ADESUA ASƐM 44
DWOM 138 Hwɛ Sɛnea Dwen Yɛ Fɛ
Ma W’ani Nnye Wɔ Wo Nkwakoraabere Anaa Wo Mmerewabere Mu
‘Sɛ wonyin a, wɔbɛsow aba.’—DW. 92:14.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Nea enti a ɛho hia sɛ nkwakoraa ne mmerewa ma wɔn ani gye, ne nea wɔbetumi ayɛ ama wɔn ani agye.
1-2. Sɛn na Yehowa hu nkwakoraa ne mmerewa a wɔsom no? (Dwom 92:12-14; hwɛ mfoni no nso.)
MMEAE bi wɔ hɔ a, sɛ obi hu sɛ ɔrenyin a, n’ani gye efisɛ onim sɛ nkurɔfo de nidi bɛma no. Mmeae afoforo nso de, sɛ obi hu sɛ ɔrenyin a na biribi reyɛ no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔhu sɛ dwen reba wɔn tirim a, na wɔretutu. Nanso sɛ wɔtutu sɛ dɛn koraa a, onyin no de wɔrentumi nkwati.
2 Yɛn soro Agya no nso ɛ, sɛn na ohu nkwakoraa ne mmerewa a wɔsom no? (Mmeb. 16:31) Ɔde wɔn toto nnua a ɛyɛ fɛ ho. (Kenkan Dwom 92:12-14.) Adɛn nti na saa ntotoho no fata? Nnua a anyinyin paa no, ɛtaa yɛ fɛ, efisɛ ɛyɛ a nhwiren ne ahaban pii wɔ so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, dua bi wɔ Japan a etumi nyin kyɛ paa; etumi di boro mfe apem mpo. Yehowa ani so no, nkwakoraa ne mmerewa te sɛ saa nnua a ɛyɛ fɛ no. Ɛnyɛ nkwakoraa ne mmerewa ti so dwen no nko ara na ohu, mmom wɔn suban a ɛyɛ fɛ, wɔn nokwaredi ne animia a wɔde asom no mfe pii no, ɛno paa na ohu.
Nnua bebree wɔ hɔ a, ɛrenyini nyinaa na ɛreyɛ fɛ. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔde nokwaredi som Yehowa no nso wɔn suban yɛ fɛ (Hwɛ nkyekyɛm 2)
3. Sɛnea Yehowa de wɔn a wɔn mfe akɔ anim dii dwuma maa n’atirimpɔw baa mu no, ma ho nhwɛso.
3 Sɛ obi bɔ akwakoraa anaa aberewa a, ɛnkyerɛ sɛ ɔnsom bo mma Yehowa bio.a Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa taa de wɔn a wɔn mfe akɔ anim di dwuma ma n’atirimpɔw bam. Sara sei, bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ aman pii befi ne mu aba na n’aseni na ɔbɛwo Mesia no, na wanyin paa. (Gen. 17:15-19) Mose nso, bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ onkogye Israelfo no mfi Egypt nkoasom mu no, na ne mfe akɔ anim. (Ex. 7:6, 7) Afei nso, bere a Yehowa maa ɔsomafo Yohane kyerɛw Bible mu nhoma nnum no, na wabɔ akwakoraa.
4. Sɛnea Mmebusɛm 15:15 kyerɛ no, dɛn na ebetumi aboa nkwakoraa ne mmerewa ama wɔagyina ɔhaw a wɔhyia no ano? (Hwɛ mfoni no nso.)
4 Nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ de ɔhaw bebree na ɛnam. Onuawa bi kaa sɛ, “Mpanyinyɛ nna fam koraa.” Nanso sɛ nkwakoraa ne mmerewa wɔ anigyeb a, ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi agyina ɔhaw a mpanyinyɛ de ba no ano. (Kenkan Mmebusɛm 15:15.) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma pɔtee bi a wɔn a wɔn mfe akɔ anim betumi ayɛ na ama wɔn ani agye. Afei nso, wɔn a nkwakoraa ne mmerewa wɔ wɔn asafo mu no, yɛbɛhwɛ nea wɔbetumi ayɛ de aboa wɔn. Momma yenni kan nhwɛ nea enti a ebetumi ayɛ den sɛ nkwakoraa ne mmerewa ani begye.
Sɛ nkwakoraa ne mmerewa wɔ anigye a, ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi agyina ɔhaw a mpanyinyɛ de ba no ano (Hwɛ nkyekyɛm 4)
SƐNEA MPANYINYƐ BETUMI AMA AYƐ DEN SƐ W’ANI BEGYE
5. Dɛn na ebetumi ama nkwakoraa ne mmerewa binom abam abu?
5 Dɛn na ebetumi ama w’abam abu? Ebia wokae bere a na woyɛ aberante anaa ababaa a na wowɔ apɔwmuden no. Nanso seesei wohwɛ sɛnea woagow anaa woayɛ mmerɛw no a, ebetumi ama wo werɛ ahow. (Ɔsɛnk. 7:10) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, onuawa bi a ne din de Ruby ka sɛ: “Merehyɛ ataade koraa a na ayɛ den ama me, efisɛ me honam tumi tutu me saa ara. Ɛtɔ da a, me nan kɛkɛ a mɛpagyaw de ahyɛ sɔks mu koraa nna fam. Sesaborɔ ama me nsa ayɛ titiritii, enti nneɛma nketenkete mpo, mintumi nyɛ.” Harold a bere bi na ɔsom wɔ Betel no nso ka sɛ: “Mitumi bisa me ho sɛ, ‘Me paa me ni?’ Nneɛma a na mitumi yɛ no, seesei mintumi nyɛ, mihu saa a, na me bo afuw me ho sei. Meyɛ aberante no, mmirika a mmirika, bɔɔl a bɔɔl. Ná mepɛ baseball paa. Ná nkurɔfo taa ka sɛ, ‘Montow bɔɔl no mma Harold na ɔno de, ɔrento mfom, ɔbɛhyɛ.’ Nanso seesei de, minnye nni sɛ metumi atow bɔɔl no mpo.”
6. (a) Dɛn bio na ebetumi ama nkwakoraa ne mmerewa abam abu? (b) Dɛn na ebetumi aboa nkwakoraa ne mmerewa ama wɔahu sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ka kar anaa ɛsɛ sɛ wɔgyae? (Hwɛ asɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu a yɛato din “Ɛsɛ Sɛ Migyae Karka Anaa?” no.)
6 Nneɛma a kan no na wutumi yɛ no, seesei ebia gye sɛ obi boa wo ansa na woatumi ayɛ. Wei betumi ama w’abam abu. Yɛrekasa yi, ebia na ɛho abehia sɛ obi bɛtena wo nkyɛn hwɛ wo, anaa wutu kɔtena wo ba bi nkyɛn. Ebi nso a woyare anaa w’ani sɛe ara na ɛresɛe, enti wuntumi nkɔ baabi a wopɛ sɛ wokɔ anaa wuntumi nka kar. Wei betumi ateetee wo paa! Sɛ worehyia ɔhaw a ɛte saa a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa te wo ase. Nanso kae sɛ, ɛnyɛ hwɛ a wo ara wubetumi ahwɛ wo ho a obiara mmoa wo, anaa kar a wobɛka no na ɛkyerɛ sɛ wosom bo ma Yehowa anaa afoforo. Mmom ɔdɔ ne anisɔ a wowɔ ma Yehowa ne wo nuanom Kristofo no, ɛno paa na ɛkyerɛ sɛ wosom bo.—1 Sam. 16:7.
7. Wɔn a wɔn werɛ ahow esiane sɛ wɔte nka sɛ anhwɛ a wɔbewu ansa na awiei no aba no, dɛn na ebetumi aboa wɔn?
7 Ebia wo werɛ ahow efisɛ ɛyɛ wo sɛ anhwɛ a na woawu ansa na Armagedon aba. Sɛ wote nka saa a, dɛn na ebetumi aboa wo? Bɔ mmɔden hu sɛ Yehowa ato ne bo ase retwɛn akosi baabi ansa na wasɛe wiase bɔne yi. (Yes. 30:18) Adɛn ntia? Efisɛ ɔpɛ sɛ nnipa ɔpepem pii nya hokwan sua ne ho ade na wɔbɛsom no. (2 Pet. 3:9) Enti sɛ w’abam bu a, kae sɛ nnipa bebree betumi abɛsom Yehowa ansa na awiei no aba. Ebia na w’abusuafo bi mpo ka ho.
8. Sɛn na mpanyinyɛ betumi ama nkwakoraa ne mmerewa ayɛ wɔn ade?
8 Ɛmfa ho mfe a yɛadi biara no, sɛ yɛyare a, yebetumi aka biribi anaa yɛayɛ biribi a ɛmfa kwan mu. (Ɔsɛnk. 7:7; Yak. 3:2) Hiob sei, bere a na ɔrehu amane no, ne ‘kasa yɛɛ hatuhatu.’ (Hiob 6:1-3) Afei nso, yare nti, nkwakoraa ne mmerewa betumi akeka nsɛm bi anaa wɔayɛ biribi a ɛhaw adwene. Nanso sɛ yɛanyinyin anaa yɛyare mpo a, ɛnkyerɛ sɛ yebetumi akeka nsɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ afoforo anaa yɛahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ biribi mma yɛn. Sɛ yehu sɛ yɛaka asɛm bi ma ahaw obi a, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛpa kyɛw.—Mat. 5:23, 24.
NEA WUBETUMI AYƐ AMA W’ANI AGYE
Sɛ mpanyinyɛ reteetee wo a, dɛn na wubetumi ayɛ ama w’ani agye? (Hwɛ nkyekyɛm 9-13)
9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma afoforo boa wo? (Hwɛ mfoni no nso.)
9 Ma afoforo mmoa wo. (Gal. 6:2) Mfiase no, ebetumi ayɛ den ama wo. Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Gretl. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ mɛka akyerɛ afoforo sɛ wɔmmoa me, efisɛ mete nka sɛ merehaw wɔn. Nanso mabehu sɛ mihia mmoa, enti nkakrankakra masesa saa adwene no.” Sɛ woma afoforo boa wo a, ɛma wɔn nso ani gye. (Aso. 20:35) Afei nso, wo ara wubehu sɛ sɛɛ na nkurɔfo pɛ w’asɛm na wɔdwen wo ho.
(Hwɛ nkyekyɛm 9)
10. Nea afoforo yɛ ma wo no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woda wɔn ase wɔ ho? (Hwɛ mfoni no nso.)
10 Kyerɛ nea afoforo yɛ ma wo ho anisɔ. (Kol. 3:15; 1 Tes. 5:18) Sɛ afoforo yɛ nneɛma pa ma yɛn a, yɛn ani sɔ, nso yɛn werɛ betumi afi sɛ yɛbɛda wɔn ase. Nanso sɛ yefi yɛn komam da wɔn ase a, ɛma wɔhu sɛ yɛn ani sɔ nea wɔyɛ ma yɛn no paa. Leah yɛ onuawa a ɔhwɛ Betelfo a wɔn mfe akɔ anim. Ɔka sɛ: “Anuanom mmea a mehwɛ wɔn no, ɛyɛ a wɔn mu baako kyerɛw nsɛm gu nkrataa so de da me ase; ɛyɛ nsɛm ntiantiaa, nanso ɛka koma paa. Sɛ mekenkan nsɛm a ɔkyerɛw brɛ me no a, ɛma m’ani gye paa, efisɛ ɛma mihu sɛ mmoa a mede ma no no, n’ani sɔ.”
(Hwɛ nkyekyɛm 10)
11. Wobɛyɛ dɛn aboa afoforo? (Hwɛ mfoni no nso.)
11 Bɔ mmɔden boa afoforo. Sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden boa afoforo a, ɛremma wunnwinnwen wo haw ho mmoro so. Afrika abebusɛm bi ka sɛ, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, wɔte sɛ nhomakorabea bi a nhoma a nyansa ahyɛ mu ma abu so wɔ hɔ. Nanso sɛ obiara ankenkan saa nhoma no a, mfaso biara remma so. Suahu ne nimdeɛ a nkwakoraa ne mmerewa wɔ no nso, sɛ wɔde hyɛ wɔn ho a, ɛbɛyɛ dɛn na mmerante ne mmabaa anya so mfaso? Enti wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ; bisabisa wɔn nsɛm; na yɛ aso tie wɔn. Boa wɔn ma wɔnhu sɛ, sɛ wɔde Yehowa afotu bɔ wɔn bra a, ebesi wɔn yiye bere nyinaa na ɛbɛma wɔn ani agye. Sɛ wofa mmerante ne mmabaa nnamfo na wokyekye wɔn werɛ hyɛ wɔn nkuran a, akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye paa.—Dw. 71:18.
(Hwɛ nkyekyɛm 11)
12. Sɛnea Yesaia 46:4 kyerɛ no, dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama nkwakoraa ne mmerewa? (Hwɛ mfoni no nso.)
12 Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo ahoɔden. Ɛtɔ da a wubetumi ate nka sɛ wo mu nsu atwe, na ebetumi ama wo werɛ ahow. Nanso kae sɛ Yehowa de, “ɔmmrɛ da na n’ahoɔden nsa da.” (Yes. 40:28) Sɛn na Yehowa de n’ahoɔden a ɛnsa da no di dwuma? Baako ne sɛ nkwakoraa ne mmerewa a wɔdi nokware ma no no, ɔde hyɛ wɔn den. (Yes. 40:29-31) Nokwasɛm ne sɛ, wahyɛ wɔn bɔ mpo sɛ ɔbɛboa wɔn. (Kenkan Yesaia 46:4.) Yehowa nso de, odi ne bɔhyɛ so bere nyinaa. (Yos. 23:14; Yes. 55:10, 11) Enti sɛ wobɔ mpae na wuhu sɛ Yehowa reboa wo a, wubehu sɛ ɔdɔ wo, na wei bɛma w’ani agye paa.
(Hwɛ nkyekyɛm 12)
13. Sɛnea 2 Korintofo 4:16-18 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? (Hwɛ mfoni no nso.)
13 Kae sɛ nea worefa mu no, ɛbɛba awiei nnansa yi ara. Sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a emu yɛ den na yɛkae sɛ ɛrenkyɛ biara na aba awiei a, ɛma yetumi gyina ano. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ mpanyinyɛ ne yare nyinaa befi hɔ. (Hiob 33:25; Yes. 33:24) Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ woyɛ aberante anaa ababaa no, na wusi pi si ta. Nanso kae sɛ ahoɔfɛ ne apɔwmuden a edi mu paa no, afei koraa na wo nsa rebɛka, enti ma w’ani nnye. (Kenkan 2 Korintofo 4:16-18.) Ɛnde, yɛnhwɛ nea afoforo nso betumi ayɛ de aboa.
(Hwɛ nkyekyɛm 13)
NEA AFOFORO BETUMI AYƐ DE ABOA
14. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔsra wɔn anaa yɛfrɛ wɔn?
14 Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, ɛyɛ a taa frɛ wɔn anaa taa kɔsra wɔn. (Heb. 13:16) Nkwakoraa ne mmerewa betumi ate nka sɛ wɔayɛ ankonam. Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Camille. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ maka dan mu nti, ɛyɛ a m’ani nka koraa. Ɛtɔ da a mete nka sɛ gyata akwakoraa bi a yɛaka no ahyɛ buw mu, enti ɛyɛ a na m’adwene atu afra.” Sɛ yɛkɔsra wɔn a wɔn mfe akɔ anim no a, ɛma wɔhu sɛ wɔn ho hia yɛn na yɛdɔ wɔn. Ɛtɔ da a, yetumi yɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛfrɛ onua anaa onuawa bi a ne mfe akɔ anim a ɔwɔ yɛn asafo mu anaa yɛbɛkɔ akɔsra no, nso wobɛhwɛ no na yɛn werɛ afi anaa biribi abɛbom. Ɛwom sɛ yenni adaagye, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, wɔn a wɔn mfe akɔ anim a yɛbɛkɔ akɔsra wɔn no, ɛka “nneɛma a ehia paa” no ho. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛammu yɛn ani angu so? (Filip. 1:10) Ɛda a wopɛ sɛ wofrɛ akwakoraa anaa aberewa bi a ɔwɔ w’asafo mu anaa wosɛnde no tɛs mɛsegye no, wubetumi akyerɛw ahyɛ wo kalenda so anaa woakyerɛw ato baabi a wubehu no ntɛm na akae wo. Wubetumi nso ayi da pɔtee bi asi hɔ de akɔsra wɔn.
15. Dɛn na mmerante ne mmabaa betumi ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim abom ayɛ?
15 Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa na wopɛ sɛ wokɔsra akwakoraa anaa aberewa bi a, nkɔmmɔ a wo ne no bɛbɔ anaa nea wo ne no bɛyɛ ama n’ani agye no, ebetumi ayɛ wo dadwen. Nanso mma ɛno nnhaw wo. Nea ehia ara ne sɛ wobɛma wahu sɛ wopɛ n’asɛm. (Mmeb. 17:17) Wubetumi ne nkwakoraa ne mmerewa abɔ nkɔmmɔ ansa na moafi adesua ase anaa bere a moapɔn. Kyerɛwsɛm bi a ɛda wɔn koma so paa anaa aseresɛm bi a esii wɔ wɔn mmofraberem no, wubetumi ama wɔaka akyerɛ wo. Afei nso, wubetumi ato nsa afrɛ wɔn ne wɔn abom ahwɛ JW Broadcasting® dwumadi no bi. Wubetumi ayɛ nneɛma pɔtee bi nso de aboa wɔn. Ebi ne sɛ wobɛhwɛ sɛ wɔn fon anaa wɔn tablɛt yɛ adwuma yiye, anaa wobɛboa wɔn ma wɔatwe nneɛma foforo a aba wɔ JW Library so no bi. Onuawa bi a ne din de Carol ka sɛ: “Ɛwom sɛ me mfe akɔ anim, nanso mempɛ sɛ mɛyɛ moamoa. M’ani gye ho sɛ mɛkɔ akɔyɛ hyɔpin, mepue akodidi, na mapue akɔhwɛ Yehowa abɔde. Enti nneɛma a w’ani gye ho no, wubetumi ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no abom ayɛ.” Onuawa bi nso a ɔde Maira ka sɛ: “M’adamfo baako adi mfe 90. Ɔkyɛn me mfe 57, nanso ɛyɛ a minhu mpo, efisɛ yɛbom gye yɛn ani hwɛ sini. Sɛ ɔhaw bi ba nso a, yɛn mu biara tumi hwehwɛ afotu fi ne yɔnko hɔ.”
16. Sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no rekɔ ayaresabea na wukogya wɔn a, adɛn nti na ebetumi aboa wɔn?
16 Sɛ wɔrekɔ ayaresabea a, wo ne wɔn nkɔ. Wubetumi de wɔn akɔ ayaresabea hɔ na woahwɛ nso ama adɔktafo ne anɛɛsefo no ahwɛ wɔn yiye. (Yes. 1:17) Nea dɔkta no bɛka nso, wubetumi akyerɛw ama no. Onuawa bi a ne mfe akɔ anim a ne din de Ruth ka sɛ: “Mpɛn pii no, sɛ mekɔ ayaresabea a, ɛyɛ a dɔkta no mfa asɛm a meka no aniberesɛm. Adɔktafo no bi tumi ka kyerɛ me sɛ, ‘Wonyare; w’adwene na ɛyɛ wo saa.’ Nanso sɛ obi ka me ho a, wɔne me di no yiye. Meda anuanom a ɛyɛ a wɔkogya me wɔ ayaresabea no ase paa.”
17. Asɛnka adwuma no fã bɛn na wubetumi ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ayɛ?
17 Wo ne wɔn nkɔ asɛnka. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, wɔn mu bi wɔ hɔ a ebia wɔnni ahoɔden a wɔde bɛyɛ afie afie asɛnka no. Wei nti, wubetumi ama wɔn mu bi abɛka wo ho na moakɔyɛ trɔk adansedi. Wubetumi mpo apɛ akongua asi trɔk no nkyɛn ma wɔatena ase. Anaasɛ wubetumi ne wɔn akɔyɛ wo Bible adesua, ebi mpo a wubetumi akɔyɛ wɔ wɔn fie. Asafo mu mpanyimfo nso betumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔakɔyɛ asɛnka nhyiam wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bi fie. Wei bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ asɛnka mu. Biribiara a yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, yɛdɔ wɔn na yɛn ani ku wɔn ho no, Yehowa ani sɔ.—Mmeb. 3:27; Rom. 12:10.
18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
18 Yɛabehu sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no, Yehowa dɔ wɔn na wɔsom bo ma no. Yɛn nso, wɔsom bo ma yɛn. Mpanyinyɛ nna fam, nanso Yehowa mmoa so nti mo ani betumi agye. (Dw. 37:25) Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ woyɛ aberante anaa ababaa no, na wusi pi si ta. Nanso kae sɛ ahoɔfɛ ne apɔwmuden a edi mu paa no, afei koraa na wo nsa rebɛka, enti ma w’ani nnye! Nanso yɛmfa no sɛ yɛn mu bi rehwɛ ne busuani a ne mfe akɔ anim, ne ba, anaa n’adamfo bi a ɔyare. Sɛ saa a, dɛn na ɛbɛboa no ama n’ani agye? Yebenya saa asɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.
DWOM 30 M’agya, Me Nyankopɔn, ne M’adamfo
a Hwɛ video a yɛato din, Mo a Mo Mfe Akɔ Anim No—Yɛn Ani Sɔ Mo Nnwuma. Ɛwɔ jw.org anaa JW Library®.