Nyamesom—Abɛyɛ Ɔkwan Foforo a Nkurɔfo Fa So Pɛ Sika Anaa?
Ɔsom bebree wɔ hɔ a, ayɛ sɛ wɔde nyamesom repɛ sika sen sɛ wɔde bɛboa nkurɔfo ama wɔasom Onyankopɔn. Woahyɛ no nsow saa anaa? Ɔsom ahorow no bɔ nnwuma a wɔyɛ, ne nneɛma a wɔtɔn ho dawuru. Wɔn akannifo no pii wɔ hɔ a, akatua a wɔgye yɛ bafuu, na wɔte yiye paa. Ɛho nhwɛso kakra bi ni:
Wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi faa Katolek sɔfo panyin bi ho. Wɔhui sɛ, mfe 13 ntam no, ɔde asɔre sika hanee wimhyɛn tutuu akwan bɛyɛ mpɛn 150, na saa ara na ɔde asɔre sika hanee kar a ne bo yɛ den de kyinkyinii bɛyɛ mpɛn 200. Afei nso, wɔhui sɛ, asɔre no fie a ɔte mu no, ɔde asɔre no sika bɛyɛ dɔla ɔpepem nnan siesiee mu.
Sɛ wokɔ Afrika man bi so a, owura bi wɔ hɔ a ɔka nyamesɛm. Ɔtaa yɛ asɔre, na nnipa mpempem pii na wɔba bi. Wasi asɔredan kɛse bi, na nneɛma a ɔtɔn wɔ hɔ no dɔɔso. Ebi yɛ ngo bi a ɔkyerɛ sɛ etumi yɛ anwanwade, ne mpopaho ne T-hyɛɛt ahorow a ne mfoni bobɔ mu. Nkurɔfo a wɔkɔ n’asɔre no, wɔn mu dodow no ara yɛ ahiafo, nanso ɔno de, wanya ne ho sei tam.
Mmepɔw nnan bi wɔ China a, Buddhasom mufo bu no sɛ ɛyɛ kronkron. Emu mmienu de, wɔde ayɛ mmeae a nkurɔfo tua sika kɔhwɛ hɔ. Afei nso, Shaolin Asɔrefie a agye din no, wɔtɔn nneɛma pii wɔ hɔ. Wei nti, ɔpanyin paa a ɔhwɛ hɔ no, nkurɔfo taa frɛ no “Ɔsɔfo CEO.”
Wokɔ Amerika a, nnwumakuw pii wɔ hɔ a wɔafi ase repɛ asɔfo a wɔbɛba abɛyɛ asɔre wɔ wɔn nnwuma no mu. Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ, nnwumakuw no frɛ asɔfo no ba wɔn nnwumam ma wɔbɛyɛ asɔre, na wɔka nyamesɛm kyerɛ adwumayɛfo no.
Ɔsom ahorow a wɔde aguadi afrafra wɔn som mu no, wuhu wɔn sɛn? Nnipa a wɔnam nyamesom so twe sika fi nkurɔfo ho no, wohwɛ a, Onyankopɔn bu wɔn sɛn?
Aguadi a nkurɔfo de frafra nyamesom mu no, wohwɛ a, Onyankopɔn bu no sɛn?
Aguadi a nkurɔfo de frafra nyamesom mu no, Onyankopɔn kyi koraa. Bible ma yehu sɛ tete no, na asɔfo bi a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ananmusifo “kyerɛkyerɛ gye akatua.” Nea wɔyɛe no maa Onyankopɔn bo fuwii paa. (Mika 3:11) Nnipa bi nso a wɔnam aguadi bɔne so maa Onyankopɔn asɔrefie bɛdanee “baabi a akorɔmfo-werɛmfo tetɛw” no, Onyankopɔn kasa tiaa wɔn denneennen.—Yeremia 7:11.
Nyamesom a nkurɔfo de pɛ sika no, Onyankopɔn kyi kɔkɔkɔkɔ. Saa ara na Yesu nso kyi ade a ɛte saa. Yesu bere so no, mfaso bɔne a na nyamesom akannifo no repɛ nti, wɔmaa kwan maa aguadifo adifudepɛfo tɔn nneɛma wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Nnipa komapafo a na wɔba asɔrefie hɔ bɛsom Onyankopɔn no, na aguadifo no bu wɔn fa so. Yesu de akokoduru pamoo aguadifo bɔne no fii asɔrefie hɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnyae sɛ mode m’Agya fi ayɛ aguadi fi!”—Yohane 2:14-16.
Sɛnea Yesu yɛɛ ne som adwuma no, ɛma yehu sɛ na ɔwɔ adwene a Onyankopɔn wɔ no bi. (Yohane 8:28, 29) Wanka Onyankopɔn ho asɛm ankyerɛ nkurɔfo amfa ampɛ sika da. Yesu yɛɛ anwanwade bebree. Ebi ne sɛ, nnipa a ɔkɔm de wɔn no, ɔmaa wɔn aduan dii, wɔn a na wɔyare no, ɔsaa wɔn yare, na onyanee awufo. Weinom nyinaa a ɔyɛe no, wannye obiara sika da. Yesu amfa ne som adwuma a ɔyɛe no ampɛ ahonyade. Ofie mpo, na ɔno ankasa nni bi.—Luka 9:58.
Ɛdɛn na tete Kristofo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ wɔamfa aguadi amfrafra wɔn som mu?
Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn som pɛ sika da! Ɔkaa sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mateo 10:8) Yesu akyidifo a wɔdi kan a akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ wɔn Kristofo no dii n’akwankyerɛ no so. Ɛho nhwɛso kakra bi ni:
Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma no, na ɔsomafo Petro ka nkurɔfo a wɔne Yesu nam no ho. Yesu wu akyi no, bere bi, ɔbarima bi a yɛfrɛ no Simon a na ɔrepɛ dibea ne tumi ka kyerɛɛ Petro sɛ, onnye sika na ɔmma no tumi a ɔwɔ no bi. Petro amma Simon ano ansi mpo na ɔbɔɔ n’asɛm no gui. Petro kaa Simon anim sɛ: “Wo ne wo dwetɛ nyinaa nsɛe, efisɛ ɛyɛ wo sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn dom akyɛde.”—Asomafo Nnwuma 8:18-20.
Ɔsomafo Paul yɛ obi a na otutu akwan kɔka asɛmpa no, na na nkurɔfo nim no paa. Ɛwom sɛ Paul yɛɛ adwumaden wɔ Kristofo nsafo bebree mu de, nanso wanyɛ n’adwene da sɛ ɔde adwuma a na ɔreyɛ no bɛpɛ sika. Paul ne ne nuanom Kristofo a na ɔne wɔn tutu akwan no ‘amfa Onyankopɔn asɛm anni gua sɛnea na nnipa pii yɛ no.’ (2 Korintofo 2:17) Mmom, Paul kyerɛwee sɛ: “Bere a yɛreka Onyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo no, yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa ɛka kɛse nto mo mu biara so.”—1 Tesalonikafo 2:9.
Ɛwom, saa tete Kristofo no, na wɔyɛ asɛnka adwuma no kɛse, na na wɔyɛ adɔe nso. Enti, na wɔbehia sika a wɔde bɛyɛ saa nneɛma no. Nanso, nneɛma a wɔyɛ de boaa nkurɔfo ma wɔbɛsom Onyankopɔn no de, wɔannye ho sika da. Sɛ na nkurɔfo pɛ sɛ wɔkyɛ tete Kristofo no biribi a, akwankyerɛ a edidi so yi, ɛno na na wɔgyina so yɛ saa:
2 Korintofo 8:12: “Na sɛ obi koma ka no sɛ onyi bi mma a, nea ɛsɔ ani ne sɛ ɔde nea ɔwɔ bɛma, na ɛnyɛ nea onni.”
Nea ɛkyerɛ: Nea enti a obi rekyɛ ade no, ɛno na ehia paa, na ɛnyɛ sɛ ade a ɔde rekyɛ no yɛ kɛse anaa ɛyɛ ketewa.
2 Korintofo 9:7: “Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔde anigye kyɛ ade.”
Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn mpɛ sɛ obiara bɛte nka sɛ obi na ɔrehyɛ no ama wakyɛ ade. Sɛ obi yi ne yam kyɛ ade a, ɛno na ɛsɔ n’ani.
Ɔsom ahorow a ɛyɛ adifudepɛ no, ɛdɛn na ɛbɛto wɔn nnansa yi ara?
Bible aka no pefee sɛ, ɛnyɛ ɔsom nyinaa na ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Mateo 7:21-23) Nkɔmhyɛ bi a ɛyɛ nwanwa wɔ Bible mu. Saa nkɔmhyɛ no, ɛde atorosom nyinaa toto tuutuuni bea bi ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sikanibere ne nnipa anim anuonyam nti, atorosom ne aban ahorow aka abom, na nea wɔreyɛ ne sɛ, wɔrebu nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu afa so. (Adiyisɛm 17:1-3; 18:3) Saa nkɔmhyɛ no kɔ so ka sɛ, Onyankopɔn bebu atorosom atɛn nnansa yi ara.—Adiyisɛm 17:15-17; 18:7.
Enkosi sɛ saa bere no bɛba no, Onyankopɔn mpɛ sɛ atorosom nneyɛe bɔne no bɛdaadaa nkurɔfo, anaa ɛbɛma wɔatwe wɔn ho afi ne ho. (Mateo 24:11, 12) Onyankopɔn rehyɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wɔntwe wɔn ho mfi atorosom ho, na wɔnsua sɛ wɔbɛsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.—2 Korintofo 6:16, 17.