ADESUA ASƐM 41
DWOM 108 Onyankopɔn DƆ
Onyankopɔn Dɔ Wɔ Hɔ Daa
“Monna Yehowa ase, efisɛ oye; ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”—DW. 136:1.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Ɛbɛma yɛahu sɛ nea Bible ka fa Yehowa dɔ ho no, sɛ yegye di paa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina sɔhwɛ biara a yebehyia ano.
1-2. Ɔhaw bɛn na Kristofo bebree hyia?
YƐNHWƐ ɛhyɛn bi a esi po so; ahum retu na asorɔkye rewosow hyɛn no biribiribiri. Sɛ obiara anto no sɛkyɛ a, asorɔkye no betumi de hyɛn no akɔ baabi a ɛpɛ biara. Nanso sɛ wɔto no sɛkyɛ a, ɛbɛma agyina faako.
2 Sɛ ɔhaw bi reteetee wo a, ebetumi ayɛ te sɛ po so hyɛn no a mframa rewosow no biribiribiri no. Sɛnea wote nka no betumi asesasesa; ɛnnɛ a, wote nka sɛ Yehowa dɔ wo paa na ɔreboa wo, ade bɛkye no na ɛyɛ wo sɛ Yehowa ayi n’ani afi wo so. (Dw. 10:1; 13:1) Ebia w’adamfo bi bɛka awerɛkyekyesɛm bi ama wo koma atɔ wo yam kakra. (Mmeb. 17:17; 25:11) Nanso ɛrenni gyina na woasan akɔ wo dedaw mu. Anhwɛ a wobɛte nka mpo sɛ Yehowa nnɔ wo. Sɛ wuhyia sɔhwɛ a, wobɛyɛ dɛn agyina pintinn te sɛ nea sɛkyɛ ma po so hyɛn gyina faako no? Anaa sɛ yɛbɛka a, wobɛyɛ dɛn anya awerɛhyem bere nyinaa sɛ Yehowa dɔ wo na ɔbɛboa wo?
3. (a) Sɛnea Dwom 31:7 ne 136:1 kyerɛ no, dɛn na ɔdɔ a enni huammɔ kyerɛ? (b) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ obiara nni hɔ a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi sen Yehowa? (Hwɛ mfoni no nso.)
3 Sɛ worehyia sɔhwɛ a, ade baako a ɛbɛboa wo ma woagyina pintinn ne sɛ, wobɛkae sɛ Yehowa dɔ nni huammɔ. (Kenkan Dwom 31:7; 136:1.) Yɛka ɔdɔ a enni huammɔ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi de ne ho bɛbata obi ho denneennen afebɔɔ. Obiara nni hɔ a ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi sen Yehowa. Bible ka sɛ “ne dɔ a enni huammɔ nni ano.” (Ex. 34:6, 7) Bible san ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Wo dɔ a enni huammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.” (Dw. 86:5) Wei kyerɛ sɛ Yehowa rennan n’akyi nkyerɛ n’asomfo anokwafo da! Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den na yɛkae sɛ Yehowa dɔ nni huammɔ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina ano.—Dw. 23:4.
Sɛnea sɛkyɛ mma mframa a ano yɛ den mpia po so hyɛn nkɔ baabiara a ɛpɛ no, yɛn nso sɛ yehyia ɔhaw na yegye di paa sɛ Yehowa dɔ yɛn a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina pintinn (Hwɛ nkyekyɛm 3)
KAE SƐ YEHOWA DƆ YƐ BIBLE NKYERƐKYERƐ A YEGYE HO KYIM A ƐNYƐ YIYE
4. Bible nkyerɛkyerɛ a yegye ho kyim a ɛnyɛ yiye no, ebi ne sɛn, na adɛn nti na obiara rentumi nnaadaa yɛn wɔ ho?
4 Sɛ yɛrehyia sɔhwɛ a, ade foforo a ɛbɛboa yɛn ne sɛ yebegye adi sɛ, ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no, ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a yegye ho kyim a ɛnyɛ yiye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, woresua Bible no, wubehui sɛ Onyankopɔn din de Yehowa, na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro. Wubehui nso sɛ awufo nnim hwee, asaase bɛdan paradise na nnipa de anigye atena so afebɔɔ. Weinom nyinaa yɛ Bible nkyerɛkyerɛ a yegye ho kyim a ɛnyɛ yiye. (Dw. 83:18; Ɔsɛnk. 9:5; Yoh. 3:16; Adi. 21:3, 4) Bere a wusuaa saa nokwasɛm ahorow yi, afei de na obiara rentumi nnaadaa wo, efisɛ wo ara wubehui sɛ saa nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina Bible so. Yɛn nso, ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no, sɛ yegye di sɛ ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a yegye ho kyim a ɛnyɛ yiye a, adwene a ɛne sɛ nea yɛrefa mu no mfa Yehowa ho no, ɛbɛboa yɛn ma yɛabɔ agu. Ɔkwan bɛn so? Momma yɛnhwɛ.
5. Ɔkwan bɛn na obi betumi afa so abɔ atoro nkyerɛkyerɛ agu?
5 Bere a wohyɛɛ ase suaa Bible no, dɛn na ɛboaa wo ma wobɔɔ atoro nkyerɛkyerɛ gui? Ebia nea na wɔakyerɛkyerɛ wo wɔ wo som mu no, wode totoo nea Bible kyerɛkyerɛ no ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia na wugye di sɛ Yesu, ɔno ara ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Nanso bere a wugu so resua Bible no, wubisaa wo ho sɛ: ‘Enti saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ nokware?’ Bere a wuhuu nea Bible kyerɛkyerɛ no, wubegye dii sɛ ɛsono Yesu, ɛnna ɛsono Onyankopɔn. Enti wobɔɔ atoro nkyerɛkyerɛ no gui, na wubegye dii sɛ Yesu ne “abɔde nyinaa mu abakan,” “Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no.” (Kol. 1:15; Yoh. 3:18) Ɛwom, atoro nkyerɛkyerɛ ‘ase betumi atim denneennen,’ na ayɛ den sɛ yebetu ase. (2 Kor. 10:4, 5) Nanso bere a woyeree wo ho tuu ase no, wo kɔn annɔ atoro nkyerɛkyerɛ no bio.—Filip. 3:13.
6. Asɛm a ɛne sɛ Yehowa “dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa” no, adɛn nti na epue mpɛn pii wɔ Dwom 136 no mu?
6 Sɛ worehyia sɔhwɛ na w’adwene yɛ wo sɛ Yehowa nnɔ wo a, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Enti ɛyɛ ampa paa sɛ Yehowa nnɔ me?’ Afei adwene a woanya no, fa toto asɛm a ɛwɔ Dwom 136:1 no ho hwɛ; ɛno ne kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so. Ɛno akyi no, susuw saa nsɛmmisa yi ho: Adɛn nti na Yehowa ka sɛ ne dɔ “nni huammɔ”? Asɛm a ɛne sɛ “ne dɔ nni huammɔ; ɛwɔ hɔ daa” no, adɛn nti na epue wɔ saa dwom no mu mpɛn 26? Efisɛ sɛnea yɛadi kan ahu no, ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a obiara ntumi nnye ho kyim; ɛte sɛ Bible nkyerɛkyerɛ afoforo a woagye atom no ara. Adwene a ɛne sɛ Yehowa nnɔ wo anaa obu wo sɛ wo so nni mfaso no, ɛyɛ atoro. Enti sɛnea wobɛbɔ atoro nkyerɛkyerɛ biara agu ntɛm ara no, wei nso bɔ gu ntɛm ara!
7. Bible mu nsɛm a ɛma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn no, ka bi ho asɛm.
7 Nsɛm afoforo pii wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Mo ho hia sen nkasanoma bebree.” (Mat. 10:31) Yehowa ankasa nso ka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: “Mɛhyɛ wo den, yiw, mɛboa wo, mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.” (Yes. 41:10) Wo de hwɛ oo, Yesu anka sɛ ‘Ɛbɛyɛ sɛ mo ho hia sen nkasanoma bebree,’ mmom ɔkaa sɛ, “Mo ho hia sen nkasanoma bebree.” Yehowa nso anka sɛ ‘Ebia mɛboa wo,’ mmom ɔkaa sɛ “mɛboa wo.” Yehowa ne Yesu nyinaa sii wɔn asɛm no pi. Enti sɛ wuhyia sɔhwɛ na ɛyɛ wo sɛ Yehowa nnɔ wo a, Bible mu nsɛm a ɛtete sei betumi aboa wo ma woagye adi paa sɛ Yehowa dɔ wo, efisɛ ɛyɛ nokwasɛm turodoo a obiara ntumi nnye ho kyim. Wei nti adwene a woanya sɛ Yehowa nnɔ wo no, ka ho asɛm kyerɛ no na dwinnwen Bible mu nsɛm a yɛaka ho asɛm no ho. Afei nso, Bible mu nsɛm afoforo a ɛtete sei no, wubetumi adwinnwen ɛno nso ho. Woyɛ saa a, wubetumi aka asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 4:16 no bi. Ɛhɔ ka sɛ: “Yɛabehu, na yegye di sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn.”a
8. Sɛ ɛtɔ da na wote nka sɛ Yehowa nnɔ wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wokae?
8 Nea yɛaka yi nyinaa akyi no, ebia ɛtɔ da a wobɛte nka sɛ Yehowa nnɔ wo. Ɛba saa a, kae sɛ saa atenka no de, ɛyɛ atenka kɛkɛ, efisɛ woasua Bible ahu sɛ Yehowa dɔ yɛn papaapa, na ɛyɛ nokwasɛm a obiara ntumi nnye ho kyim. Enti sɛ yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, ɛkyerɛ sɛ Bible mu nokwasɛm a ɛne sɛ “Onyankopɔn ne dɔ” no, yɛreyɛ abu yɛn ani agu so.—1 Yoh. 4:8.
SƐNEA YEHOWA ‘PƐ W’ASƐM’ NO, DWINNWEN HO
9-10. Bere a Yesu kaa wɔ Yohane 16:26, 27 sɛ “Agya no ankasa pɛ mo asɛm” no, dɛn na na ɔreka ho asɛm? (Hwɛ mfoni no nso.)
9 Sɛ yɛhwɛ asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no a, ɛma yɛte Yehowa dɔ ase yiye. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Agya no ankasa pɛ mo asɛm.” (Kenkan Yohane 16:26, 27.) Sɛ yɛhwɛ asɛm a Yesu kae ansa na ɔreka saa asɛm no a, ɛma yehu sɛ ɛnyɛ sɛ na ɔreka asɛm bi ama n’asuafo no ani agye kɛkɛ, mmom na ɔreka mpaebɔ ho asɛm.
10 Ná Yesu aka akyerɛ n’asuafo no sɛ ɛnyɛ ɔno na ɛsɛ sɛ wɔbɔ no mpae, na mmom wɔmmɔ mpae wɔ ne din mu. (Yoh. 16:23, 24) Ná ɛho hia sɛ Yesu ma wɔhu saa nokwasɛm no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ne wusɔre akyi no, ebia na n’asuafo no benya adwene sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ no mpae. Ade yi, na Yesu abɛyɛ wɔn adamfo. Enti ebia na wɔn adwene bɛyɛ wɔn sɛ esiane sɛ Yesu pɛ wɔn asɛm nti, sɛ wɔde wɔn adesrɛ to n’anim a, obetie na ɔde akɔto n’Agya anim ama wɔn. Nanso na Yesu mpɛ sɛ wɔbenya saa adwene no. Adɛn ntia? Efisɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Agya no ankasa pɛ mo asɛm.” Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, ɔno ankasa yɛ aso tie yɛn mpaebɔ. Wei yɛ nokwasɛm turodoo a ɛwɔ Bible mu. Wo nso, woasua Bible abehu Yesu, na wodɔ no. (Yoh. 14:21) Nanso sɛnea asuafo no ammɔ Yesu mpae na mmom wɔbɔɔ Onyankopɔn mpae no, wo nso wubetumi de ahotoso abɔ Onyankopɔn mpae efisɛ wunim sɛ ‘ɔno ankasa pɛ w’asɛm.’ Bere biara a wobɛbɔ Yehowa mpae no, ɛkyerɛ sɛ wugye saa asɛm no di.—1 Yoh. 5:14.
Wubetumi de ahotoso abɔ Onyankopɔn mpae efisɛ wunim sɛ ‘ɔno ankasa pɛ w’asɛm’ (Hwɛ nkyekyɛm 9-10)b
HU BAABI A ADWENEM NAAYƐ NO FI BA
11. Sɛ yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, hena na n’ani gye, na adɛn ntia?
11 Hena na ɔma yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn? Ebia wobɛka sɛ ɛyɛ Satan; woka saa a wommoa efisɛ ɔno nso ka ho. Bible ka sɛ Ɔbonsam ‘repɛ yɛn akyere yɛn awe,’ enti sɛ yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, ɛnde na wato adi. (1 Pet. 5:8) Yenim sɛ ɔdɔ a Yehowa dɔ yɛn nti na ɔde agyede no mae, nanso Satan pɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛmfata sɛ Yehowa de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Heb. 2:9) Enti sɛ yenya saa adwene no a, wohwɛ a hena na n’ani gye? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Satan. Afei nso, sɛ yehyia sɔhwɛ na yɛn abam bu a, hena na odi ahurusi? Satan koro yi ara. Satan ani atew paa. Wo de hwɛ oo, ɔno a Yehowa nnɔ no na wayi no afi ne mma mu no, ɔpɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛn mmom na Yehowa apo yɛn. (Efe. 6:11) Sɛ yehu adwene a Ɔbonsam kura a, ɛbɛma yɛawe ataa so sɛ ‘yebesiw no kwan.’—Yak. 4:7.
12-13. Dɛn bio na etumi ma yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn?
12 Dɛn bio na etumi ma yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn? Ɛyɛ bɔne a wɔde awo yɛn no. (Dw. 51:5; Rom. 5:12) Bɔne ama yɛne yɛn Nyankopɔn no ntam atetew. Afei nso, asɛe yɛn adwene ne yɛn koma, na ama nneɛma nkɔ yiye wɔ yɛn nipadua nso mu.
13 Bɔne a wɔde awo yɛn no tumi teetee yɛn paa; ɛma yɛn adwene tumi tu fra, na ɛma yɛyɛ hahaaha. Afei nso, ɛma yetumi te nka sɛ mfaso nni yɛn so, na biribiara nni hɔ a yɛyɛ a ɛbɛsɔ Yehowa ani. Sɛ yɛyɛ bɔne a, yetumi te nka saa. Ɛno da nkyɛn a, sɛ yɛkae sɛ yɛyɛ abɔnefo a, ɛno nso ma yetumi nya saa atenka no, efisɛ ɛnyɛ saa koraa na Yehowa bɔɔ yɛn. (Rom. 8:20, 21) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ kar bi tae dwo a, entumi nkɔ yiye. Yɛn nso, bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti, yɛte sɛ kar a ne tae adwo, enti nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ paa no, yentumi nyɛ. Enti sɛ ɛtɔ da na ɛyɛ den sɛ yebegye atom sɛ Yehowa dɔ yɛn a, ɛnyɛ nwanwa. Sɛ saa adwene no ba yɛn tirim a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa yɛ ‘Onyankopɔn a ɔyɛ kɛse; ɔda ɔdɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara nsɛm so.’—Neh. 1:5.
14. Sɛ ɛyɛ yɛn sɛ Yehowa rentumi nnɔ yɛn da a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayi adwenem naayɛ a ɛte saa afi hɔ? (Romafo 5:8) (Adaka a yɛato din “Hwɛ Yiye Wɔ ‘Bɔne Nnaadaa’ Ho” no, hwɛ ɛno nso.)
14 Ɛwom ara a, yebetumi ate nka sɛ yɛmfata sɛ Yehowa dɔ yɛn. Na yɛhwɛ mu paa nso a, ɛyɛ nokware, enti ne dɔ a wayi no adi akyerɛ yɛn no, ɛyɛ nwanwa paa. Ɛnyɛ yɛn mmɔdenbɔ bi nti na Yehowa yi ne dɔ adi kyerɛ yɛn. Nanso esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti, ɔnam agyede no so de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (1 Yoh. 4:10) Kae nso sɛ, ɛnyɛ atreneefo nti na Yesu bae, mmom abɔnefo nti na ɔbae. (Kenkan Romafo 5:8.) Yɛn mu biara nso nni hɔ a papa nko ara na ɔyɛ a ɔnyɛ bɔne, na Yehowa mpo nim saa. Besi ha yi, yɛahu sɛ bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti na ɛtɔ da a yɛte nka sɛ Yehowa nnɔ yɛn no. Sɛ yɛma saa nokwasɛm yi tena yɛn tirim a, ɛbɛboa yɛn ma yɛayere yɛn ho paa ako atia adwenem naayɛ a ɛte saa.—Rom. 7:24, 25.
SI W’ADWENE PI SƐ WOBƐKƆ SO ABATA YEHOWA HO
15-16. Sɛ yɛkɔ so bata Yehowa ho a, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya, na adɛn ntia? (2 Samuel 22:26)
15 Yehowa pɛ sɛ yɛn ara yefi yɛn pɛ mu si gyinae sɛ ‘yɛbɛbata ne ho.’ (Deut. 30:19, 20) Sɛ yɛyɛ saa a yebetumi anya awerɛhyem sɛ, ɔhaw biara a yebehyia wɔ yɛn asetenam no, ɔno nso rennan n’akyi nkyerɛ yɛn da; obetwitwa agye yɛn.—Kenkan 2 Samuel 22:26.
16 Adesua yi mu no, yɛahu sɛ, sɛ yehyia sɔhwɛ a, nim a yenim sɛ Yehowa dɔ yɛn na ɔrennan n’akyi nkyerɛ yɛn da no, ebetumi ayɛ sɛ sɛkyɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina pintinn. Wei yɛ Bible mu nokwasɛm turodoo. Enti ɛwom ara na yɛte nka sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛno yɛ atenka kɛkɛ; nokwasɛm a ɛwom paa ne sɛ Yehowa dɔ yɛn. Momma yɛn nyinaa nkɔ so nnya awerɛhyem sɛ, sɛnea Bible kyerɛkyerɛ no, Yehowa dɔ a enni huammɔ no wɔ hɔ daa.
DWOM 159 Monhyɛ Yehowa Anuonyam
a Bible mu nsɛm afoforo a yebetumi adwinnwen ho ne Deuteronomium 31:8; Dwom 94:14 ne Yesaia 49:15.
b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi rebɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no na ɔnhwɛ ne yere a ɔyare, ɔmma no nyansa a ɔde bɛtoto ne sikasɛm yiye, na ɔmmoa no mma ontumi ntete ne babea mma ɔmmɛdɔ Yehowa.