Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwyp asɛm 100
  • Mayɛ Asoɔden Wɔ Fie—Dɛn Na Menyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mayɛ Asoɔden Wɔ Fie—Dɛn Na Menyɛ?
  • Mmabun Bisa Sɛ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ɛnsɛ sɛ woyɛ
  • Ɔkwan pa a wubetumi afa so
  • Dɛn Na Metumi Ayɛ Na M’awofo Agye Me Adi?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Adɛn Nti Na M’awofo Mma Kwan Mma Minnye M’ani Koraa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Mepa Kyɛw?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Meba Fie Ntɛm Saa?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmabun Bisa Sɛ
ijwyp asɛm 100
Awofo bi ne wɔn babea rekasa; bere a anka ɛsɛ sɛ ɔde bedu fie no paa ho nti ama wɔn ani abere.

MMABUN BISA SƐ

Mayɛ Asoɔden Wɔ Fie—Dɛn Na Menyɛ?

Ɛkame ayɛ sɛ ofie biara mmara wom; mmusua bi mu no, wotumi kyerɛ bere a ɛsɛ sɛ obiara de ba fie, sɛnea wɔde abɛɛfo mfiri bedi dwuma, ne sɛnea wɔde nidi bɛma afoforo.

Sɛ wubu mmara no bi so a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Nea asi no, wuntumi nyɛ ho hwee, nanso wubetumi ayɛ biribi na asɛm no ansɛe. Ɛno na yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha.

  • Nea ɛnsɛ sɛ woyɛ

  • Ɔkwan pa a wubetumi afa so

  • Nea w’atipɛnfo ka

Nea ɛnsɛ sɛ woyɛ

  • Sɛ w’awofo nnim sɛ woato mmara anaa woayɛ asoɔden a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ mma wonnhu akyi.

  • Sɛ wohu sɛ woayɛ asoɔden a, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo sɛ pɛ asɛm bi yi wo ho ano anaa prɛ to obi so.

Emu biara nye. Adɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ mmofrasɛm sɛ nea asi no, wode besie anaa wobɛpɛ biribi de ayi wo ho ano. Ɛbɛma w’awofo ahu sɛ nkwadaasɛm da so ara wɔ w’ani so.

“Mfaso nni so sɛ wubedi atoro. Ɛyɛ dɛn ara a, nokware no bɛda adi, na sɛ ɛba saa a, asotwe a wubenya no, sɛ wokaa nokware no ntɛm a, anka eye.”—Diana.

Ɔkwan pa a wubetumi afa so

  • Gye wo mfomso tom. Bible ka sɛ: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye.” (Mmebusɛm 28:13) W’awofo nim sɛ wuntumi nyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a mfomso mma mu. Nanso wonim sɛ nokware de, wubetumi aka, enti wɔpɛ sɛ woka nokware.

    “Sɛ woka nokware a, w’awofo bɛte wo ase ntɛm na wɔahu wo mmɔbɔ. Sɛ woma wohu asɛm no mu nokware a, ɛbɛma wɔanya gyidi kɛse wɔ wo mu sɛ woyɛ ɔnokwafo.”—Olivia.

  • Pa kyɛw. Bible ka sɛ: “Momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen.” (1 Petro 5:5) Sɛ obi nni ahobrɛase a ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛpa kyɛw; mmom ɔbɛpɛ nsɛm pii de ayiyi ne ho ano.

    “Nnipa a wɔtaa de nsɛm yiyi wɔn ho ano no, ebedu baabi no na aka wɔn ahonim. Ebewie ase no, wɔyɛ bɔne mpo a, ɛrenhaw wɔn bio.”—Heather.

  • Ɛho asotwe biara, gye tom. Bible ka sɛ: “Tie nteɛso.” (Mmebusɛm 8:33) Nnwiinwii; biribiara a w’awofo de bɛkame wo no, gye tom.

    “Wokasa asotwe no ho pii a, wobɛsɛe w’asɛm mmom. Sɛ biribi na wɔde akame wo a, hwɛ nea wubetumi ayɛ wɔ ho, na mfa w’adwene nsi nea woahwere no so.”—Jason.

  • Yɛ nea ɛbɛma wɔagye wo adi bio. Bible ka sɛ: ‘Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ no hyia no ngu.’ (Efesofo 4:22) Fi ase yɛ nneɛma a ɛbɛma wɔagye wo adi.

    “Sɛ woyɛ nneɛma pa toatoa so a, ɛbɛma w’awofo ahu sɛ mfomso a wudii no, worensan nyɛ bio, na ɛbɛma wɔagye wo adi bio.”—Karen.

NYANSAHYƐ: Nea w’awofo pɛ sɛ woyɛ no, yɛ ma ɛmmoro so mpo. Wopɛ a, da foforo a wubepue no, sɛ wobɛba abedu fie ntɛm mpo a, wonam kwan so no, frɛ w’awofo ma wonhu sɛ woreba fie. Woyɛ saa a, na ɔkwan bi so no, woreka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mepɛ sɛ mugye me di bio.’

Nea w’atipɛnfo ka

Darius.

“Sɛ wudi mfomso bi na wode sie w’awofo a, ɛkyerɛ sɛ woadi atoro. Ɛyɛ dɛn ara a, nea woayɛ no bɛda adi, na ɛba saa a, nea ebesi no, sɛ wokaa nokware ntɛm mpo a anka eye.”—Darius.

Sierra.

“Sɛ yedi mfomso na yɛprɛ to obi so a, ɛbɛkyerɛ sɛ yenni akokoduru a yɛde begye yɛn mfomso atom. Sɛ yɛannya akokoduru ampa kyɛw a, gyidi a yɛn awofo wɔ wɔ yɛn mu no bɛyera.”—Sierra.

Ntimu: Mayɛ asoɔden wɔ fie—dɛn na menyɛ?

  • Gye wo mfomso tom. W’awofo nim sɛ wuntumi nyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ a mfomso mma mu. Nanso wonim sɛ nokware de, wubetumi aka, enti wɔpɛ sɛ woka nokware.

  • Pa kyɛw. Yi wo yam pa kyɛw, na mfa nsɛm nyiyi wo ho ano.

  • Ɛho asotwe biara, gye tom. Biribiara a w’awofo de bɛkame wo no, gye tom.

  • Yɛ nea ɛbɛma wɔagye wo adi bio. Fi ase yɛ nneɛma a ɛbɛma wɔagye wo adi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena