Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Nea ɔkyerɛw Mmebusɛm 30:18, 19 no kaa sɛ “ɔbarima kwan wɔ ababaa ho” no ‘boro n’adwene so.’ Dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ?
Saa asɛm no kyere nnipa pii adwene; Bible ho animdefo mpo ka ho. Sɛ yɛhwɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu a, saa kyerɛwnsɛm no kenkan sɛ: “Nneɛma abiɛsa bi wɔ hɔ a, ɛboro m’adwene so [anaa “ɛyɛ me nwonwa dodo,” ase hɔ asɛm], na anan na mente ase: Ɔkɔre kwan wɔ wim, ɔwɔ kwan wɔ abotan so, ɛhyɛn kwan wɔ ɛpo so, ne ɔbarima kwan wɔ ababaa ho.”—Mme. 30:18, 19.
Bere bi a atwam no, “ɔbarima kwan wɔ ababaa ho” a kyerɛwsɛm no ka no, na yɛte ase sɛ ɛkyerɛ biribi bɔne. Adɛn ntia? Efisɛ nkyekyɛm ahorow bi a ɛwɔ saa ti no ara mu bobɔ nneɛma bi a enye din; saa nneɛma no ntumi nka da sɛ “ayɛ yiye!” (Mmeb. 30:15, 16) Nkyekyɛm 20 no nso ka “ɔbea waresɛefo” bi a ɔka sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara ho asɛm. Enti yenyaa adwene sɛ, sɛnea ɔkɔre tu kɔ sorosoro, ɔwɔ fa abotan so, anaa po so hyɛn fa po so a wunhu emu biara akyi kwan no, ɔbarima bi nso betumi ayɛ biribi a obiara renhu akyi. Wei nti, yɛtee ase sɛ “ɔbarima kwan wɔ ababaa ho” a kyerɛwnsɛm no kae no, na ɛreka ade a enye ho asɛm; ɛne sɛ, aberante bi betumi adaadaa ababaa bi a onni osuahu ne no ada, a ababaa no renhu nea ɛyɛe koraa a ɛbaa saa.
Nanso, sɛ yɛhwɛ kyerɛwsɛm no a, asɛ ɛfa nneɛma pa ho. Nea ɛwom ara ne sɛ, nneɛma a na ɔkyerɛwfo no ahu a ɛyɛ no nwanwa no, ɛno na na ɔreka ho asɛm.
Tete Hebri nsaano nkyerɛwee no foa so sɛ, na saa kyerɛwsɛm no reka nneɛma pa ho asɛm. Sɛnea Theological Lexicon of the Old Testament kyerɛ no, Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ɛboro m’adwene so” wɔ Mmebusɛm 30:18 no, “ɛkyerɛ biribi a obi hu no sɛ ɛyɛ nwanwa boro so, ɛrentumi nsi, anaa ɛboro nnipa ntease so.”
Ɔbenfo Crawford H. Toy a ɔwɔ Harvard Suapɔn a ɛwɔ United States mu no, ɔno nso kaa sɛ, ɛnyɛ ade bɔne ho asɛm na na saa kyerɛwsɛm yi reka. Ɔbenfo no kaa sɛ: “Nneɛma a na ɛyɛ ɔkyerɛwfo no nwanwa na na ɔrebobɔ din.”
Enti asɛ ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ, Mmebusɛm 30:18, 19 mu nsɛm no, nneɛma a ɛyɛ nwanwa ankasa anaa nea ɛboro yɛn adwene ne yɛn ntease so na na ɛreka ho asɛm. Sɛnea ɔkɔre tu kɔ sorosoro, sɛnea ɔwɔ a onni nan tumi fa abotan so, sɛnea po so hyɛn kɛse tumi fa po so, ne sɛnea aberante ne ababaa tumi twe ma wɔn ho na wɔbom de anigye tena ase no, ɛyɛ yɛn nwanwa sɛnea ɛyɛɛ Bible kyerɛwfo no nwanwa no.