ADESUA ASƐM 35
DWOM 121 Yehia Ahosodi
Sɛnea Yebetumi Adi Akɔnnɔ Bɔne So Nkonim
“Mommma bɔne nnkɔ so nnni hene wɔ mo nipadua a etumi wu no so, na amma moantie n’akɔnnɔ.”—ROM. 6:12.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia abasamtu ne sɔhwɛ.
1. Dɛn na ɛto nnipa nyinaa?
BIRIBI apiapia wo denneennen sɛ yɛ biribi a Yehowa ani nnye ho pɛn? Sɛ saa a, nka sɛ sɔhwɛ a worehyia no, ɛso sen obiara de. Bible ka sɛ: “Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye nea ɛto nnipa nyinaa.” (1 Kor. 10:13) Wei kyerɛ sɛ akɔnnɔ bɔne biara a ɛhaw wo no, ɛreteetee afoforo nso. Enti, ka wo koma to wo yam, Yehowa mmoa so nti wubetumi adi nkonim.
2. Sɔhwɛ bɛn na Kristofo ne Bible asuafo binom betumi ahyia? (Hwɛ mfoni no nso.)
2 Bible san ka sɛ: “Nea ɛsɔ obi hwɛ ne n’ankasa akɔnnɔ a ɛtwetwe no na ɛto no brada.” (Yak. 1:14) Nea ɛbɛsɔ asomasi ahwɛ no, ɛnyɛ ɛno ara na ɛbɛsɔ ɔbenten ahwɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Kristofo binom wɔ hɔ a, aguamammɔ na ɛsɔ wɔn hwɛ. Kristofo mmea binom nso wɔ hɔ a, wɔtumi nya atenka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne mmea da, na mmarima no bi nso tumi te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne mmarima da. Ebinom agyae ponografi hwɛ nanso wɔbetumi ate nka denneennen sɛ wɔnsan nkɔhwɛ. Nnipa pii nso agyae nnubɔnenom ne nsawe, nanso ɛwom ara a ɛyɛ wɔn sɛ wɔnsan nkɔ ho bio. Sɔhwɛ a Kristofo ne Bible asuafo binom hyia no, emu kakra bi ni. Ebetumi aba sɛ yɛn nyinaa ate nka te sɛ ɔsomafo Paul pɛn. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea eye a, nea enye na ɛwɔ me mu.”—Rom. 7:21.
Sɔhwɛ betumi ayi ne ti bere biara wɔ baabiara (Hwɛ nkyekyɛm 2)c
3. Sɛ akɔnnɔ bɔne bi kɔ so teetee obi a, ebetumi ama wate nka sɛn?
3 Sɛ akɔnnɔ bɔne kɔ so teetee wo a, ebia wobɛte nka sɛ worentumi nyɛ ho hwee anaa worentumi nko ntia. Ebi nso a wobɛte nka sɛ anidaso nyinaa asa, na akɔnnɔ bɔne a aba wo mu ara nti, Yehowa de wo yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye. Nanso kae sɛ saa adwene no, emu biara nyɛ nokware. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea enti a yɛreka saa no, yebesusuw nsɛmmisa mmienu ho wɔ adesua yi mu: (1) Hena na ɔma yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ akɔnnɔ bɔne ho hwee, na anidaso nyinaa asa? (2) Wobɛyɛ dɛn adi akɔnnɔ bɔne so nkonim?
SƐNEA “ƆBƆNEFO NO” PƐ SƐ YƐTE NKA
4. (a) Adɛn nti na Satan pɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ akɔnnɔ bɔne ho hwee? (b) Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebetumi ako atia sɔhwɛ?
4 Sɛ yehyia sɔhwɛ a, Satan pɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee. Mpae a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ no mu no, ɔmaa emu da hɔ pefee sɛ Satan bɛsɔ yɛn ahwɛ. Yesu kaa sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, mmom gye yɛn fi ɔbɔnefo no nsam.” (Mat. 6:13) Satan kyerɛ sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛbɛdan yɛn akyi akyerɛ Yehowa. (Hiob 2:4, 5) Adɛn nti na Satan kura saa adwene no? Wankɔ so anni Yehowa nokware, mmom ɔmaa n’akɔnnɔ daadaa no. Enti ɛda adi sɛ n’adwene yɛ no sɛ yɛte sɛ ɔno ara, na sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛrenni Yehowa nokware. Satan nyaa adwene mpo sɛ Onyankopɔn Ba a bɔne ne sintɔ nni ne ho no, obetumi asɔ no ahwɛ ama wayɛ bɔne. (Mat. 4:8, 9) Wo de, susuw wei ho hwɛ: Ɛyɛ ampa paa sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛrentumi nyɛ ho hwee? Daabida! Yɛne ɔsomafo Paul yɛ adwene sɛ: “Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.”—Filip. 4:13.
5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa gye yɛn di sɛ yebetumi adi akɔnnɔ bɔne so nkonim?
5 Yɛn de, yɛnte sɛ Satan koraa, enti Yehowa gye yɛn di sɛ yebetumi ako atia akɔnnɔ bɔne. Yɛyɛ dɛn hu saa? Efisɛ Yehowa ka too hɔ sɛ, nnipakuw kɛse bi a wɔdi nokware ma no benya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse no mu. Wo de, susuw ɛno ho hwɛ. Yehowa a ontumi nni atoro no anka sɛ nnipa kakraa bi a wɔyɛ atreneefo na wɔbɛkɔ wiase foforo no mu, na mmom nnipakuw kɛse bi. Bible ka wɔn ho asɛm sɛ, “wɔahoro wɔn ntaade na wɔama ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu.” (Adi. 7:9, 13, 14) Wei ma yehu pefee sɛ, Yehowa nim sɛ yebetumi adi akɔnnɔ bɔne so nkonim.
6-7. Adwene foforo bɛn na Satan pɛ sɛ yenya?
6 Satan pɛ sɛ yɛte nka nso sɛ, sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu a, ɛkyerɛ sɛ anidaso nyinaa asa, na Yehowa de yɛn yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye. Wo de, san susuw wei ho hwɛ. Satan mmom na onni anidaso biara, efisɛ Yehowa abu no atɛn sɛ ɔrennya daa nkwa. (Gen. 3:15; Adi. 20:10) Nhyira a abɔ Satan no, Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ yɛn nsa betumi aka. Ɛda adi sɛ wei yɛ no yaw paa, enti ɔpɛ sɛ yɛte nka sɛ yenni anidaso te sɛ ɔno ara. Nanso ɔboa, yɛn de, yɛwɔ anidaso. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔboa yɛn ma yenya daa nkwa. “Ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.”—2 Pet. 3:9.
7 Nokwasɛm ne sɛ, sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu na yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee anaa anidaso nyinaa asa a, ɛnde na yɛatɔ Satan afiri mu, efisɛ saa na ɔpɛ sɛ yedwen. Sɛ yɛte ase saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayere yɛn ho paa ako atia no.—1 Pet. 5:8, 9.
SƐNEA SINTƆ A ƐWƆ YƐN HO BETUMI AMA YƐATE NKA
8. Bible ka bɔne a, dɛn bio na etumi kyerɛ? (Dwom 51:5) (Hwɛ “Asɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” no nso.)
8 Satan akyi no, biribi foforo wɔ hɔ a ebetumi ama yɛate nka sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu a, yɛrentumi nyɛ ho hwee anaa anidaso nyinaa asa. Ɛyɛ dɛn? Ɛno ne sintɔ a yenya fii yɛn awofo a wɔdi kan no hɔ.a—Hiob 14:4; kenkan Dwom 51:5.
9-10. (a) Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, tebea bɛn mu na wɔkɔe? (Hwɛ mfoni no nso.) (b) Bɔne a wɔde awo yɛn no, sɛn na ɛma yɛte nka?
9 Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, tebea bɛn mu na wɔkɔe? Bere a wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden no, wɔkohintawee, na wɔpɛɛ ahaban kataa wɔn adagyaw so. Insight on the Scriptures no ka wei ho asɛm sɛ: “Bɔne maa wɔn ahonim haw wɔn, wɔn adwene tu frae, wɔtee nka sɛ wɔnni ahobammɔ, na wɔn ani wui pɔtɔɔ.” Wei kyerɛ sɛ na Adam ne Hawa ne Yehowa rentumi nnya ayɔnkofa a emu yɛ den bio da. Wɔtwe wɔn mu tann a, daa na wɔn ahonim bebu wɔn fɔ na dadwen ahyɛ wɔn so, efisɛ na wɔabɛyɛ abɔnefo.
10 Ɛwom, yɛn tebea no nte sɛ Adam ne Hawa de no pɛpɛɛpɛ. Yɛn de, agyede no nti, yebetumi anya bɔnefakyɛ ne ahonim pa, nso Adam ne Hawa de, wɔrentumi nnya bi. (1 Kor. 6:11) Nanso, wɔn bɔne no bi aka yɛn. Enti, ɛnyɛ nwanwa sɛ yɛn nso yɛn ahonim tumi bu yɛn fɔ, yɛn adwene tumi tu fra, yɛte nka sɛ yenni ahobammɔ, na yɛn ani tumi wu. Bible ka sɛ bɔne kɔ so di adasamma so hene. “Wɔn a wɔanyɛ bɔne sɛnea Adam yɛɛ bɔne no mpo,” bɔne akɔ so adi wɔn so hene. (Rom. 5:14) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ esiane sɛ wɔde bɔne awo yɛn nti, akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu a, yɛrentumi nyɛ ho hwee anaa anidaso nyinaa asa. Yebetumi ayi saa adwene a ɛnteɛ no afi yɛn tirim. Yɛbɛyɛ no sɛn?
Bɔne maa Adam ne Hawa ahonim haw wɔn, wɔn adwene tu frae, wɔtee nka sɛ wɔnni ahobammɔ, na wɔn ani wui pɔtɔɔ (Hwɛ nkyekyɛm 9)
11. Sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu na yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia? (Romafo 6:12)
11 Sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu na yɛte nka sɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee a, yebetumi afa no sɛ bɔne a ɛwɔ yɛn ho no na akɔyɛ sɛ “nne” bi a ɛredaadaa yɛn, nanso ɛnsɛ sɛ yetie no. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma bɔne ‘kɔ so di hene’ wɔ yɛn so. (Kenkan Romafo 6:12.) Wei kyerɛ sɛ, sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu a, yɛpɛ a na yɛbɛma adi yɛn so. (Gal. 5:16) Yehowa nim sɛ yebetumi ako atia sɔhwɛ, ɛnyɛ saa a anka ɔrenka nkyerɛ yɛn sɛ yɛnko ntia. (Deut. 30:11-14; Rom. 6:6; 1 Tes. 4:3) Ɛda adi pefee sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu a, yebetumi ako atia.
12. Sɛ akɔnnɔ bɔne ba yɛn mu na yɛte nka sɛ anidaso nyinaa asa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?
12 Sɛ akɔnnɔ bɔne a aba yɛn mu ara nti, yɛte nka sɛ anidaso nyinaa asa, na Yehowa de yɛn yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye a, ɛno nso, yebetumi afa no sɛ bɔne a ɛwɔ yɛn ho no na akɔyɛ sɛ “nne” bi a ɛredaadaa yɛn, nanso ɛnsɛ sɛ yetie no. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ Yehowa nim sɛ bɔne wɔ yɛn ho. (Dw. 103:13, 14) “Onim” yɛn ho biribiara, na sɛnea bɔne a wɔde awo yɛn no ama yɛtɔ kɔ bɔne so no nso, onim. (1 Yoh. 3:19, 20) Sɛ akɔnnɔ bɔne bi ba yɛn mu na yɛanni yɛn akɔnnɔ akyi nko ara de a, ɛnde, Yehowa bebu yɛn sɛ yɛyɛ atreneefo. Adɛn nti na yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka saa?
13-14. Sɛ akɔnnɔ bɔne bi aba yɛn mu a, ɛno ara kɛkɛ kyerɛ sɛ yɛadi nkogu anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
13 Bible ma yehu sɛ ɛsono sɛ akɔnnɔ bɔne bi aba obi mu, ɛnna ɛsono sɛ ɔredi n’akɔnnɔ akyi akɔyɛ bɔne. Akɔnnɔ bɔne de, etumi ba obi mu prɛko pɛ, nanso obi a odi n’akɔnnɔ akyi de, ɔno ara na otu ho anammɔn, enti obetumi ahyɛ ne ho so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, tete Kristofo a na wɔwɔ Korinto no, kan no na wɔn mu bi yɛ mmarima a wɔne mmarima da. Paul kyerɛwee sɛ: “Saa na na mo mu binom te.” Wohwɛ a, wei kyerɛ sɛ wɔn a na wɔbu saa bra no, akɔnnɔ a ɛte saa amma wɔn mu bio da anaa? Ntease nnim sɛ yɛbɛka saa efisɛ mpɛn pii no, akɔnnɔ a ɛte saa no, ɛyɛ a na agye ntini wɔ obi mu. Nanso Kristofo a wɔtumi hyɛɛ wɔn ho so na wɔanni wɔn akɔnnɔ akyi ankɔyɛ bɔne no, Yehowa gyee wɔn toom. Obuu wɔn sɛ ‘wɔaguare wɔn kama.’ (1 Kor. 6:9-11) Wo nso, Yehowa betumi abu wo sɛ wo ho tew.
14 Akɔnnɔ bɔne biara a woreko tia no, wubetumi adi so nkonim. Sɛ worentumi ntu ase mpo a, wubetumi ahyɛ wo ho so na ‘woanyɛ nea wo honam ne wo nsusuwii kyerɛ wo.’ (Efe. 2:3) Ɛnde, dɛn na woyɛ a ɛbɛboa wo na woatumi adi akɔnnɔ bɔne so nkonim?
SƐNEA YEBEDI AKƆNNƆ BƆNE SO NKONIM
15. Sɛ yebetumi adi akɔnnɔ bɔne so a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yɛwɔ mmerɛwyɛ?
15 Sɛ wubetumi adi akɔnnɔ bɔne so nkonim a, ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ wowɔ mmerɛwyɛ. Hwɛ yiye na woamfa “nsusuwii hunu” annaadaa wo ho. (Yak. 1:22) Sɛ wowe nsa a, nka sɛ, ‘Afoforo koraa we sen me.’ Sɛ woyɛ obi a wohwɛ ponografi a, mfa nhyɛ afoforo anaa nka sɛ ‘Me yere kyerɛ ne dɔ a, anka biribi ntwetwe me sɛ menkɔhwɛ.’ Sɛ wunya saa adwene no a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubedi w’akɔnnɔ akyi akɔyɛ bɔne. W’adwenem mpo, mfa nsɛm nyiyi wo ho ano. Gye tom sɛ mfomso no fi wo; mfa nhyɛ obiara.—Gal. 6:7.
16. Wo bo a woasi sɛ wobɛyɛ nea ɛteɛ no, wobɛyɛ dɛn ahyɛ mu den?
16 Wo mmerɛwyɛ a wubegye atom no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ wusi wo bo denneennen sɛ worenni w’akɔnnɔ akyi. (1 Kor. 9:26, 27; 1 Tes. 4:4; 1 Pet. 1:15, 16) Nneɛma a etumi sɔ wo hwɛ paa ne bere a etumi sɔ wo hwɛ no, hyɛ no nsow. Ebia biribi pɔtee na ɛsɔ wo hwɛ anaa bere pɔtee bi na sɔhwɛ no ba. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere bɛn paa na ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛko atia sɔhwɛ? Bere a woabrɛ anaa anadwo? Fa w’ani bu nneɛma bi a ebetumi ayɛ sɔhwɛ ama wo, na di kan dwen nea wobɛyɛ ho. Ɛsɛ sɛ woyɛ wei ansa koraa na sɔhwɛ no aba.—Mmeb. 22:3.
17. Dɛn na yebetumi asua afi nea Yosef yɛe no mu? (Genesis 39:7-9) (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Yɛnhwɛ nea Yosef yɛe bere a na Potifar yere pɛ sɛ ɔne no da no. Yosef antwentwɛn ne nan ase koraa na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ɔrempene. (Kenkan Genesis 39:7-9.) Dɛn na ɛno kyerɛ? Ná Yosef nim dedaw sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obegye obi yere ansa na Potifar yere resɔ no ahwɛ. Wo nso, ansa na sɔhwɛ bi beyi ne ti no, di kan dwen nea wobɛyɛ ho. Woyɛ saa na sɛ sɔhwɛ no ba a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ nea ɛtene efisɛ wunim nea wobɛyɛ dedaw.
Sɛ sɔhwɛ bi yi ne ti a, guan fi ho ntɛm ara sɛnea Yosef yɛe no! (Hwɛ nkyekyɛm 17)
“MONKƆ SO NSƆ NHWƐ”
18. Wobɛyɛ dɛn adi akɔnnɔ bɔne so nkonim? (2 Korintofo 13:5)
18 Sɛ wubetumi adi akɔnnɔ bɔne so nkonim a, ebehia sɛ ‘wokɔ so sɔ wo ho hwɛ,’ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wokɔ so hwehwɛ wo mu hwɛ sɛ biribiara deda n’akwan mu a. (Kenkan 2 Korintofo 13:5.) Sɛnea wudwen ne sɛnea woyɛ w’ade no, ɛwom ara a, hwɛ sɛ ehia sɛ woyɛ mu nsakrae bi a. Sɛ wutumi ko tia sɔhwɛ bi mpo a, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Edii bere tenten sɛn?’ Sɛ wuhu sɛ ɛkyɛe kakra ansa a, mma w’abam mmmu. Mmom, tu anammɔn a ɛbɛboa wo, na sɛ sɔhwɛ bi yi ne ti bere foforo a, woatumi adi so nkonim ntɛm. Bisa wo ho nsɛm bi te sɛ nea edidi so yi: ‘Sɛ adwene a ɛntene bi ba me tirim a, metumi ayi afi me tirim ntɛm ara? Nneɛma a mede gyigye m’ani no, ɛma ɛyɛ den sɛ mɛko atia sɔhwɛ anaa? Sɛ m’ani bɔ aguamansɛm ho mfoni bi so a, miyi m’ani ntɛm ara? Sɛ ehia sɛ mehyɛ me ho so na matumi adi Yehowa mmara so mpo a, mete ase sɛ, sɛ meyɛ saa bere nyinaa a, me ara na ɛbɛboa me anaa?’—Dw. 101:3.
19. Anammɔn nketenkete bi a nyansa nnim a yebetu no, ɔkwan bɛn so na ebetumi ama ayɛ den paa sɛ yɛbɛko atia akɔnnɔ bɔne?
19 Afei nso, ɛnsɛ sɛ wode nsɛm yiyi wo ho ano. Bible ka sɛ: “Koma yɛ ɔdaadaafo sen biribiara, na ne ho yɛ ahometew.” (Yer. 17:9) Yesu kaa sɛ koma no mu na “adwemmɔne” fi ba. (Mat. 15:19) Yɛmfa obi a wagyae ponografi hwɛ nyɛ nhwɛso. Ebia bere bi akyi no, ɛbɛyɛ no sɛ mfoni a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ a nnipa a wɔwom no mmɔɔ adagyaw no, ɔhwɛ a ɛnyɛ hwee. Anaa ebia ɔbɛka sɛ, ‘Sɛ midwinnwen aguamammɔ ho na menkɔyɛe a, sɛ mfomso biara nni ho.’ Sɛ obi nya adwene a ɛte saa a, ɛte sɛ nea ne koma daadaafo no ‘reyɛ nhyehyɛe ato hɔ ama ɔhonam akɔnnɔ.’ (Rom. 13:14) Wobɛyɛ dɛn akwati biribi a ɛte saa? Kae sɛ hwirema na ɛtwetwe dwom, enti anammɔn nketenkete bi a nyansa nnim a wutu a ebetumi ama woakɔyɛ bɔne kɛse no, ɛsɛ sɛ wuhu na wotwe wo ho fi ho.b Afei nso, nsusuwii anaa “adwemmɔne” biara a ebetumi ama wode nsɛm ayiyi wo ho ano wɔ bɔne ho no, yi fi wo tirim.
20. Dɛn na yɛhwɛ kwan daakye, na mmoa bɛn na yɛwɔ nnɛ?
20 Sɛnea yɛahu no, Yehowa mmoa so nti, yebetumi ako atia sɔhwɛ. Afei nso, ne mmɔborɔhunu nti, yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa wɔ wiase foforo no mu. Wo de, hwɛ sɛ yɛde adwene ne koma a emu tew resom Yehowa! Wunhu sɛ ɛbɛma yɛn ani agye paa? Enkosi saa bere no, sɛ akɔnnɔ bɔne bi ba yɛn mu a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yebetumi ayɛ ho biribi, na anidaso nyinaa nsae. Sɛ yɛbɔ mmɔden ko tia akɔnnɔ bɔne a, Yehowa nso bɛboa yɛn ama yɛadi nkonim!
DWOM 122 Muntintim, Munnhinhim!
a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ Bible ka “bɔne” a, mpɛn pii no ɛkyerɛ nneyɛe bi te sɛ korɔnbɔ, awaresɛe, anaa awudi. (Ex. 20:13-15; 1 Kor. 6:18) Kyerɛwnsɛm afoforo mu nso, ɛtɔ da a “bɔne” kyerɛ sintɔ a wɔde woo yɛn. Ɛno kyerɛ sɛ, sɛ yennya nyɛɛ bɔne mpo a, yɛyɛ abɔnefo.
b Hyɛ no nsow sɛ ɔbarima a Mmebusɛm 7:7-23 ka ne ho asɛm no, otutuu anammɔn nketenkete bi a nyansa nnim. Ɛno na ɛma ɔkɔbɔɔ aguaman no.
c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Benkum: Onua aberante bi te baabi renom kɔfe, na wahu sɛ mmarima mmienu bi redi dɔ. Nifa: Onuawa bi ahu nnipa mmienu bi a wɔrenom sigaret.