ADESUA ASƐM 38
DWOM 120 Suasua Kristo Efisɛ Odwo
Da Obu Adi Kyerɛ Afoforo
“Nkurɔfo bu wo a, eye sen dwetɛ ne sika kɔkɔɔ.”—MMEB. 22:1.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Yɛbɛhwɛ nea enti a ehia sɛ yɛda obu adi kyerɛ afoforo, ne sɛnea yɛbɛyɛ saa bere mpo a ɛyɛ den ma yɛn.
1. Sɛ afoforo bu yɛn a, ɛma yɛte nka sɛn? (Mmebusɛm 22:1)
W’ANI gye ho sɛ afoforo bɛda obu adi akyerɛ wo anaa? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani gye ho. Obiara pɛ sɛ afoforo bu no. Sɛ afoforo bu yɛn a, ɛma yɛn ani gye. Ɛnyɛ nwanwa sɛ Bible ka sɛ, “nkurɔfo bu wo a, eye sen dwetɛ ne sika kɔkɔɔ”!—Kenkan Mmebusɛm 22:1.
2-3. Adɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda obu adi akyerɛ afoforo bere nyinaa, na henanom na ɛsɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ wɔn?
2 Adɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛda obu adi akyerɛ afoforo bere nyinaa? Ade baako ne sɛ, yɛtaa hu wɔn mfomso. Afei nso, ɛnnɛ nnipa pii mmu ade. Nanso yɛn de, ɛnsɛ sɛ yesuasua wɔn. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa pɛ sɛ yedi “nnipa nyinaa” ni anaa yebu nnipa nyinaa.—1 Pet. 2:17.
3 Adesua yi mu no, sɛ yɛka sɛ yɛnna obu adi nkyerɛ afoforo a, yɛbɛhwɛ nea ɛkyerɛ. Afei nso, yɛbɛhwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ada obu adi akyerɛ (1) yɛn abusuafo, (2) yɛn nuanom Kristofo, ne (3) wɔn a wɔnni asafo no mu. Nea yɛde yɛn adwene besi so titiriw ne sɛnea yɛbɛda obu adi bere mpo a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa.
SƐ YƐKA SƐ YƐNNA OBU ADI NKYERƐ AFOFORO A, ƐKYERƐ SƐN?
4. Dɛn na ɛma yehu sɛ yebu obi?
4 Sɛ yɛka sɛ yebu obi anaa yedi no ni a, adwene a yɛwɔ wɔ onii no ho ne sɛnea yɛne no di no na ɛkyerɛ. Sɛ yehu sɛ obi wɔ suban pa bi, wayɛ ade pa bi, anaa ɔwɔ hokwan anaa dibea bi a, yɛtaa da obu adi kyerɛ no anaa yɛde nidi ma no. Nanso obu a yɛda no adi no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nnipa ani so de, mmom ɛsɛ sɛ efi yɛn komam.—Mat. 15:8.
5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛada obu adi akyerɛ afoforo?
5 Yehowa pɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ afoforo; nokwasɛm ne sɛ, “atumfo a wɔkorɔn no” mpo de, wahyɛ yɛn sɛ yɛnna obu adi nkyerɛ wɔn. (Rom. 13:1, 7) Nanso ebia obi bɛka sɛ, “Me de, sɛ wubu wo ho a na mebu wo.” Wohwɛ a, saa adwene no fata? Yehowa asomfo de, yenim sɛ ɛnyɛ sɛnea obi bɛyɛ n’ade nko ara so na yebegyina ada obu adi akyerɛ no. Mmom ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa, ne pɛ a yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani no, ɛno na ɛkanyan yɛn ma yɛda obu adi kyerɛ afoforo.—Yos. 4:14; 1 Pet. 3:15.
6. Sɛ obi mmu wo a, wubetumi ada obu adi akyerɛ no anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ mfoni no nso.)
6 Ebia obi bebisa sɛ, ‘Sɛ obi mmu wo a, wubetumi abu no anaa?’ Yiw, wubetumi abu no. Momma yɛnhwɛ nhwɛso ahorow bi. Ɔhene Saul guu ne ba Yonatan anim ase wɔ afoforo anim. (1 Sam. 20:30-34) Nanso, Yonatan kɔɔ so daa obu adi kyerɛɛ ne papa Saul, na ɔtaa n’akyi ma wɔko tiaa atamfo kosii da a Saul wui. (Ex. 20:12; 2 Sam. 1:23) Hanah nso, ɔsɔfo panyin Eli bɔɔ no sobo sɛ wabow. (1 Sam. 1:12-14) Ná obiara nim wɔ Israel sɛ Ɔsɔfo panyin Eli yɛ abahyɛbɔne, nanso Hanah ne no kasae obu so. (1 Sam. 1:15-18; 2:22-24) Afei nso, Atene mmarima didii ɔsomafo Paul atɛm kaa sɛ ɔyɛ “kasatenten wura.” (Aso. 17:18) Wei nyinaa akyi no, Paul ne wɔn kasae wɔ obu so. (Aso. 17:22) Sɛ yɛdɔ Yehowa paa na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛnsɔ n’ani a, sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛda obu adi akyerɛ afoforo mpo a, yɛbɛyɛ. Momma yɛnhwɛ wɔn a ɛsɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ wɔn, ne nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa.
Yonatan papa Saul a na ɔyɛ ɔhene no guu n’anim ase wɔ afoforo anim, nanso Yonatan kɔɔ so taa ne papa akyi (Hwɛ nkyekyɛm 6)
DA OBU ADI KYERƐ W’ABUSUAFO
7. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛda obu adi akyerɛ yɛn abusuafo?
7 Ɔhaw no. Yɛn abusuafo de, yɛne wɔn na ɛyɛ biribiara. Wei nti, yenim wɔn mmɔdenbɔ ne wɔn mmerɛwyɛ. Ebia yare bi a ɛwɔ wɔn mu bi so nti, ɛyɛ den sɛ yɛbɛhwɛ wɔn, anaa ebia adwinnwen ahyɛ wɔn so. Ebia wɔn mu bi bɛkasa atia yɛn anaa wɔbɛyɛ biribi ama ahye yɛn. Ebinom nso, esiane sɛ wɔmmu wɔn abusuafo nti, ɛmma asomdwoe ne anigye mma fie. Wei nti, baakoyɛ nni abusua no mu. Yebetumi de abusua no atoto nipadua ho. Sɛ yare bi ba nipadua no mu a, entumi nyɛ adwuma yiye. Abusua no mu nso, sɛ wɔn mu biara anna obu adi ankyerɛ ne yɔnko a, ebetumi ama abusua no agyigya. Nanso kae sɛ nyarewa bebree wɔ hɔ a wɔtumi sa ma ase tu no, enti abusua no mu nso, sɛ yɛn mu biara yere ne ho da obu adi kyerɛ ne yɔnko a, ɛbɛma asomdwoe akɔ so atena mu.
8. Adɛn nti na ehia sɛ yɛda obu adi kyerɛ yɛn abusuafo? (1 Timoteo 5:4, 8)
8 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda obu adi? (Kenkan 1 Timoteo 5:4, 8.) Paul krataa a edi kan a ɔkyerɛw kɔmaa Timoteo no mu no, ɔkyerɛe sɛ abusua no mu no, ɛsɛ sɛ obiara boa ne yɔnko. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, yenim sɛ ɛsɛ sɛ yedi yɛn abusuafo ni, nanso nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛde “onyamesom pa” bɔ yɛn bra. Wei kyerɛ sɛ, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ saa, na ɛsɛ sɛ yebu no sɛ ɛka yɛn som ho. Yehowa na ɔhyehyɛɛ abusua no. (Efe. 3:14, 15) Enti sɛ yedi yɛn abusuafo ni a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi Yehowa a ɔhyehyɛɛ abusua no ni. Wei ma yehu sɛ ɛho hia paa sɛ yɛda obu adi kyerɛ yɛn abusuafo!
9. Dɛn na okunu ne ɔyere betumi ayɛ de akyerɛ sɛ obiara bu ne yɔnko? (Hwɛ mfoni no nso.)
9 Ɔkwan a yɛbɛfa so ada obu adi. Okunu a odi ne yere ni no, kokoam oo, baguam oo, ɔda no adi sɛ ne yere som bo ma no. (Mmeb. 31:28; 1 Pet. 3:7) Ɔremmoro no da, ɔrengu n’anim ase, na ɔremma ɔnte nka sɛ ɔnsɛ hwee. Onua bi a ne din de Ariela a ɔte Argentina ka sɛ: “Yare bi a abɛtena me yere so nti, ɛtɔ da a ɔka nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ me. Ɛba saa a, mekae me ho sɛ, ɛnyɛ saa na ɔte, enti nsɛm a ɔkeka no, memfa m’adwene nkɔ so. Ɛtɔ da a, nsɛm a ɔka no bi tumi yɛ me yaw paa, nanso ɛyɛ a mekae 1 Korintofo 13:5 no, na ɛboa me ma mimmu no animtiaa, na mmom me ne no kasa wɔ obu so.” (Mmeb. 19:11) Sɛ ɔyere ka ne kunu ho nsɛm pa kyerɛ afoforo a, ɛkyerɛ sɛ odi ne kunu ni. (Efe. 5:33) Ɔnkasa ntia no, onni ne ho fɛw, na ommu no animtiaa; onim sɛ nneyɛe a ɛte saa te sɛ nkannare anaa nnaakye, na ebetumi de nkakrankakra asɛe n’aware. (Mmeb. 14:1) Yɛnhwɛ onuawa bi a ɔwɔ Italy; dadwen reteetee ne kunu paa. Onuawa no kaa sɛ: “Ɛtɔ da a, ɛyɛ me sɛ me kunu de nneɛma haw ne ho boro so. Bere bi a atwam no, nsɛm a na meka ne sɛnea na meyɛ m’anim no ma ɛdaa adi sɛ mimmu no. Nanso mihu sɛ, sɛ metaa ne wɔn a wɔka afoforo ho nsɛm pa bɔ a, ɛma mitumi da obu adi kyerɛ me kunu.”
Sɛ yɛda obu adi kyerɛ yɛn abusuafo a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi Yehowa a ɔyɛ yɛn abusua Ti no ni (Hwɛ nkyekyɛm 9)
10. Dɛn na mmofra betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔbu wɔn awofo?
10 Mmofra, mmara a mo awofo ahyehyɛ ama mo wɔ fie no, munni so. (Efe. 6:1-3) Mo ne mo awofo nkasa wɔ obu so. (Ex. 21:17) Sɛ mo awofo renyin a, ebia wɔbehia mo mmoa paa. Monyɛ nea mubetumi biara nhwɛ wɔn. Yɛnhwɛ María; ne papa nyɛ Yehowa Danseni. Bere a papa no yaree no, na ɔkeka nsɛm a yɛyɛ yaw kyerɛ María, enti ɛyɛɛ den maa María sɛ ɔbɛhwɛ no. María ka sɛ: “Mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me ma menna obu adi nkyerɛ me papa. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, sɛ Yehowa aka sɛ minni m’awofo ni a, ɛnde obetumi aboa me ma mayere me ho ayɛ saa. Mebɛtee ase sɛ, ɛnsɛ sɛ mehwɛ kwan sɛ me papa bɛsesa ne suban ansa na mada obu adi akyerɛ no.” Sɛ ɛyɛ den sɛ yebedi yɛn abusuafo ni mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ ɛno bɛkyerɛ sɛ yedi Yehowa a ɔhyehyɛɛ abusua no ni.
DA OBU ADI KYERƐ WO NUANOM KRISTOFO
11. Adɛn nti na ɛtɔ da a ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛda obu adi akyerɛ yɛn nuanom Kristofo?
11 Ɔhaw no. Yɛn nuanom Kristofo de Bible mu afotusɛm bɔ wɔn bra, nanso ɛtɔ da a, ebia wɔn mu bi ne yɛn renni no yiye, wɔbenya yɛn ho adwene a ɛntene, anaa wɔbɛhyɛ yɛn abufuw. Sɛ yɛwɔ ‘asɛm tia’ yɛn nua Kristoni bi a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛkɔ so ada obu adi akyerɛ no. (Kol. 3:13) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so akyerɛ sɛ yebu no?
12. Adɛn nti na ehia sɛ yɛda obu adi kyerɛ yɛn nuanom Kristofo? (2 Petro 2:9-12)
12 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda obu adi? (Kenkan 2 Petro 2:9-12.) Petro krataa a ɛtɔ so mmienu a ɔkyerɛwee no mu no, ɔkaa sɛ na ebinom wɔ tete Kristofo asafo no mu a na wɔka “anuonyamfo,” kyerɛ sɛ, asafo mu mpanyimfo ho nsɛmmɔne. Bere a abɔfo anokwafo no huu nea na ɛrekɔ so no, dɛn na wɔyɛe? ‘Obu a wɔwɔ ma Yehowa’ nti, wɔanka asɛm baako mpo antia wɔn a na wɔreyɛ bɔne a ɛte saa no. Wo de hwɛ oo, abɔfo mpo a bɔne biara nni wɔn ho no, wɔankasa antia saa ahantanfo no! Mmom, wɔgyaw maa Yehowa sɛ ɔno ara mmu wɔn atɛn na ɔnka wɔn anim. (Rom. 14:10-12; fa toto Yuda 9 ho.) Yebetumi asua biribi afi abɔfo no hɔ. Asɔretiafo mpo, sɛ ɛsɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ wɔn a, wunhu sɛ yɛn nuanom Kristofo de, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma ɛkyɛn saa koraa? Enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho de nidi ma yɛn nuanom Kristofo. (Rom. 12:10) Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yebu Yehowa.
13-14. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yebu asafo no mufo? Ma nhwɛso. (Hwɛ mfoni no nso.)
13 Ɔkwan a yɛbɛfa so ada obu adi. Asafo mu mpanyimfo, sɛ morekyerɛkyerɛ afoforo a, mommɔ mmɔden nyɛ no ɔdɔ so. (Filem. 8, 9) Sɛ ehia sɛ mode afotu ma obi a, mo ne no nkasa wɔ odwo so, na ɛnyɛ abufuw so. Anuanom mmea, mubetumi ayɛ pii de aboa asafo no mufo ma obiara ada obu adi akyerɛ ne yɔnko. Ebi ne sɛ, morenni nseku anaa morensɛe nkurɔfo din. (Tito 2:3-5) Sɛ yɛn nyinaa tie asafo mu mpanyimfo no a, ɛkyerɛ sɛ yebu wɔn. Afei nso, mmɔden a wɔbɔ de kyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu, asɛnka adwuma no a wɔdi anim, ne mmoa a wɔde ma wɔn a wɔdi “mfomso” no, sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ a, ɛno nso kyerɛ sɛ yebu wɔn.—Gal. 6:1; 1 Tim. 5:17.
14 Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Rocío; na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛda obu adi akyerɛ ɔpanyin bi a otuu no fo. Ɔka sɛ: “Ná mete nka sɛ ɔne me ankasa yiye. Mewɔ fie a, na mekeka ne ho nsɛmmɔne. Ná minnye nni sɛ ɔwɔ me ho adwempa, enti mamfa n’afotu no anyɛ adwuma, nanso mamma wanhu.” Dɛn na ɛboaa Rocío? Ɔkyerɛ mu sɛ: “Bere a merekenkan Bible no, mikopuee 1 Tesalonikafo 5:12, 13 so. Bere a mihui sɛ menna obu adi nkyerɛ saa onua no, m’ahonim fii ase haw me. Mebɔɔ Yehowa mpae, na meyɛɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu, sɛnea ɛbɛyɛ a menya nsɛm pɔtee a ɛbɛboa me ma masesa me suban. Akyiri yi, mibehui sɛ, onua no de, ɔnyɛɛ hwee, me mmom na na mereyɛ ayɛ ahantan. Seesei mabɛte ase sɛ, ɛsɛ sɛ mebrɛ me ho ase na matumi ada obu adi akyerɛ afoforo. Migu so ara reyere me ho sɛ mɛda obu adi akyerɛ afoforo, na mihu sɛ ɛma me ne Yehowa ntam yɛ kama.”
Sɛ yɛn nyinaa tie asafo mu mpanyimfo, na yɛkyerɛ adwumaden a wɔyɛ wɔ asafo no mu ho anisɔ a, ɛkyerɛ sɛ yebu wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 13-14)
DA OBU ADI KYERƐ WƆN A WƆNNI ASAFO NO MU
15. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛda obu adi akyerɛ wɔn a wɔnni asafo no mu?
15 Ɔhaw no. Yɛtaa hyia nkurɔfo a wɔn ani nnye Bible mu nokware no ho wɔ asɛnka mu. (Efe. 4:18) Ebinom nso, esiane ntetee a wɔnyae nti, wɔmpɛ sɛ wɔtie asɛmpa no koraa. Ebia yɛn adwumawura anaa yɛn tikya bi ne yɛn nni no yiye. Afei nso, wɔn a yɛne wɔn yɛ adwuma anaa yɛne wɔn kɔ sukuu no, ebia na wɔn mu bi mpɛ yɛn asɛm. Ɛba saa a, nkakrankakra obu a yɛwɔ ma wɔn no so betumi atew, na anhwɛ a nea wɔde yɛ yɛn no, yɛn nso yɛde bi bedi wɔn.
16. Wɔn a wɔnsom Yehowa no, adɛn nti na ehia sɛ yɛda obu adi kyerɛ wɔn? (1 Petro 2:12; 3:15)
16 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda obu adi? Kae sɛ, sɛnea yɛne wɔn a wɔnsom Yehowa no di no, Yehowa ani tua. Ɔsomafo Petro kaee Kristofo sɛ, afoforo betumi ahwɛ wɔn abrabɔ pa na ‘wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam.’ Ɛno nti, otuu wɔn fo sɛ, sɛ wɔrekyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu a, wɔnyɛ no “odwo ne nidi mu.” (Kenkan 1 Petro 2:12; 3:15.) Sɛ na Kristofo rekyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu akyerɛ atumfoɔ no anaa obi foforo biara a, na ɛsɛ sɛ wɔfa no sɛ Onyankopɔn gyina hɔ bi na ɔrehwɛ nea ɛrekɔ so, enti na ɛsɛ sɛ wɔne onii no di wɔ obu so. Ade yi, asɛm biara a yɛka ne sɛnea yɛka no no, Yehowa ani tua, na ne nyinaa gu n’asom. Wunhu sɛ wei kyerɛ paa sɛ ɛsɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ wɔn a wɔnni asafo no mu no?
17. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yebu wɔn a wɔnni asafo no mu?
17 Ɔkwan a yɛbɛfa so ada obu adi. Sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, wɔn a wɔnhyɛ da nni Bible mu nimdeɛ papa no, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribiara de akyerɛ sɛ yɛrebu wɔn animtiaa. Mmom, yɛpɛ sɛ yebu afoforo sɛ wɔsom bo ma Onyankopɔn, na wɔkyɛn yɛn. (Hag. 2:7; Filip. 2:3) Sɛ wo gyidi nti, obi didi wo atɛm a, hyɛ wo ho so na wo nso woamfa nyansakwan bi so annidi no atɛm. (1 Pet. 2:23) Sɛ woka biribi na wuhu sɛ woankasa yiye a, pa kyɛw ntɛm ara. Wɔn a wo ne wɔn wɔ adwumam no nso, wobɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wubu wɔn? Yere wo ho yɛ adwuma, na wɔn a wo ne wɔn yɛ adwuma ne wɔn a woyɛ adwuma ma wɔn no, bɔ mmɔden nya wɔn ho adwempa. (Tito 2:9, 10) Sɛ wudi nokware na wuyi wo yam yɛ adwuma a, ebia ebinom bɛpɛ w’asɛm. Nanso sɛ ebinom ampɛ w’asɛm mpo a, Onyankopɔn de, ɔkwan biara so, n’ani begye wo ho.—Kol. 3:22, 23.
18. Adɛn nti na eye sɛ yebebu afoforo?
18 Mfaso wɔ so paa sɛ yɛbɛda obu adi akyerɛ afoforo! Yɛahu sɛ, sɛ yɛda obu adi kyerɛ yɛn abusuafo a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi Yehowa a ɔyɛ yɛn abusua Ti no ni. Afei nso, sɛ yɛda obu adi kyerɛ yɛn nuanom Kristofo a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi yɛn soro Agya no ni. Bio nso, sɛ yɛkyerɛ sɛ yebu wɔn a wɔnni asafo no mu a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛhyɛ yɛn Nyankopɔn kɛse no anuonyam anaa wɔbedi no ni. Sɛ yɛn yɔnko nnipa anna obu adi ankyerɛ yɛn mpo a, yɛn de, ɛho hia sɛ yɛkɔ so da obu adi kyerɛ wɔn. Adɛn ntia? Efisɛ yɛyɛ saa a, Yehowa behyira yɛn. Wahyɛ bɔ sɛ: “Wɔn a wodi me ni no, me nso medi wɔn ni.”—1 Sam. 2:30.
DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn
a Wɔasesa edin no bi.