ADESUA HO NYANSAHYƐ
Nea Wusua No, Ka Bi Kyerɛ Afoforo
Sɛ yesua Bible a, ɛma yɛn ani gye, nanso sɛ yesua Bible nya akorade bi na yɛka ho asɛm kyerɛ afoforo a, ebetumi ama yɛn ani agye paa. Mmebusɛm 11:25 ka sɛ: “Obiara a ɔma nkurɔfo ho dwo wɔn no, ɔno nso, wɔbɛma ne ho adwo no.”
Nea yesua no, sɛ yɛka bi kyerɛ afoforo a, ɛboa yɛn ma yɛkae no ntɛm, na ɛma yɛte ase yiye nso. Afei nso, esiane sɛ ebetumi aboa afoforo nti, yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka bi akyerɛ wɔn.—Aso. 20:35.
Sɔ wei hwɛ: Nnawɔtwe a ɛreba no, hwehwɛ hokwan a wubetumi de aka nea woasua no bi akyerɛ obi. Wubetumi aka bi akyerɛ wo busuani, obi a wo ne no wɔ asafo mu, obi a wo ne no yɛ adwuma, obi a wo ne no kɔ sukuu, obi a wo ne no te bɛn, anaa obi a wubehyia no wɔ asɛnka mu. Bɔ mmɔden fa wo ara wo nsɛm kyerɛkyerɛ asɛm no mu tiawa ma emu nna hɔ.
Hyɛ wei nsow: Fa nea wusua no hyɛ afoforo nkuran, na mfa mpɛ anuonyam.—1 Kor. 8:1.