ADESUA HO NYANSAHYƐ
Kyerɛwnsɛm a Ɛtwe Adwene Si Kyerɛwnsɛm Afoforo So Wɔ Bible Mu No, Sɛnea Wubenya So Mfaso
Sɛ worekan kyerɛwsɛm bi wɔ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu a, wubehu sɛ wɔatwe adwene asi kyerɛwnsɛm afoforo so a ɛkyerɛkyerɛ nea worekan no mu. Ɛno ma yehu sɛ Bible mu nsɛm nyinaa hyia. Kyerɛwnsɛm a ɛtwe adwene kɔ kyerɛwnsɛm afoforo so no, wubehu sɛ nkyerɛwde ketewa bi hyɛ ho. Bible a wɔatintim no mu no, hwehwɛ saa nkyerɛwde no ara bi wɔ mfinimfini, na wubehu kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no. Wokɔ jw.org anaa wubue JW Library® app no a, nkyerɛwde a ɛhyɛ asɛmfua bi ho no, wumia so a, ebebue kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no ama wo.
Kyerɛwnsɛm a ɛtwe adwene kɔ kyerɛwnsɛm afoforo so no, ebetumi ama woahu nea edidi so yi ne nneɛma foforo:
Kyerɛwsɛm a Ɛka Asɛm Koro No Ara: Kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no, ɛka asɛm koro no ara wɔ baabi foforo. Ɛho nhwɛso ne 2 Samuel 24:1 ne 1 Beresosɛm 21:1.
Kyerɛwsɛm a wɔafa aka no pɛpɛɛpɛ: Kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no, ɛkyerɛ baabi a saa asɛm no fi. Ɛho nhwɛso ne Mateo 4:4 ne Deuteronomium 8:3.
Nkɔmhyɛ a abam: Kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no ma wuhu nkɔmhyɛ bi ne ne mmamu. Ɛho nhwɛso ne Mateo 21:5 ne Sakaria 9:9.