Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 168
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Mpena Aware Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Bible Ka Fa Mpena Aware Ho?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbarima ware ɔbea ansa na wɔatena sɛ awarefo?
  • Sɛ ɔbarima ne ɔbea bi pɛ sɛ wodi kan tena de hu wɔn ho yiye ansa na wɔaware nso ɛ?
  • Dɛn na awarefo yɛ a ɛbɛma wɔn aware asɔ?
  • Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Aware anaasɛ Mpenaware—Emu Nea Ɛwɔ He?
    Nyan!—1992
  • Wo Ho a Wubesiesie Ama Aware Pa
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 168
Ɔbea bi de ne dan safoa rema ɔbarima bi.

Dɛn Na Bible Ka Fa Mpena Aware Ho?

Nea Bible ka

Bible ka sɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ ‘yɛtwe yɛn ho fi aguamammɔ ho.’ (1 Tesalonikafo 4:3) Sɛ Bible ka “aguamammɔ” a, nea ɛkyerɛ no bi ne awaresɛe, ɔbarima a ɔne ɔbarima da anaa ɔbea a ɔne ɔbea da. Sɛ ɔbarima nwaree ɔbea na ɔne no da a, ɛno nso yɛ “aguamammɔ.”

  • Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbarima ware ɔbea ansa na wɔatena sɛ awarefo?

  • Sɛ ɔbarima ne ɔbea bi pɛ sɛ wodi kan tena de hu wɔn ho yiye ansa na wɔaware nso ɛ?

  • Dɛn na awarefo yɛ a ɛbɛma wɔn aware asɔ?

Adɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbarima ware ɔbea ansa na wɔatena sɛ awarefo?

  • Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware. Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa mmienu a wodi kan no, ɔkaa wɔn boom sɛ awarefo. Saa bere no na ɔhyehyɛɛ aware a edi kan. (Genesis 2:22-24) Ɛnyɛ nea na ɔpɛ ne sɛ ɔbarima ne ɔbea bɛtena sɛ awarefo bere a wɔnwaree.

  • Onyankopɔn nim nea ɛyɛ ma nnipa. Ɔhyehyɛe sɛ ɔbarima nware ɔbea na wɔmma aware no ntena hɔ daa. Ná wei bɛbɔ awarefo no ne abusua no nyinaa ho ban, na wɔn ani agye. Ma yɛnyɛ mfatoho tiawa bi. Fa no sɛ woakɔtɔ akongua bi a ɛsɛ sɛ wohyehyɛ. Akwankyerɛ a nea ɔyɛe no de aka ho no, wunnye nni sɛ ebetumi aboa wo ama woahyehyɛ no yiye? Saa pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn nso ama yɛn akwankyerɛ a ebetumi ama yɛahyehyɛ abusua a anigye wom. Wɔn a wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ yɛ adwuma no nya so mfaso bere nyinaa.—Yesaia 48:17, 18.

    Ɔbarima bi akɔtɔ nkongua, na ɔrekenkan ɛho akwankyerɛ a ɛbɛboa no ama wahyehyɛ.

    Sɛnea akwankyerɛ a obi a ɔyɛ nkongua de ka ho no ma wuhu sɛnea wobɛhyehyɛ akongua no, saa pɛpɛɛpɛ na Onyankopɔn akwankyerɛ ma yehu sɛnea yɛbɛhyehyɛ abusua a anigye wom

  • Sɛ ɔbarima nwaree ɔbea bi na ɔne no da a, ɔhaw a ebetumi afi mu aba no yɛ hu paa. Ebi ne sɛ, ɔbea no betumi anyinsɛn bere a wɔnhwɛ kwan, wobetumi anya nna mu nyarewa ahorow. Afei nso, ebetumi agyaw wɔn adwinnwen.

  • Onyankopɔn de ɔbarima ne ɔbea nna ama nnipa sɛ wɔmfa so nwo. Onyankopɔn bu nkwa sɛ ɛyɛ kronkron. Wei nti ɔbarima ne ɔbea nna yɛ akyɛde a ɛsom bo a ɔde ama yɛn sɛ yɛmfa so nwo. Dɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa akyɛde no? Ɛne sɛ, yebedi nhyehyɛe a wayɛ ama aware no ni.—Hebrifo 13:4.

Sɛ ɔbarima ne ɔbea bi pɛ sɛ wodi kan tena de hu wɔn ho yiye ansa na wɔaware nso ɛ?

Sɛ ɔbarima ne ɔbea bi pɛ sɛ wɔware a, ɛnyɛ tena a wobedi kan atena kakra de “asɔ wɔn ho ahwɛ” ansa na wɔaware no na ɛbɛma wɔn aware no asɔ. Mmom, nea ɛma aware sɔ ne sɛ ɔbarima ne ɔbea no mu biara de ne koma bɛma ne yɔnko na wɔabom asiesie ɔhaw biara a ebeyi ne ti wɔ aware no mu.a Aware ma ɔbarima ne ɔbea no mu biara tumi de ne koma nyinaa ma ne yɔnko.—Mateo 19:6.

Dɛn na awarefo yɛ a ɛbɛma wɔn aware asɔ?

Aware biara nni hɔ a ɔhaw nnim. Nanso sɛ awarefo no de Bible mu afotu yɛ adwuma a, ebetumi ama wɔn aware no asɔ. Ɛho nhwɛso bi na edidi so yi:

  • Ma wo hokafo ahiade nhia wo nsen w’ankasa wo de.—1 Korintofo 7:3-5; Filipifo 2:3, 4.

  • Mo mu biara nnya ɔdɔ ne obu mma ne yɔnko.—Efesofo 5:25, 33.

  • Ɛyɛ a hwɛ wo kasa yiye.—Mmebusɛm 12:18.

  • Ɛyɛ a nya abotare na fa bɔne kyɛ.—Kolosefo 3:13, 14.

a Hwɛ asɛm a wɔato din “Asi Mmusua Bi Yiye—Fa Wo Koma Hyɛ Mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena