Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 March kr. 14-19
  • Suasua Nsi a Yesu De Kaa Asɛmpa No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suasua Nsi a Yesu De Kaa Asɛmpa No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƆMAA YEHOWA APƐDE A ƆBƐYƐ HO HIAA NO
  • ƆMAA BIBLE NKƆMHYƐ KYERƐƐ NO KWAN
  • ƆDE NE HO TOO YEHOWA SO SƐ ƆMMOA NO
  • ONYAA ANIDASO SƐ ƐNYƐ DƐN ARA A EBINOM BETIE
  • Sɛnea Wubenya Anigye Kɛse Wɔ Asɛnka Adwuma No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Ma Ɔdɔ Nkanyan Wo Na Kɔ So Ka Asɛmpa No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Brɛ Wo Ho Ase Gye Tom Sɛ Ɛnyɛ Biribiara Na Wunim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 March kr. 14-19

ADESUA ASƐM 11

DWOM 57 Yɛka Asɛmpa no Kyerɛ Nnipa Nyinaa

Suasua Nsi a Yesu De Kaa Asɛmpa No

‘Awurade somaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kurow biara ne baabiara a na ɔno ankasa rebɛkɔ no.’—LUKA 10:1.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Akwan nnan a wobɛfa so asuasua nsi a Yesu de yɛɛ asɛnka adwuma no.

1. Nsonsonoe bɛn na ɛda Yehowa asomfo ne wɔn a wɔn nso kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no ntam?

NSONSONOE baako a ɛda Yehowa asomfo ne atoro Kristofo ntam ne sɛ, Yehowa asomfo de nsia ka asɛmpa no. (Tito 2:14) Nanso ɛtɔ da a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wode ahokeka bɛka asɛmpa no. Ebia wo ne asafo mu panyin a ɔbɔ ne ho mmɔden yi bɛyɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Ɛtɔ da a, biribiara mpusuw me sɛ menkɔ asɛnka.”

2. Ɛtɔ da a, dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so de nsi aka asɛmpa no?

2 Ebia yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ nnwuma afoforo wɔ Yehowa som mu sen sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no. Adɛn ntia? Sɛ yesisi asafo adan ma anuanom, yɛboa yɛn nuanom a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akam, anaa yɛhyɛ yɛn nuanom nkuran a, yetumi hu no ntɛm ara sɛ wɔn ani agye, enti ɛma yɛte nka sɛ yɛayɛ biribi. Sɛ yɛne yɛn nuanom bom yɛ adwuma a, yehu sɛ asomdwoe ne ɔdɔ wɔ yɛn ntam, na yenim sɛ biribiara a yɛyɛ ma wɔn no, wɔn ani sɔ. Nanso ebia asaasesin a yɛyɛ mu adwuma no, yɛayɛ mu adwuma mfe pii nso yenhu hwee. Anaa ebia ebinom nso tetew wɔn ho gu yɛn so. Afei nso, yenim sɛ bere a wiase yi rekɔ n’awiei no, nnipa bebree besisiw wɔn aso wɔ asɛmpa no ho. (Mat. 10:22) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so de nsi aka asɛmpa no, na yɛayere yɛn ho ayɛ no kɛse mpo?

3. Mfatoho a ɛwɔ Luka 13:​6-9 no, sɛn na ɛma yehu nsi a Yesu de yɛɛ asɛnka adwuma no?

3 Sɛ yɛhwɛ Yesu a, yebetumi asua sɛnea yɛde nsi bɛyɛ asɛnka adwuma no. Bere a ɔwɔ asaase so no, nsi a na ɔde yɛ asɛnka adwuma no ankɔ fam da. Nokwasɛm ne sɛ, ade rekye a ade resa nyinaa na yere ara na ɔreyere ne ho. (Kenkan Luka 13:​6-9.) Mfatoho a Yesu mae no mu no, ɔkaa sɛ ɔbarima a ɔhwɛ bobefuw no so no, ɔde mfe mmiɛnsa yɛɛ borɔdɔma dua bi ho adwuma, nanso ansow aba da. Yesu nso de mfe mmiɛnsa kaa asɛmpa no kyerɛɛ Yudafo no, nanso wɔn mu dodow no ara buu nnua guu wɔn asom. Mfatoho no mu no, nea ɔhwɛ bobefuw no so no ampa abaw wɔ borɔdɔma dua no ho. Yesu nso, nnipa a ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no, wampa abaw wɔ wɔn ho. Mmom, ɔyeree ne ho paa sɛ ɔbɛka asɛmpa no ma aka wɔn koma.

4. Nneɛma nnan bɛn na yebetumi asua afi nea Yesu yɛe no mu?

4 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yesu de nsi kaa asɛmpa no, ɛnkanka aka abosome nsia ama wawie ne som adwuma no. Sɛ yesua sɛnea ɔkyerɛkyerɛe ne nea ɔyɛe a, ebetumi ama yɛakɔ so de nsi aka asɛmpa no. Momma yɛnhwɛ nneɛma nnan a yebetumi asua afi Yesu hɔ: (1) Yehowa apɛde na na ɛho hia no paa, (2) ɔmaa Bible nkɔmhyɛ kyerɛɛ no kwan, (3) ɔde ne ho too Yehowa so sɛ ɔmmoa no, (4) ná ɔwɔ anidaso sɛ ɛnyɛ dɛn ara a ebinom betie no.

ƆMAA YEHOWA APƐDE A ƆBƐYƐ HO HIAA NO

5. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ ho hia no paa?

5 Yesu de nsi kaa “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no,” efisɛ na onim sɛ ɛno ne adwuma a na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ. (Luka 4:43) Asɛnka adwuma no, ɛno na na ɛho hia Yesu paa wɔ n’asetenam. Aka kakra ma ɔde ne som adwuma no aba awiei no, otutuu “akwan kɔɔ nkurow mu ne nkuraa ase” kɔkyerɛkyerɛɛ afoforo. (Luka 13:22) Afei nso, ɔtetee asuafo bebree ma wɔn nso bɛkaa asɛmpa no bi.—Luka 10:1.

6. Ɛwom sɛ yɛyɛ nnwuma afoforo wɔ Yehowa som mu, nanso sɛn na ɛsɛ sɛ yebu asɛnka adwuma no? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Ɛnnɛ nso, asɛnka adwuma no ne adwuma titiriw a Yehowa ne Yesu pɛ sɛ yɛyɛ. (Mat. 24:14; 28:​19, 20) Adwuma biara a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, ɛne asɛnka adwuma no wɔ twaka bi. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yesisi asafo adan anaa yɛyɛ adwuma wɔ Betel de boa asɛnka adwuma no. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, yɛboa anuanom ma wɔn nsa ka nea wɔhia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi asan afi ase akɔ adesua ne asɛnka. Sɛ yehu sɛ asɛnka adwuma no ho hia paa, na yɛkae sɛ ɛno ne adwuma titiriw a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔ asɛnka daa. János yɛ asafo mu panyin wɔ Hungary. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a mekae me ho sɛ adwuma biara a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, yɛrentumi mfa nsesa asɛnka adwuma no. Ɛno ne yɛn adwuma titiriw.”

Mfoni: 1. Onua bi reboa ma wɔasi asafo dan bi. 2. Onua foforo nso yɛ adwuma wɔ fie de boa Betel. 3. Akyiri yi, anuanom mmienu yi abom reyɛ asɛnka adwuma no.

Ɛnnɛ, asɛnka adwuma no ne adwuma titiriw a Yehowa ne Yesu pɛ sɛ yɛyɛ (Hwɛ nkyekyɛm 6)


7. Adɛn nti na Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛm no? (1 Timoteo 2:​3, 4)

7 Sɛ yenya adwene a Yehowa wɔ wɔ nnipa ho no bi a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛde nsi aka asɛmpa no. Ɔpɛ sɛ nnipa pii te asɛmpa no na wɔbɛsom no. (Kenkan 1 Timoteo 2:​3, 4.) Esiane sɛ asɛmpa yi betumi agye nnipa nkwa nti, Yehowa tete yɛn ma yehu ɔkwan a etu mpɔn a yɛbɛfa so aka no. Sɛ yɛhwɛ Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo nhomawa no sei a, ɛma yɛn nyansahyɛ pii. Wei betumi aboa yɛn ma yɛne nkurɔfo afi nkɔmmɔbɔ ase, na yɛaboa wɔn ma wɔabɛyɛ asuafo. Sɛ nkurɔfo antu ho anammɔn nnɛ mpo a, ebia wɔbenya hokwan ayɛ saa ansa na ahohiahia kɛse no aba awiei. Nea yɛka kyerɛ wɔn nnɛ no, ebia ɛno na daakye ɛbɛkanyan wɔn ma wɔabɛsom Yehowa. Nanso sɛ ɛno bɛyɛ yiye a, gye sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no.

ƆMAA BIBLE NKƆMHYƐ KYERƐƐ NO KWAN

8. Bible nkɔmhyɛ bɛn na na Yesu nim, na sɛn na ɛboaa no ma ɔde ne bere dii dwuma yiye?

8 Ná Yesu nim sɛnea Bible nkɔmhyɛ bɛba mu. Ná onim sɛ ɔde mfe mmiɛnsa ne fã pɛ na ɛbɛyɛ ne som adwuma no. (Dan. 9:​26, 27) Bere a na obewu ne ɔkwan a na ɔbɛfa so awu nso, na onim ɛho nkɔmhyɛ. (Luka 18:​31-34) Nea na Yesu nim nti, ɛma ɔde ne bere dii dwuma yiye. Ɛno nti, ɔde nsi kaa asɛmpa no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi awie adwuma a na Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no.

9. Adɛn nti na Bible nkɔmhyɛ kanyan yɛn ma yɛde nsi ka asɛmpa no?

9 Sɛ yɛte Bible nkɔmhyɛ ase a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛde nsi aka asɛmpa no. Yenim sɛ ɛrenkyɛ na wiase yi aba n’awiei. Sɛnea nnipa abrabɔ bɛyɛ ne nsɛm a ebesisi wɔ awiei mmere yi mu no, Bible hyɛɛ ho nkɔm, na yehu sɛ abam. Bible hyɛɛ nkɔm sɛ “awiei bere no mu no,” anaafo fam hene ne atifi fam hene no bedi aperepere. Ɛnnɛ, yehu sɛ Anglo-Amerika Wiase Tumidi no ne Russia ne n’akyitaafo ama saa nkɔmhyɛ no abam. (Dan. 11:40) Afei nso, yenim sɛ ohoni no nan ase a Daniel 2:​43-45 ka ho asɛm no, egyina hɔ ma Anglo-Amerika Wiase Tumidi no. Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, yegye di paa sɛ, ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn Ahenni bɛba abɛsɛe nnipa aban nyinaa. Saa nkɔmhyɛ yi nyinaa ma yehu sɛ awiei no abɛn paa, enti ɛsɛ sɛ wei kanyan yɛn ma yɛde nsi ne ahokeka ka asɛmpa no.

10. Mfaso ahorow bɛn bio na ɛwɔ Bible nkɔmhyɛ so?

10 Afei nso, Bible nkɔmhyɛ boa yɛn ma yenya asɛm a yɛbɛka akyerɛ nkurɔfo. Carrie yɛ onuawa bi a ɔwɔ Dominican Republic. Ɔka sɛ: “Daakye papa bi a Yehowa ahyɛ ho bɔ no, ɛno na ɛkanyan me ma meka ho asɛm kyerɛ afoforo.” Ɔde ka ho sɛ: “Sɛ mihu nea nkurɔfo refa mu nnɛ a, ɛma mihu sɛ ɛbɔ a Yehowa ahyɛ no, ɛnyɛ me nko ara na ɛbɛboa me, na mmom ɛbɛboa wɔn nso.” Bio nso, Bible nkɔmhyɛ boa yɛn ma yehu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase, efisɛ yenim sɛ Yehowa na ɔtaa asɛnka adwuma no akyi. Onuawa Leila a ɔte Hungary no ka sɛ: “Wɔn a ɛyɛ me sɛ wɔrentie asɛmpa no mpo, Yesaia 11:​6-9 kanyan me ma meka bi kyerɛ wɔn. Minim sɛ Yehowa betumi aboa obiara ma wasakra.” Christopher nso yɛ onua a ɔte Zambia. Ɔka sɛ: “Sɛnea Marko 13:10 ka too hɔ no, yɛreka asɛmpa no wɔ wiase baabiara, na ɛyɛ me dɛ sɛ mereboa ama saa nkɔmhyɛ no aba mu.” Bible nkɔmhyɛ bɛn na ɛkanyan wo ma wokɔ so ka asɛmpa no?

ƆDE NE HO TOO YEHOWA SO SƐ ƆMMOA NO

11. Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesu de ne ho to Yehowa so sɛ ɔmmoa no na ama watumi akɔ so de nsi aka asɛmpa no? (Luka 12:​49, 53)

11 Yesu de ne ho too Yehowa so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛboa no ma wakɔ so de nsi aka asɛmpa no. Ɛwom sɛ Yesu ne nkurɔfo kasae wɔ obu so, nanso na onim sɛ Ahenni ho asɛmpa no bɛhyɛ ebinom abufuw na akɔfa ɔtan aba. (Kenkan Luka 12:​49, 53.) Asɛmpa no a Yesu kae nti, nyamesom akannifo no bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wɔbekum no. (Yoh. 8:59; 10:​31, 39) Nanso Yesu kɔɔ so kaa asɛm no, efisɛ na onim sɛ Yehowa ka ne ho. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ me nko ara na mewɔ hɔ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ka me ho. . . . Wannyaw me nko ara, efisɛ daa meyɛ nea ɛsɔ n’ani.”—Yoh. 8:​16, 29.

12. Dɛn na Yesu yɛe a ɛboaa n’asuafo no na sɛ nkurɔfo sɔre tia wɔn mpo a wɔakɔ so aka asɛmpa no?

12 Yesu kaee n’asuafo no sɛ wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran mpɛn pii sɛ, sɛ nkurɔfo sɔre tia wɔn mpo a, Yehowa bɛboa wɔn. (Mat. 10:​18-20; Luka 12:​11, 12) Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ anifere. (Mat. 10:16; Luka 10:3) Afei nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ otie asɛm no a, mma wɔnnhyɛ no. (Luka 10:​10, 11) Ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ nkurɔfo tan wɔn ani a, wɔnguan. (Mat. 10:23) Ɛwom, na Yesu mfa asɛnka adwuma no nni agorɔ, na na ɔwɔ Yehowa mu gyidi, nanso wamfa ne nkwa anto asiane mu.—Yoh. 11:​53, 54.

13. Adɛn nti na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo?

13 Ɛnnɛ asɛmpa no a yɛayere yɛn ho reka nti, nkurɔfo tan yɛn ani, enti yehia Yehowa mmoa. (Adi. 12:17) Adɛn nti na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wo? Hwɛ Yesu mpaebɔ a ɛwɔ Yohane ti 17 no. Yesu srɛɛ n’Agya sɛ ɔnhwɛ asomafo no so, na Yehowa nso buaa saa mpaebɔ no. Ɛmfa ho sɛ wɔhyiaa ɔsɔretia no, Asomafo Nnwuma no ma yehu sɛ Yehowa boaa wɔn ma wɔde nsi kaa asɛmpa no. Yesu mpaebɔ no mu no, ɔsan srɛɛ Yehowa sɛ, obiara a obegye asomafo no asɛm adi no, ɔnhwɛ no so. Woka saafo no ho. Yehowa da so ara rebua Yesu mpaebɔ no; sɛnea ɔboaa asomafo no, wo nso ɔbɛboa wo.—Yoh. 17:​11, 15, 20.

14. Yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi akɔ so de nsi aka asɛmpa no? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Bere a awiei no rebɛn no, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so de nsi aka asɛmpa no. Nanso mmoa biara a yehia no, Yesu de bɛma yɛn. (Luka 21:​12-15) Yesuasua Yesu ne n’asuafo no, enti yɛnhyɛ obiara sɛ ontie asɛm a yɛka no. Afei nso, yɛne wɔn nnye akyinnye. Aman bi so no, wɔmma anuanom kwan mma wɔnka asɛmpa no sɛnea wɔpɛ. Ɛhɔ mpo no, esiane sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so nti, ɔhyɛ wɔn den ma wɔka asɛmpa no. Asomafo no bere so no, Yehowa maa n’asomfo tumi ma wɔkaa asɛmpa no. Ɛnnɛ nso, ɔma yɛn tumi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi “ayɛ asɛnka adwuma no pɛpɛɛpɛ” ma asɔ n’ani. (2 Tim. 4:17) Wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wode wo ho to Yehowa so a, wubetumi akɔ so de nsi aka asɛmpa no.

Baabi a anuanom ntumi nka asɛmpa no sɛnea wɔpɛ mpo no, adawurubɔfo a wɔyɛ nsi fa anifere kwan so ka asɛmpa no (Hwɛ nkyekyɛm 14)b


ONYAA ANIDASO SƐ ƐNYƐ DƐN ARA A EBINOM BETIE

15. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ anidaso sɛ ebinom betie asɛmpa no?

15 Ná Yesu wɔ anidaso sɛ ebinom betie asɛmpa no. Ɛno boaa no ma ɔde anigye ne ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, afe 30 rekɔ n’awiei no, Yesu hui sɛ nnipa bebree pɛ sɛ wɔtie asɛmpa no, na ɔkaa sɛ wɔte sɛ nnɔbae a awo a ɛsɛ sɛ wɔtwa. (Yoh. 4:35) Bɛyɛ afe baako akyi no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Afuw no mu nnɔbae a ɛsɛ sɛ wotwa no dɔɔso.” (Mat. 9:​37, 38) Akyiri yi, ɔsan sii so dua sɛ: “Afuw no mu nnɔbae a ɛsɛ sɛ wotwa no dɔɔso . . . Monsrɛ afuw Wura no, na ɔnsoma adwumayɛfo mmetwa ne nnɔbae no bi.” (Luka 10:2) Yesu amma ne werɛ amfi da sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, ebinom betie asɛmpa no, na sɛ wɔtie nso a, na odi ahurusi.—Luka 10:21.

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu mfatoho ahorow no ma yehu sɛ anidaso wɔ hɔ sɛ nkurɔfo betie asɛmpa no? (Luka 13:​18-21) (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, nea asɛmpa no betumi ayɛ ama nkurɔfo no, ɛno na wɔmfa wɔn adwene nsi so. Wɔyɛ saa a, na ɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so de nsi aka asɛmpa no. Yɛmfa Yesu mfatoho mmienu nyɛ nhwɛso. (Kenkan Luka 13:​18-21.) Ɔde sinapi aba yɛɛ mfatoho de kyerɛe sɛ, Ahenni no ho asɛmpa no bɛtrɛw ntɛmntɛm, na biribiara rentumi nsiw no kwan. Afei nso, ɔde mmɔkaw yɛɛ mfatoho de kyerɛe sɛ Ahenni asɛmpa no bɛtrɛw, nanso nsakrae a ɛbɛma nkurɔfo ayɛ no, ebia yɛrenhu no ntɛm saa. Enti Yesu nam mfatoho mmienu yi so boaa n’asuafo no ma wɔhui sɛ, asɛmpa a na wɔreka no bɛsow aba ɔkwan biara so.

Anuanom mmea mmienu gyina trɔk a yɛde yɛ baguam adansedi ho wɔ baabi a nnipa pii retwam. Nnipa pii retwam a wɔnnyina nhwɛ trɔk no.

Sɛnea Yesu nyaa ahotoso sɛ ɛnyɛ dɛn ara ebinom betie asɛmpa no, yɛn nso yɛwɔ saa ahotoso no ara bi (Hwɛ nkyekyɛm 16)


17. Adɛn nti na yebetumi anya anidaso sɛ ɛnyɛ dɛn ara a nkurɔfo betie asɛmpa no?

17 Ɛnnɛ, sɛ yɛhwɛ sɛnea asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ wiase baabiara no a, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so de nsi ka asɛmpa no. Afe biara, nnipa mpempem pii ba Nkaedi no bi, na ɛno akyi no yɛne wɔn sua Bible. Nnipa mpempem pii bɔ asu, na wɔbɛka yɛn ho ma yɛyɛ asɛnka adwuma no. Yennim nnipa dodow a aka a ebia wɔbetie asɛmpa no na wɔabɛsom Yehowa, nanso yenim sɛ Yehowa reboaboa nnipakuw kɛse bi ano, na wɔbetwa ahohiahia kɛse no. (Adi. 7:​9, 14) Afuw Wura no wɔ ahotoso sɛ nnipa pii betie asɛm a yɛreka no, enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka asɛmpa no.

18. Dɛn na yɛpɛ sɛ afoforo hu fa yɛn ho?

18 Efi tete besi nnɛ, Yesu asuafo akɔ so de nsi aka asɛmpa no. Bere a nkurɔfo huu akokoduru, anigye ne ahokeka a asomafo no de ka asɛmpa no, “wohui sɛ na wɔka Yesu ho.” (Aso. 4:13) Yɛn nso, nsi ne ahokeka a Yesu de kaa asɛmpa no, yɛpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛ ɛno ara bi na yɛde reka asɛmpa no.

WUBEBUA SƐN?

  • Sɛnea Yesu de nsi yɛɛ asɛnka adwuma no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua?

  • Sɛnea Yesu de ne ho too Yehowa so no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua?

  • Sɛnea na Yesu wɔ anidaso sɛ ɛnyɛ dɛn ara nkurɔfo betie asɛmpa no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua?

DWOM 58 Yɛhwehwɛ Asomdwoe Nnipa

a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Adesua yi mu no, asɛmfua “nsi” kyerɛ anigye ne ahokeka a Kristofo de som Yehowa.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi afa anifere kwan so redi ɔbarima bi adanse wɔ pɛtro steehyin.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena