Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 March kr. 2-7
  • Ntwentwɛn Wo Nan Ase Sɛ Wobɛbɔ Asu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ntwentwɛn Wo Nan Ase Sɛ Wobɛbɔ Asu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SAMARIAFO NO BƆƆ ASU
  • SAUL A OFI TARSO BƆƆ ASU
  • KORNELIO BƆƆ ASU
  • KORINTOFO NO BƆƆ ASU
  • WO GYIDI BETUMI ATUTU MMEPƆW
  • W’asubɔ Akyi No, Kɔ So Ara Di Yesu Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Woayɛ Krado Sɛ Wubehyira Wo Ho So Ama Yehowa Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 March kr. 2-7

ADESUA ASƐM 9

DWOM 51 Yɛahyira Yɛn Ho So Ama Onyankopɔn!

Ntwentwɛn Wo Nan Ase Sɛ Wobɛbɔ Asu

“Adɛn na woretwentwɛn wo nan ase? Sɔre, ma wɔmmɔ wo asu.”—ASO. 22:16.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ wopɛ sɛ wunya nkɔso bɔ asu a, yɛbɛhwɛ sɛnea Samariafo, Saul a ofi Tarso, Kornelio, ne Korintofo no nhwɛso no betumi aboa wo.

1. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɔ asu?

YEGYE di sɛ wodɔ Yehowa, efisɛ nkwa ne biribiara a wowɔ no, ɔno na ɔde maa wo. Ɛnde, dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wodɔ no? Ade titiriw a wubetumi ayɛ ne sɛ wubehyira wo ho so ama no na woabɔ asu. Woyɛ saa a, ɛbɛma woabɛka Yehowa abusua no ho. Afei nso, ɔbɛba abɛyɛ w’Agya ne w’Adamfo, na esiane sɛ woyɛ ne dea nti, ɔbɛkyerɛ wo kwan na wahwɛ wo. (Dw. 73:24; Yes. 43:​1, 2) Ahosohyira ne asubɔ nso boa wo ma wunya anidaso sɛ wubetumi atena ase daa.—1 Pet. 3:21.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Biribi resiw wo kwan sɛ wobɛbɔ asua anaa? Sɛ saa a, ɛnde hu sɛ ɛnyɛ wo nko ara. Nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ wo yɛɛ nsakrae wɔ wɔn asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfata ama asubɔ. Seesei, wɔde anigye ne ahokeka resom Yehowa. Ebinom a wɔbɔɔ asu wɔ asomafo no bere so no, dɛn na wubetumi asua afi wɔn hɔ? Yɛnhwɛ akwanside a wɔhyiae, ne nea yebetumi asua afi wɔn hɔ.

SAMARIAFO NO BƆƆ ASU

3. Akwanside ahorow a ɛbɛyɛ sɛ Samariafo no bi dii so ansa na wɔrebɔ asu no, ebi ne sɛn?

3 Ná Samariafo no yɛ nyamesom kuw bi a na ɛwɔ hɔ wɔ Yesu bere so. Ná wɔn mu dodow no ara tete mmeae bi a ɛbemmɛn Sekem ne Samaria a ɛwɔ Yudea atifi fam. Ansa na Samariafo no rebɔ asu no, na ehia sɛ wɔnya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ a ɛkɔ akyiri. Na wɔgye di sɛ Bible mu nhoma nnum a edi kan, kyerɛ sɛ, efi Genesis kosi Deuteronomium, ne ebia Yosua nhoma no, ɛno na efi Onyankopɔn hɔ. Ne nyinaa mu no, esiane ɛbɔ a na Onyankopɔn ahyɛ wɔ Deuteronomium 18:​18, 19 no nti, na Samariafo no rehwɛ Mesia no kwan. (Yoh. 4:25) Sɛ na wɔbɛfata sɛ wɔbɔ wɔn asu a, na ɛsɛ sɛ wɔgye di sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Nokwasɛm ne sɛ “Samariafo . . . no mu pii” gyee Yesu dii. (Yoh. 4:39) Ɔtanhunu a na akɔ so mfe pii wɔ Samariafo ne Yudafo ntam no, wɔn mu bi wɔ hɔ a, na ɛsɛ sɛ wɔdi so.—Luka 9:​52-54.

4. Sɛnea Asomafo Nnwuma 8:​5, 6, 14 kyerɛ no, asɛmpa a Filipo kae no, sɛn na Samariafo no mu bi yɛɛ wɔn ade wɔ ho?

4 Dɛn na ɛboaa Samariafo no ma wɔbɔɔ asu? Bere a ɔsɛmpakafo Filipo “kaa Kristo ho asɛm” kyerɛɛ Samariafo no, wɔn mu bi ‘gyee Onyankopɔn asɛm no.’ (Kenkan Asomafo Nnwuma 8:​5, 6, 14.) Ɛwom sɛ na Filipo yɛ Yudani, nanso wɔtiee no. Ɛbɛyɛ sɛ wɔkaee Kyerɛwnsɛm a ɛka sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyim no. (Deut. 10:​17-19) Nea ɛwom ne sɛ, wɔyɛɛ aso ‘tiee nsɛm a Filipo ka’ faa Kristo ho no, na wɔhuu adanse a ɛkyerɛ pefee sɛ Onyankopɔn ka Filipo ho. Afei nso, Filipo yɛɛ anwanwade bebree; ebi ne sɛ ɔsaa ayarefo yare na otuu ahonhommɔne.—Aso. 8:7.

5. Dɛn na wubetumi asua afi Samariafo no hɔ?

5 Esiane sɛ na Filipo yɛ Yudani na asɛm a ɔreka akyerɛ Samariafo no, na wɔntee da nti, anka wɔbetumi aka sɛ wɔrentie. Nanso wɔanyɛ saa. Bere a Samariafo no hui sɛ nea Filipo rekyerɛkyerɛ wɔn no yɛ nokware no, wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ asu. Bible no ka sɛ: “Bere a wogyee Filipo a ɔreka Onyankopɔn Ahenni ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu, mmarima ne mmea nyinaa.” (Aso. 8:12) Wugye di sɛ Bible no yɛ nokware? Wugye di sɛ Yehowa Adansefo nyɛ nyiyim, na wɔda ɔdɔ kann adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛnea Yesu kaa sɛ n’akyidifo bɛyɛ no? (Yoh. 13:35) Ɛnde, si w’adwene pi sɛ wobɛbɔ asu, na nya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wo.

6. Sɛn na Ruben nhwɛso no betumi aboa wo?

6 Ruben fi Germany, na n’abusuafo yɛ Yehowa Adansefo. Nanso ɔyɛ aberantewaa no, na n’adwene nsi no pi sɛ Yehowa wɔ hɔ. Dɛn na ɛboaa no ma otumi sii n’adwene pi? Ohui sɛ onni Yehowa ho nimdeɛ pii, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ obesua ne ho ade akɔ akyiri. Ɔkaa sɛ: “Misuaa ade sɛnea ɛbɛyɛ a mehu Yehowa ho nokwasɛm. Misuaa adannandi ho ade mpɛn pii.” Nhoma a yɛato din, Is There a Creator Who Cares About You? no, ɔkenkanee. Saa nhoma no boaa Ruben paa ma ɔhyɛɛ ne gyidi den. Ɔkaa sɛ: ‘Afei na mahu sɛ Yehowa wɔ hɔ ampa!’ Afei nso Ruben kɔɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti kɔhwɛɛ hɔ. Bere a ohui sɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa yɛ baako no, ɛmaa anisɔ a ɔwɔ ma Yehowa asafo no yɛɛ kɛse. Bere a ɔsan kɔɔ Germany no, ɔbɔɔ asu bere a na wadi mfe 17. Nea woasua afa Onyankopɔn ne Bible no ho no, sɛ w’adwenem yɛ wo naa wɔ ho a, yɛ nhwehwɛmu wɔn yɛn nhoma ahorow mu. Sɛ yenya “nokware nimdeɛ” a, ebeyi adwenem naayɛ biara a yɛwɔ afi hɔ. (Efe. 4:​13, 14) Ɔdɔ a Yehowa nkurɔfo a ɛwɔ aman ahorow so yi no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho, ne baakoyɛ a ɛwɔ wɔn mu no, sɛ wote ho asɛm a, ɛma ɔdɔ a wowɔ ma anuanom a ɛwɔ wiase nyinaa no yɛ kɛse. Afei nso, sɛ wuhu ɔdɔ ne baakoyɛ a ɛte saa wɔ wo ara w’asafo mu nso a, ɛma anisɔ a wowɔ ma Yehowa ahyehyɛde no yɛ kɛse.

SAUL A OFI TARSO BƆƆ ASU

7. Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Saul tene n’adwene?

7 Momma yɛnhwɛ Saul a ofi Tarso no. Ɔkɔɔ n’anim wɔ Yudasom mu, na na waben wɔ Yudafo mmara mu. (Gal. 1:​13, 14; Filip. 3:5) Saa bere no, na Yudafo pii bu Kristofo no sɛ wɔyɛ awaefo, enti Saul tan wɔn ani denneennen. Odii mfomso susuwii sɛ na ɔreyɛ Onyankopɔn apɛde. (Aso. 8:3; 9:​1, 2; 26:​9-11) Sɛ Saul begye Yesu di na ɔbɔ asu bɛyɛ Kristoni a, na ɛsɛ sɛ ɔno nso hu sɛ nkurɔfo bɛtan n’ani denneennen.

8. (a) Dɛn na ɛboaa Saul ma ɔbɔɔ asu? (b) Sɛnea Asomafo Nnwuma 22:​12-16 ma yehu no, sɛn na Anania boaa Saul? (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Dɛn na ɛboaa Saul ma ɔbɔɔ asu? Bere a Awurade Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no yii ne ho adi kyerɛɛ Saul no, ɔmaa n’ani furae. (Aso. 9:​3-9) Nnansa twaam a wannidi, na ɛda adi sɛ nea ɛtoo no no, ɔde kɔɔ adwinnwen mu. Nokwasɛm ne sɛ, Saul begye dii sɛ Yesu ne Mesia no, Kristosom na ɛyɛ nokware. Ɛbɛyɛ sɛ pene a Saul penee so ma wɔkum Stefano no, odii ho yaw paa! (Aso. 22:20) Nnansa akyi no, osuani bi a ne din de Anania kɔɔ Saul nkyɛn, ɔma ɔsan huu ade bio, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ asu ntɛm ara. (Kenkan Asomafo Nnwuma 22:​12-16.) Saul brɛɛ ne ho ase maa Anania boaa no, na ɔsesaa n’akwan.—Aso. 9:​17, 18.

Saul asi nsu bi mu a wɔrebɛbɔ no asu. Nnipa kakra gyina hɔ a wɔrehwɛ, na wɔn ani agye.

Sɛnea Saul yɛe no, wo nso sɛ obi hyɛ wo nkuran sɛ bɔ asu a, wubetie anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 8)


9. Dɛn na wubetumi asua afi Saul hɔ?

9 Yebetumi asua nneɛma pii afi Saul hɔ. Anka obetumi ama ahantan anaa nnipa ho suro asiw ne kwan sɛ ɔbɛbɔ asu. Nanso wanyɛ saa. Bere a Saul gyee Kristo dii no, ɔbrɛɛ ne ho ase sesaa n’akwan. (Aso. 26:​14, 19) Ná Saul asi ne bo sɛ ɔbɛba abɛyɛ Kristoni ɛmfa ho mpo sɛ na onim sɛ nkurɔfo bɛtan n’ani no. (Aso. 9:​15, 16; 20:​22, 23) N’asubɔ akyi no, ɔkɔɔ so de ne ho too Yehowa so sɛ ɔmmoa no mma onnyina sɔhwɛ biara a obehyia ano. (2 Kor. 4:​7-10) Sɛ wobɔ asu bɛyɛ Yehowa Danseni a, ebia wubehyia wo gyidi ho sɔhwɛ, nanso Yehowa bɛboa wo. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ne Kristo bɛtaa w’akyi da biara da.—Filip. 4:13.

10. Dɛn na wubetumi asua afi Anna suahu no mu?

10 Wɔtetee Anna wɔ Europe Apuei. Ne maame bɔɔ asu akyi no, ne papa maa no kwan sɛ obetumi asua Bible; saa bere no na wadi mfe 9. Nanso n’abusua santen mufo bo annwo so koraa efisɛ na wɔne Anna ne n’awofo nyinaa te fie baako mu. Ná n’abusuafo hu no sɛ, sɛ obi gyae asɔre a ne nananom akɔ fi teteete kɔ asɔre foforo a, na wagu abusua no anim ase. Bere a odii mfe 12 no, ɔka kyerɛɛ ne papa sɛ ɔmma no kwan ma ɔnkɔbɔ asu. Ná papa no pɛ sɛ ohu sɛ ɔno ara na ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu anaa obi na ɔrepiapia no. Anna kaa sɛ, “Medɔ Yehowa.” Ne papa penee so sɛ obetumi akɔbɔ asu. N’asubɔ akyi no, fɛwdi ne ateetee de, na ɔfa no kwa. Ne busuani baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ wobɛyɛ Yehowa Danseni paa de, ɛnde anka kobu brabɔne na nom sigaret mmom.” Ɛyɛɛ dɛn na Anna tumi gyinaa weinom nyinaa ano? Ɔkaa sɛ, “Yehowa hyɛɛ me den, na me papa ne me maame nso gyinaa m’akyi paa.” Bere biara a Anna behu Yehowa nsa wɔ n’asetenam no, ɔkyerɛw to hɔ. Ɛwom ara na wakɔhwɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a ne werɛ remfi ɔkwan a Yehowa afa so aboa no. Sɛ wusuro sɛ nkurɔfo bɛtan w’ani a, kae sɛ Yehowa bɛboa wo.—Heb. 13:6.

KORNELIO BƆƆ ASU

11. Dɛn na anka ebetumi ama Kornelio atwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ asu?

11 Yebetumi asua biribi afi Kornelio nso hɔ. Ná ɔyɛ “ɔha so panyin,” kyerɛ sɛ na Roma asraafo bɛyɛ 100 hyɛ n’ase. (Aso. 10:​1, ase hɔ asɛm.) Enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ nipa titiriw wɔ baabi a na ɔte no, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ dibea kɛse wɔ sraadi adwuma no mu. Ɔyɛɛ “nkurɔfo adɔe pii.” (Aso. 10:2) Yehowa somaa ɔsomafo Petro ma ɔkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ no. Wohwɛ a, dibea a na Kornelio wɔ nti, ɔtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ asu anaa?

12. Dɛn na ɛboaa Kornelio ma ɔbɔɔ asu?

12 Dɛn na ɛboaa Kornelio ma ɔbɔɔ asu? Bible ka sɛ “na ɔne ne fifo nyinaa suro Onyankopɔn.” Afei nso, na ɔde nkotosrɛ kɔ Onyankopɔn anim daa. (Aso. 10:2) Bere a Petro kaa asɛmpa no kyerɛɛ Kornelio no, ɔne n’abusua gyee Kristo dii, na ntɛm ara wɔbɔɔ asu. (Aso. 10:​47, 48) Ɛda adi sɛ na Kornelio ayɛ krado sɛ nsakrae biara a ehia sɛ ɔyɛ no, ɔbɛyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ne n’abusua abom asom Yehowa.—Yos. 24:15; Aso. 10:​24, 33.

13. Dɛn na wubetumi asua afi Kornelio hɔ?

13 Sɛnea anka hokwan a na Saul wɔ betumi asiw no kwan no, Kornelio nso, anka obetumi ama dibea a na ɔwɔ asiw no kwan sɛ ɔbɛba abɛyɛ Kristoni. Nanso wamma ɛno ansiw no kwan. Wo nso ɛ? Wohwɛ w’abrabɔ mu a, wuhu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nsakrae akɛse bi ansa na woabɔ asu anaa? Sɛ saa a, Yehowa bɛboa wo. Sɛ woasi wo bo sɛ wode Bible mu afotu bɛbɔ wo bra sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi asom no a, ɛnde obehyira wo.

14. Dɛn na wubetumi asua afi Tsuyoshi suahu no mu?

14 Tsuyoshi fi Japan. Adwuma a na ɔyɛ no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ mu nsakrae ansa na watumi abɔ asu. Ná ɔyɛ adwuma wɔ sukuu bi mu; wɔkyerɛ sɛnea wɔhyehyɛ nhwiren. Ɔno na na ɔyɛ sukuu no panyin abadiakyiri. Sɛ ayi bi ba a, sukuu panyin no na ɔkɔhyehyɛ nhwiren, na Buddahfo amammerɛ a wɔyɛ wɔ hɔ no, ɔde ne ho hyem bi. Nanso sɛ onni hɔ a, Tsuyoshi na na esi n’anan. Bere a Tsuyoshi suaa owu ho nokwasɛm no, obehui sɛ saa amammerɛ yi besiw n’asubɔ ho kwan. Enti osii gyinae sɛ ɔremfa ne ho nhyɛ saa amammerɛ no mu bio. (2 Kor. 6:​15, 16) Tsuyoshi kaa ho asɛm kyerɛɛ sukuu panyin no. Ekosii sɛn? Ne ho a ɔde hyehyɛ saa amammerɛ no mu no, ogyaee, nanso n’adwuma no amfi ne nsa. Bere a ofii ase suaa Bible no, bɛyɛ afe baako akyi na ɔbɔɔ asu.a Sɛ ehia sɛ woyɛ nsakrae wɔ adwuma a woyɛ mu na woatumi asɔ Onyankopɔn ani a, nya awerɛhyem sɛ ɔbɛma wo ne w’abusua nsa aka nea muhia.—Dw. 127:2; Mat. 6:33.

KORINTOFO NO BƆƆ ASU

15. Dɛn na anka ebetumi asiw Korintofo no kwan sɛ wɔbɛbɔ asu?

15 Ná ahonyade akyi di ne ɔbrafĩ adi tete Korintofo no ti, enti na wɔn mu pii abrabɔ nsɔ Onyankopɔn ani. Ɛda adi sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn wɔ hɔ a, na ɛbɛyɛ den ama no paa. Nanso bere a ɔsomafo Paul kɔkaa Kristo ho asɛmpa wɔ kurow no mu no, “Korintofo a wɔtee no mu pii fii ase gye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu.” (Aso. 18:​7-11) Ɛno akyi no, Awurade Yesu Kristo yii ne ho adi kyerɛɛ Paul wɔ anisoadehu mu, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mewɔ nnipa pii wɔ kurow yi mu.” Enti Paul kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ hɔ afe baako ne fã.

16. Akwanside ahorow a na esiw Korintofo no bi asubɔ ho kwan no, dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔtumi dii so? (2 Korintofo 10:​4, 5)

16 Dɛn na ɛboaa Korintofo no ma wɔbɔɔ asu? (Kenkan 2 Korintofo 10:​4, 5.) Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron no boaa wɔn ma wɔyɛɛ nsakrae akɛseakɛse wɔ wɔn asetenam. (Heb. 4:12) Korintofo a wɔgyee Kristo ho asɛmpa no toom no, subammɔne te sɛ asabow, korɔnobɔ, ne mmarima a wɔne mmarima da no, wɔtumi gyaee.—1 Kor. 6:​9-11.b

17. Dɛn na wubetumi asua afi Korintofo no hɔ?

17 Ɛwom sɛ na subammɔne adidi Korintofo no bi mu, nanso hyɛ no nsow sɛ wɔanka sɛ ɛbɛyɛ den dodo sɛ wɔbɛyɛ nsakrae abɛyɛ Kristofo. Wɔyeree wɔn ho paa sɛ wɔbɛfa ɔkwan ketewa a ɛkɔ daa nkwa mu no so. (Mat. 7:​13, 14) Woreko tia subammɔne bi denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi abɔ asu anaa? Sɛ saa a, mpa abaw! Srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron mmoa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wo kɔn rennɔ bɔne.

18. Dɛn na wubetumi asua afi Monika suahu no mu?

18 Monika fi Georgia; ɔyeree ne ho gyaee kasafĩ, na ɔtwee ne ho fii anigyede a ɛmfata ho sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi abɔ asu. Ɔka sɛ: “Bere a na meyɛ ababaa no, mpaebɔ na na ɛboa me paa. Ná Yehowa nim sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea ɛtene, enti na ɔboa me kyerɛ me kwan bere nyinaa.” Monika dii mfe 16 no na ɔbɔɔ asu. Wohwɛ a, suban bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wugyae na woatumi asom Yehowa yiye anaa? Kɔ so ara srɛ no sɛ ɔmmoa wo na woatumi ayɛ nsakrae biara a ehia. Yehowa yi ne yam de ne honhom kronkron ma obiara a obisa no.—Yoh. 3:34.

WO GYIDI BETUMI ATUTU MMEPƆW

19. Akwanside a ɛte sɛ mmepɔw no, dɛn na ebetumi aboa wo ma woadi so? (Hwɛ mfoni no nso.)

19 Nya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wo, na ɔpɛ sɛ wobɛka n’abusua no ho. Sɛ biribi resiw wo kwan sɛ wobɛbɔ asu mpo a, kae sɛ Yehowa da so ara dɔ wo. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo bi sɛ: “Sɛ mowɔ gyidi a ne kɛse te sɛ sinapi aba a, mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ, ‘Tu fi ha kɔ noho,’ na ebetu, na biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yiye mma mo.” (Mat. 17:20) Wɔn a na Yesu reka saa asɛm no akyerɛ wɔn no, na wɔne Yesu anantew mfe kakraa bi pɛ, enti na wɔnhyɛ da nni gyidi saa. Nanso Yesu maa wɔn awerɛhyem sɛ, sɛ wɔma wɔn gyidi yɛ den a, akwanside a ɛte sɛ mmepɔw mpo, Yehowa bɛboa wɔn ama wɔatumi adi so. Enti wo nso, Yehowa bɛboa wo ma woayɛ saa ara!

Anuanom wɔ nhyiam ase a wɔn ani agye, na wɔrebɔ wɔn nsam ama anuanom bi a wɔabɔ asu awie a wɔretwam.

Nya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wo, na ɔpɛ sɛ wobɛka n’abusua no ho (Hwɛ nkyekyɛm 19)c


20. Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ adesua yi mu no, sɛn na wɔn suahu no akanyan wo?

20 Sɛ wuhu sɛ biribi resiw wo kwan sɛ wobɛbɔ asu a, ntenatena ho koraa; tu ho anammɔn ntɛm. Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no, ma wɔn suahu no nkyekye wo werɛ na ɛnhyɛ wo den. Ma wɔn nhwɛso no nhyɛ wo nkuran na ɛnkanyan wo na hyira wo ho so ma Yehowa na bɔ asu. Gyinaesi papa biara nni hɔ a ɛsen wei!

WUBEBUA SƐN?

  • Nea na esiw Samariafo no kwan sɛ wɔbɛbɔ asu ne sɛnea wɔdii so no, dɛn na wusua fi mu?

  • Nea na esiw Saul a ofi Tarso ne Kornelio kwan sɛ wɔbɛbɔ asu ne sɛnea wɔdii so no, dɛn na wusua fi mu?

  • Nea na esiw Korintofo no kwan sɛ wɔbɛbɔ asu ne sɛnea wɔdii so no, dɛn na wusua fi mu?

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

a Onua Tsuyoshi Fujii asetenam nsɛm baa August 8, 2005 Nyan! Borɔfo de no mu; ɛwɔ kratafa 20-23.

b Hwɛ video a yɛato din ‘Dɛn Na Ɛretwe W’asubɔ San?’ wɔ jw.org.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ebinom abɔ asu awie, na anuanom bi ani agye a wɔrebɔ wɔn nsam.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena