Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 October kr. 2-5
  • 1925​—Mfe Ɔha a Atwam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1925​—Mfe Ɔha a Atwam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ANIDASO A AMMA MU
  • WƆSISII RADIO STEEHYIN PII
  • YƐTEE BIBLE MU ASƐM BI ASE YIYE
  • YEDII YEHOWA HO ADANSE
  • WƆFII ASE YƐƐ SANKƆHWƐ
  • NEA ƐDA YƐN ANIM
  • 1924—Mfe Ɔha a Atwam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • 1922—Mfe Ɔha a Atwam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Ahyehyɛde a Enya Nkɔso Sen Biara no mu a Mesom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Akwan a Yɛfa so Ka Asɛm No​—Akwan a Yɛafa so Aka Asɛm no Akyerɛ Nkurɔfo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 October kr. 2-5
Nhyiam a wɔyɛɛ no afe 1925 wɔ Indianapolis a ɛwɔ Indiana no, anuanom bebree aboa wɔn ho ano retwa mfoni wɔ baabi a wɔyɛɛ nhyiam no abɔnten.

Nhyiam a wɔyɛe wɔ Indianapolis a ɛwɔ Indiana, afe 1925

1925​—Mfe Ɔha a Atwam

JANUARY 1, afe 1925 Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ: “Yɛahwɛ saa afe yi kwan akyɛ, na yenim sɛ nneɛma pii besisi wɔ saa afe yi mu.” Nanso Ɔwɛn-Aban no toaa so sɛ: “Nsɛm a ebia ebesisi wɔ afe yi mu no, ɛnsɛ sɛ Kristofo ma egye wɔn adwene ara ma adwuma a Awurade pɛ sɛ wɔde anigye yɛ no, wɔbu wɔn ani gu so.” Dɛn na na Bible asuafo no rehwɛ kwan sɛ ebesi wɔ 1925 mu? Ɛmfa ho sɛ nea na wɔrehwɛ kwan no amma mu no, dɛn na wɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔyeree wɔn ho wɔ Awurade adwuma no mu?

ANIDASO A AMMA MU

Afe 1925 mu no, na Bible Asuafo no pii rehwɛ kwan sɛ asaase bɛdan Paradise. Adɛn ntia? Onua Albert Schroeder a akyiri yi ɔbɛkaa Akwankyerɛ Kuw no ho no kyerɛɛ mu sɛ: “Ná yegye di sɛ saa afe no, Kristo akyidifo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asaase so no bɛkɔ soro akodi hene. Afei nso, na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ mmarima anokwafo te sɛ Abraham, Dawid ne afoforo a wɔtenaa ase tete no, wɔbenyan wɔn ma wɔabedi nneɛma anim wɔ asaase so.” Enti bere a nea wɔrehwɛ kwan no amma mu no, ɛmaa wɔn mu bebree abam bui.—Mmeb. 13:12.

Abasamtu yi nyinaa akyi no, Bible Asuafo dodow no ara kɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no denneennen, na wɔbehui sɛ ade a ɛho hia paa sɛ wɔyɛ ne sɛ wɔbedi Yehowa ho adanse. Yɛnhwɛ sɛnea wɔfaa radio so dii nnipa pii adanse.

WƆSISII RADIO STEEHYIN PII

Afe 1924 no, nnipa pii tiee WBBR radio steehyin no. Ɛno nti, Bible asuafo no san sii radio steehyin foforo a ɛbɔ adwuma paa wɔ baabi a ɛbɛn Chicago, Illinois. Wɔtoo radio steehyin foforo no din ASƐMPA. Ralph Leffler a ɔka wɔn a wɔsii radio steehyin no ho no kaa sɛ: “Awɔwbere mu no, sɛ edu anwummere a, na nkurɔfo a ɛwɔ akyirikyiri tie ASƐMPA radio steehyin no paa.” Yɛbɛyɛ nhwɛso a, dwumadi ahorow a wɔdii kan yɛe wɔ steehyin no so no, abusua bi a na wɔte Pilot Station a ɛwɔ Alaska tiee emu baako. Efi baabi a na radio steehyin no wɔ kɔ baabi a na wɔte no boro kilomita 5,000 (anaa akwansin 3,000). Bere a abusua no tiee dwumadi no wiei no, wɔkyerɛw krataa kɔdaa wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ steehyin hɔ no ase sɛ wɔama wɔate Bible mu nsɛm a ɛhyɛ nkuran saa.

Benkum: ASƐMPA radio steehyin a na ɛwɔ Batavia, Illinois

Nifa: Ralph Leffler reyɛ adwuma wɔ radio steehyin hɔ

Dwumadi a na ɛkɔ so wɔ radio steehyin no so no, nea enti a nnipa a na ɛwɔ akyirikyiri tumi tie bi no, December 1, 1925 Ɔwɛn-Aban no kaa ho asɛm sɛ: “Radio steehyin ahorow a ɛte so paa wɔ United States ha no, ASƐMPA radio steehyin no ka ho. Wɔn a ɛtete mpoano wɔ United States apuei ne atɔe nyinaa tee nea ɛkɔɔ so wɔ radio steehyin no so no bi. Wɔn a wɔwɔ Cuba ne Alaska atifi fam tɔnn nso tee bi. Ná nnipa pii ntee nokware no ho asɛm da, nanso bere a wɔtiee radio steehyin no, wɔn ani gyee ho sɛ wɔbesua ade.”

George Naish

Saa bere no ara, na Bible Asuafo no pɛ sɛ wɔfa radio so ka asɛmpa no wɔ Canada nso. Afe 1924 no, wɔsii radio steehyin foforo a wɔfrɛ no CHUC wɔ Saskatoon a ɛwɔ Saskatchewan no. Radio steehyin a na wɔka nyamesɛm wɔ so no, wei ka nea edii kan baa Canada no ho. Eduu afe 1925 no, na ɛho abehia sɛ wɔyi radio steehyin no fi hɔ kɔ baabi foforo, efisɛ na ɛhɔ ayɛ ketewa. Enti Yehowa ahyehyɛde no tɔɔ agodibea dedaw bi wɔ Saskatoon siesiei, na wɔyii radio steehyin no kɔɔ hɔ.

Radio steehyin yi adaworoma, nnipa pii a wɔtete nkurow nketewa ne nkuraase wɔ Saskatchewan mu no tee asɛmpa no bere a edi kan. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, maame bi a ne din de Owurayere Graham tiee radio so dwumadi no bi; na ɔwɔ kurow bi a atew ne ho so. Ɛno akyi no, ɔkyerɛw kɔmaa anuanom sɛ wɔmmrɛ no yɛn nhoma no bi. Onua George Naish kaa sɛ, “Wohwɛ sɛnea ɔkyerɛw ne nsɛm no a, na asɛ ɔresrɛ yɛn denneennen sɛ yɛmmɛboa no ntɛm. Ɛno nti, yɛde Studies in the Scriptures nhoma no nyinaa bi kɔmaa no.” Ankyɛ koraa na Owurayere Graham fii ase trɛw Ahenni ho asɛmpa no mu.

YƐTEE BIBLE MU ASƐM BI ASE YIYE

Asɛntitiriw bi baa March 1, 1925 Ɔwɛn-Aban no mu a na wɔato din ‘Wɔawo Ɔman No.’ Adɛn nti na na ɛyɛ asɛntitiriw? Ná Bible Asuafo no nim sɛ Satan na odi ahonhommɔne no so. Afei nso, na wɔnim sɛ nyamesom, aguadi, ne amanyɔsɛm a ɛkɔ so wɔ asaase so no, ɔno na wahyehyɛ. Nanso, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nam Ɔwɛn-Aban no mu asɛm no so boaa anuanom ma wɔhui sɛ, Yehowa nso wɔ ahyehyɛde. Ɛno de, ɛne Satan de no nni hwee yɛ, na ɛko tia no. (Mat. 24:45) Wei da nkyɛn a, akoa nokwafo no kyerɛɛ mu sɛ, afe 1914 mu na Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi, na saa afe no ara mu no, ‘ɔko a ɛbaa soro’ no nti, wɔpam Satan ne ahonhommɔne no fii soro baa asaase so.—Adi. 12:​7-9.

Ná ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbegye saa ntease foforo yi atom. Ná anuanom no nim sɛ biribi a ɛte saa betumi asi, enti wɔkaa wɔ Ɔwɛn-Aban no mu sɛ: “Sɛ obi kenkan Ɔwɛn-Aban mu asɛm yi na ɛyɛ den ma no sɛ obegye atom a, yɛhyɛ no nkuran sɛ onnya abotare ntwɛn Awurade na onyi ne yam nsom no daa.”

Tom Eyre a ofi Britain a na ɔyɛ ɔkwampaefo no, ɔkaa sɛnea Bible Asuafo dodow no ara tee nka wɔ Ɔwɛn-Aban no mu asɛm no ho. Ɔkaa sɛ: “Adiyisɛm ti 12 no mu nkyerɛkyerɛmu no, anuanom ani gyee ho paa. Bere a yenya hui sɛ Ahenni no afi ase redi tumi wɔ soro no, na yɛn ho pere yɛn paa sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɛkanyan yɛn ma yɛyeree yɛn ho yɛɛ asɛnka adwuma no, na ɛboa ma yehui sɛ Yehowa bɛyɛ nneɛma pa pii ama ne nkurɔfo daakye.”

YEDII YEHOWA HO ADANSE

Ɛnnɛ, asɛm a ɛwɔ Yesaia 43:10 no, Yehowa Adansefo nim no yiye. Ɛhɔ ka sɛ: “Yehowa asɛm ni: ‘Mone m’adansefo, yiw, m’akoa a mapaw no.’” Afe 1925 mmae no, na wɔnhyɛɛ da nkyerɛkyerɛɛ saa kyerɛwsɛm yi mu wɔ asafo nhoma mu. Nanso afe 1925 mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ Yesaia 43:10 ne 12 mu wɔ Ɔwɛn-Aban ahorow 11 mu!

August afe 1925 awiei no, Bible asuafo no kɔɔ nhyiam bi wɔ Indianapolis a ɛwɔ Indiana. Joseph F. Rutherford kyerɛw asɛm bi wɔ nhyiam program no so a na ɔde rema nhyiamfo no akwaaba. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛbaa saa nhyiam yi sɛ yɛrebɛpɛ . . . ahoɔden afi Awurade hɔ, na yɛatumi de ahoɔden foforo akodi adanse.” Nnafua nwɔtwe a wɔde yɛɛ nhyiam no, wɔhyɛɛ nhyiamfo no nkuran sɛ hokwan biara a wɔbenya no, wɔmfa nni Yehowa ho adanse.

Memeneda August 29 no, Onua Rutherford maa ɔkasa bi a wɔato din “Monyere Mo Ho Nni Adanse.” Ne kasa no mu no, osii so dua sɛ ɛho hia paa sɛ yɛka asɛmpa no. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa ka kyerɛ ne nkurɔfo sɛ . . . : ‘Mone m’adansefo, na mene Onyankopɔn.’ Ɛno akyi no, ɔhyɛɛ mmara yi maa wɔn: ‘Momfa ahyɛnsode nsi hɔ mma nkurɔfo no.’ Nnipakuw biara nni hɔ a wɔbetumi adi Yehowa ho adanse wɔ asaase so, gye ne nkurɔfo a ɔde ne honhom kyerɛ wɔn kwan no.”—Yes. 43:12; 62:10.

“Anidaso Nsɛm” kratawa no.

Anidaso Nsɛm kratawa no

Onua Rutherford maa ne kasa no wiei no, ɔkenkan asɛm bi a wɔato din “Anidaso Nsɛm” kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no. Asɛm a na ɛwom ne sɛ, Onyankopɔn Ahenni no nko ara na daakye ebetumi ama “yɛanya asomdwoe, yɛadi yiye, yɛanya apɔwmuden, nkwa, ahofadi, ne anigye a ɛtena hɔ daa.” Bere a ɔkan wiei no, wɔn a na wɔwɔ hɔ no nyinaa sɔre gyinaa hɔ de kyerɛe sɛ wɔgye tom. Akyiri yi, wɔkyerɛɛ saa “Anidaso Nsɛm” yi ase kɔɔ kasa ahorow bi mu, na wɔyɛɛ no kratawa. Wɔkyekyɛɛ saa kratawa yi bɛyɛ ɔpepem 40 wɔ asɛnka mu.

Mfe pii twaam a Bible Asuafo no amfa edin Yehowa Adansefo no anto wɔn ho so. Nanso nkakrankakra, wɔbehui sɛ ɛho hia paa sɛ wɔdi Yehowa ho adanse.

WƆFII ASE YƐƐ SANKƆHWƐ

Bere a Bible asuafo no yɛɛ bebree wɔ wiase nyinaa no, asafo no hyɛɛ adawurubɔfo no nkuran sɛ wɔnsan nkɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ asɛmpa no ho anigye no. Bere a wɔyɛɛ asɛnka adwuma titiriw bi de kyekyɛɛ Anidaso Nsɛm kratawa no wiei no, Bulletina no kaa sɛ: “Nkurɔfo a momaa wɔn Anidaso Nsɛm kratawa no bi no, monsan nkɔsra wɔn.”

Osuahu a edi so yi baa January 1925 Bulletin no mu; ná efi Bible Suani bi a ɔwɔ Plano a ɛwɔ Texas no hɔ. Ɛka sɛ: “Nea ɛyɛ yɛn nwanwa ne sɛ, asaasesin a yɛayɛ mu adwuma da no, sɛ yɛsan kɔ hɔ a, nkurɔfo tie sen baabi a yɛnkaa asɛm no wɔ hɔ koraa da. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, kurow ketewaa bi a ɛwɔ yɛn asaasesin mu no, mfe du a abɛsen kɔ no, yɛaka asɛmpa no wɔ hɔ mpɛn nnum. . . . Nnansa yi ara, Onuawa Hendrix ne me maame san kɔɔ hɔ, na nhoma a wɔmae no, yɛmmaa bi saa da.”

Panama man no mu nso, ɔkwampaefo bi kyerɛwee sɛ: “Nkurɔfo a mfiase no mekɔ wɔn nkyɛn a na wɔpam me no, wɔn mu pii wɔ hɔ a, sɛ mesan kɔ hɔ mprenu anaa mprɛnsa a, wɔyɛ aso tie me. Enti afe yi de, sankɔhwɛ na mede asi m’ani so paa, na wɔn a mekɔ wɔn nkyɛn no, ebinom tie ma m’ani gye.”

NEA ƐDA YƐN ANIM

Afe 1925 kɔɔ awiei no, Onua Rutherford kyerɛw akwampaefo nyinaa, na ɔkaa nea ɛkɔɔ so wɔ afe no mu ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Afe yi, munyaa hokwan kyekyee nnipa pii a na wɔn werɛ ahow no werɛ, na saa adwuma no maa mo ani gyei paa.” Afei nso, ɔkaa sɛ afe a ɛreba no, wɔbenya hokwan adi Onyankopɔn ne n’ahenni no ho adanse, na ama obiara ahu wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ankasa. Ɔtoaa so sɛ: “Momma yɛn nyinaa nkɔ so nkamfo yɛn Nyankopɔn ne yɛn Hene no, na yenyi no ayɛ.”

Afe 1925 kɔɔ awiei no, anuanom a edi nneɛma anim no yɛɛ adwene sɛ wɔbɛtrɛw Brooklyn Betel no mu. Enti afe 1926 mu no, wɔfii ase sisii adan no bi kaa ho; adwumasono a ɛte saa de, na wɔnyɛɛ bi saa da.

Anuanom resi dan foforo bi.

Wɔresisi adan wɔ Adams Street a ɛwɔ Brooklyn, New York, afe 1926

a Seesei yɛfrɛ no Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena