Ɛtɔ da a, na akuw no bi mpɛ sɛ wɔbɛtena ase aka asɛm no. Ebinom nso de, wɔnnim gyae ma ɛnka anaa wɔyɛ twann. Sɛ wɔte ase yɛ nhyehyɛe no wie mpo a, wɔtaa bu so.
“Ɛnyɛ bere nyinaa na wɔsi nkongua a, ɛde asomdwoe ba. Nhyehyɛe bi wɔ hɔ a, sɛ wɔamfa wɔn nsa anhyɛ ase koraa a anka eye, efisɛ ebewie ase no na akɔfa ntɔkwaw foforo mmom na aba.”—Raymond F. Smith, American Diplomacy.
Nea Bible aka: Ɛsɛ sɛ nnipa “hwehwɛ asomdwoe.” (Dwom 34:14) Nanso Bible kaa sɛ, “wobedi nkurɔfo huammɔ, . . . nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, . . . wobeyi nkurɔfo ama.” Ɛnnɛ saa na nnipa pii te. (2 Timoteo 3:1-4) Subammɔne a ɛte saa nti, sɛ nsɛmnsɛm sɔre wɔ akuw bi ntam na amanyɔfo a wɔwɔ adwempa mpo pɛ sɛ wɔsiesie a, ɛma no yɛ den.
NNEƐMA A WƆDE DI AKO A WƆBƐYI AFI HƆ
Nea esi wɔn ani so: Nneɛma a wɔde di ako, nkanka nea edi awu paa no, ebi wɔ hɔ a, wɔpɛ sɛ wɔyi fi hɔ, ebi nso, wɔpɛ sɛ wɔtetew so.
Nea ɛma ne yɛ yɛ den: Aman pii wɔ hɔ a, wɔmpɛ sɛ wɔbɛtow nneɛma a wɔde di ako no agu, efisɛ ɛyɛ a wɔte nka sɛ, ɛba saa a wɔrennya nea wɔde bɛbɔ wɔn ho ban anaa ɛremma aman foforo nsuro wɔn. Sɛ wɔtow saa nneɛma no gu koraa a, ɛrentumi ntu nea ɛkɔfa ɔko ba no ase.
“Bere a America ne Soviet Union ntam apereperedi no baa awiei no, nhyehyɛe a wɔyɛe sɛ wɔbegyae nneɛma akɛse a wɔde di ako no yɛ no, bebree wɔ hɔ a wɔanni so. Nhyehyɛe no bi ne sɛ, wɔkaa sɛ wɔde nneɛma bi begu akwan mu de abɔ nnipa ho ban, wɔbɛtew wantwiwantwi a ɛwɔ aman ntam no so, na wɔahwɛ ama nkakrankakra asomdwoe aba wiase baabiara.”—“Securing Our Common Future: An Agenda for Disarmament.”
Nea Bible aka: Ɛsɛ sɛ nnipa tow nneɛma a wɔde di ako no gu, na ‘wɔde wɔn asekan a wɔde kɔ ɔko yɛ nsɔw.’ (Yesaia 2:4, ase hɔ asɛm.) Nanso ɛno nko ara nnɔɔso, efisɛ atirimɔdensɛm fi ase fi nnipa koma mu.—Mateo 15:19.
AMAN A WƆAKA ABOM SƐ WƆDE AHOBAMMƆ BƐBA
Nea esi wɔn ani so: Aman bi aka wɔn ho abom, na nea wɔpɛ ne sɛ, sɛ ɔman foforo bi bɛka wɔn mu baako ntɔkwaw a, na wɔn a aka no abetwitwa agye no. Adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ, sɛ ɔman bi redwen ho sɛ ɔbɛtow ahyɛ ɔman foforo so, na ɔhwɛ aman dodow a wɔbetumi aka wɔn ho abom aba ne so a, ɛbɛbɔ ne hu ama wagyae.
Nea ɛma ne yɛ yɛ den: Ahunahuna saa no remfa asomdwoe mma. Aman no hyɛ bɔ a, wɔntaa nni so. Afei nso, sɛ ɔman bi kɔtow hyɛ wɔn mu bi so a, sɛ ɛbɛyɛ a wɔbetu ho anammɔn mpo, na ayɛ den.
“Botae a na esi Amanaman Apam no ani so ne sɛ ɛbɛka aman abom ama asomdwoe aba wɔn ntam. Saa botae no ara na wɔgyinaa so de hyehyɛɛ Amanaman Nkabom No Mmara, nanso emu biara antumi annu ne botae ho.”—“Encyclopedia Britannica.”
Nea Bible aka: Nkabom taa de nkonimdi ba. (Ɔsɛnkafo 4:12) Nanso, sɛ yɛde yɛn ani to nnipa nhyehyɛe so sɛ ɛmma yɛn asomdwoe ne ahobammɔ a edi mu a, yɛn nsa besi fam. “Mommfa mo ho nnto ɔdehye anaa onipa ba so, efisɛ ɔrentumi nnye obiara nkwa. Ne honhom fi ne mu, na ɔsan kɔ dɔte mu; da no ara, ne nsusuwii yera.”—Dwom 146:3, 4.
Nnipa ayɛ ara sɛ wɔbɛma yɛanya asomdwoe a edi mu, nanso ɔko da so ara reteetee yɛn