BIBLE MU ASƐM BI
Fa Wo “Honhom Mu Akyɛde” No Di Dwuma
Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bɔ a, obiara hyɛ ne yɔnko nkuran. Nanso, sɛ nkuranhyɛ a ɛte saa bɛkɔ yiye a, ehia sɛ yɛyɛ pii ka ho. Hokwan a yɛwɔ sɛ yɛhyɛ yɛn nuanom gyidi den no, Bible ka ho asɛm sɛ ɛyɛ “honhom mu akyɛde.” (Rom. 1:11, 12) Yɛbɛyɛ dɛn de akyɛde yi adi dwuma yiye?
Fa w’anom nsɛm hyɛ afoforo nkuran. Wubetumi ama mmuae wɔ asafo nhyiam ase, nanso hwɛ na ankɔyɛ nea w’adwene kyerɛ wo anaa nea ɛfa w’abrabɔ mu nsɛm nko ara ho. Mmom nea woasua afi Bible mu, Yehowa anaa anuanom anokwafo hɔ no, wubetumi aka ho asɛm. Afei nso, yɛne yɛn nuanom hyia a, ɛsɛ sɛ nkɔmmɔ a yɛbɛbɔ no yɛ nea ɛbɛhyɛ wɔn gyidi den.
Fa wo nneyɛe ne wo gyinaesi hyɛ anuanom nkuran. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia afoforo hu sɛ nneɛma nkɔ yiye mma wo, nanso woda so ara reyɛ bere nyinaa som adwuma no. Ebi nso a, yare bi reteetee wo anaa w’adwuma mma wunnya wo ho atwaye koraa, nanso womma nnawɔtwe mfinimfini adesua no mpa wo ti so. Weinom nyinaa afoforo hu a, ɛhyɛ wɔn nkuran paa.
Wode w’anom nsɛm ne wo nneyɛe hyɛ afoforo nkuran anaa? Nea wo nuanom nso yɛ de hyɛ wo nkuran no, ɛyɛ a wuhu anaa?