Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 178
  • Hena Ne Yohane Suboni?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Ne Yohane Suboni?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Ná Osuboni Yohane da mu fua. Adɛn ntia?
  • Henanom Na Ɛwoo Osuboni Yohane?
  • Hena na ɔma wɔkum Osuboni Yohane?
  • Ná Osuboni Yohane ne Yesu repere biribi ho anaa?
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yohane Pɛe Sɛ Ɔte Yesu Anom Asɛm
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yesu Dɔree, na Yohane so Hwanee
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 178
Osuboni Yohane rebɔ papa bi asu wɔ asubɔnten mu.

Hena Ne Yohane Suboni?

Nea Bible ka

Ná Yohane Suboni yɛ Onyankopɔn diyifo. (Luka 1:76) Wɔwoo no no, ankyɛ pii na wɔwoo Yesu. Onyankopɔn de hyɛɛ ne nsa sɛ onsiesie kwan mu mma Mesia anaa Kristo no. Enti Yohane kaa Onyankopɔn ho asɛm kyerɛɛ ne nuanom Yudafo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛdan wɔn koma asan aba Onyankopɔn nkyɛn.—Marko 1:1-4; Luka 1:13, 16, 17.

Yohane asɛm no boaa nnipa komapafo ma wɔhuu sɛ Yesu a ofi Nasaret no ne Mesia a wɔahyɛ ne ho nkɔm no. (Mateo 11:10) Yohane hyɛɛ n’atiefo no nkuran sɛ wɔnnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho, na wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ ampa wɔanu wɔn ho. (Luka 3:3-6) Esiane sɛ Yohane bɔɔ nnipa pii asu nti, wɔfrɛ no Osuboni. Nnipa a Yohane bɔɔ wɔn asu nyinaa, nea na n’asubɔ ho hia paa ne Yesu.a—Marko 1:9.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

  • Ná Osuboni Yohane da mu fua. Adɛn ntia?

  • Henanom na ɛwoo Osuboni Yohane?

  • Hena na ɔma wɔkum Osuboni Yohane?

  • Ná Osuboni Yohane ne Yesu repere biribi ho anaa?

  • Mmarima dodow sɛn na yɛfrɛ wɔn Yohane wɔ Bible mu?

Ná Osuboni Yohane da mu fua. Adɛn ntia?

Wɔhyɛɛ adwuma a na ɔbɛyɛ no ho nkɔm too hɔ: Bible ka too hɔ sɛ obi bɛba a ɔbɛyɛ Yehowa somafo. Asɛnka adwuma a Osuboni Yohane yɛe no, ɛmaa ɛdaa adi sɛ ɔno ne saa somafo a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. (Malaki 3:1; Mateo 3:1-3) Ɔno na ‘osiesiee nkurɔfo bi maa Yehowa,’ kyerɛ sɛ, ɔboaa ne nuanom Yudafo ma wɔgyee Yehowa Nyankopɔn nanmusini titiriw, Yesu Kristo asɛm dii.—Luka 1:17.

Otwaa sa pa: Yesu kaa sɛ, “wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu no, obiara mmae a ɔyɛ kɛse sen Yohane Suboni; nanso nea osua wɔ ɔsoro Ahenni mu no yɛ kɛse sen no.” (Mateo 11:11) Ná Yohane yɛ odiyifo, nanso na ɔnyɛ odiyifo biara kɛkɛ. Ná ɔsan yɛ ‘ɔsomafo’ a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Enti Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase ansa na Yohane reba no, wɔn mu biara nni hɔ a yebetumi aka sɛ ɔyɛ kɛse sen Yohane. Afei nso, nsɛm a Yesu kae no ma yehu sɛ, Yohane renni hene wɔ ɔsoro Ahenni no mu.b Ɛwom sɛ na ɔyɛ odiyifo nokwafo, nanso owui ansa na Kristo rebue kwan ama nkurɔfo atumi akɔ soro. (Hebrifo 10:19, 20) Ne nyinaa mu no, Yohane bɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no ba wɔ asaase so, na obetumi atena ase daa wɔ Paradise.—Dwom 37:29; Luka 23:43.

Henanom Na Ɛwoo Osuboni Yohane?

Ɔbarima bi a yɛfrɛ no Sakaria ne ne yere Elisabet na wɔwoo Yohane. Ná Sakaria yɛ Yudani sɔfo. Yohane awo no, na ɛyɛ anwanwade efisɛ na ne maame Elisabet yɛ bonin, kyerɛ sɛ, na ontumi nwo. Afei nso, na Elisabet ne Sakaria nyinaa “anyinyin paa.”—Luka 1:5-7, 13.

Hena na ɔma wɔkum Osuboni Yohane?

Ɔhene Herode Antipa na ɔma wɔtwaa Yohane ti. Ne yere Herodia na opiapiaa no ma ɔyɛɛ saa. Ná Herodia tan Yohane, efisɛ na Yohane aka akyerɛ Herode sɛ, sɛ ose ɔyɛ Yudani de a, ɛnde ɔnkae nhu sɛ Yuda mmara mma kwan sɛ ɔware Herodia.—Mateo 14:1-12; Marko 6:16-19.

Ná Osuboni Yohane ne Yesu repere biribi ho anaa?

Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ na Yesu ne Yohane repere biribi ho. (Yohane 3:25-30) Nea ɛwom mpo ne sɛ, Yohane no ara kaa no pen sɛ, nea enti a ɔbae ne sɛ ɔrebesiesie kwan mu ama Mesia no, na ɛnyɛ sɛ ɔne no rebɛpere biribi. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Mebɛbɔɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi no adi akyerɛ Israel.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Oyi ne Onyankopɔn Ba no.” (Yohane 1:26-34) Wei ma yehu sɛ, sɛnea na Yesu som adwuma no rekɔ yiye no, na Yohane ani gye ho paa.

a Yesu “anyɛ bɔne biara.” (1 Petro 2:21, 22) Enti ɛnyɛ sɛ na wayɛ bɔne bi a ɛsɛ sɛ onu ne ho nti na ɔma wɔbɔɔ no asu, na mmom na ɔrebɔ asu de akyerɛ sɛ efi saa bere no, ɔde ne ho ama Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde. Onyankopɔn apɛde no bi ne sɛ na Yesu de ne nkwa bɛbɔ afɔre ama yɛn.—Hebrifo 10:7-10.

b Hwɛ asɛm a yɛato din “Henanom Na Wɔkɔ Soro?”

Mmarima dodow sɛn na yɛfrɛ wɔn Yohane wɔ Bible mu?

Nnipa nnum na ɛwɔ Bible mu a yɛfrɛ wɔn Yohane.

  1. 1. Sakaria ne Elisabet ba Yohane Suboni.—Marko 1:4; Luka 1:57-60.

  2. 2. Ɔsomafo Petro papa Yohane.—Yohane 1:42.

  3. 3. “Sebedeo ba” ɔsomafo Yohane. (Mateo 10:2) Ɔno ne ɔsomafo a ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no, ne nkrataa a yɛato din Yohane Nhoma a Edi Kan, Yohane Nhoma a Ɛtɔ So Mmienu, ne Yohane Nhoma a Ɛtɔ So Mmiɛnsa. Ɔno ara nso na ɔkyerɛw Adiyisɛm nhoma no.

  4. 4. Yohane a wɔsan frɛ no Marko. Ɔno na ɔkyerɛw Marko Asɛmpa no.—Asomafo Nnwuma 12:12.

  5. 5. Yudani panyin bi. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ ɔsɔfo panyin Anas busuani.—Asomafo Nnwuma 4:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena