Thomas Jackson/Stone via Getty Images
MONKƆ SO NWƐN!
Afe 2024—Akyea Nso Emmui, Anidaso Wɔ Hɔ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
Nnipa bebree hwɛ ɔhaw a yɛte ho wɔ wiase afe 2024 yi a, ɛyɛ wɔn sɛ nea ɛbɛyɛ ara na ayɛ no; anidaso biara nni hɔ. Nanso, kae sɛ ɛnyɛ sei ara na ɛbɛyɛ; anidaso wɔ hɔ. Ɛnde, ɛhe na yebenya anidaso?
Bible ma yenya anidaso
Ɔhaw a yɛrehyia wɔ wiase a ama nnipa bebree anidaso asa no, Bible ahyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn betu ne nyinaa ase. Ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn ‘bɛpopa yɛn aniwa mu nisu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’—Adiyisɛm 21:4.
Nhyira a Bible ahyɛ bɔ sɛ yebenya daakye no, sɛ wopɛ sɛ wusua ho ade pii a, kenkan asɛm a yɛato din “A Real Hope for a Better Tomorrow.”
Sɛnea Bible betumi aboa wo nnɛ
Sɛnea yɛadi kan aka no, Bible ma yenya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye. Saa anidaso no boa yɛn na ɔhaw a ɛwɔ wiase no amma yɛanhaahae pii. Afei nso, ɛma yenya akomatɔyam. (Romafo 15:13) Ɛno da nkyɛn a, ɔhaw biara a worehyia, sɛ́ ɛyɛ ohia, ntɛnkyea, yare, anaa biribi foforo biara no, Bible wɔ afotusɛm a ebetumi aboa wo ama woagyina ano.
Hwɛ video yi. Wubehu papa bi a ɔrenyin no, na ohia adokoro n’abusua, na wubehu nea ɛma onyaa anigye ne asomdwoe. Edin a ɛda video no so ne Juan Pablo Zermeño: Yehowa Ama M’abrabɔ Ayɛ Papa.
Sɛ wo werɛ ahow, adwinnwen ahyɛ wo so, wo dɔfo bi awu, anaa wo tiboa bu wo fɔ wɔ biribi ho a, Bible betumi aboa wo anaa? Yiw. Kenkan asɛm a yɛato din “Awerɛkyekyesɛm Bi Wɔ Bible Mu a Ebetumi Aboa Me Anaa?”
Hwɛ video yi. Wubehu maame bi a kan no na ɔyɛ sogyani. Saa bere no, na ne tirim yɛ sum, na na onni ahummɔbɔ ketekete koraa. Nanso Bible boaa no ma onyaa anidaso. Edin a ɛda video no so ne I Put Down My Rifle.
Afe 2024 yi, ma ɛnyɛ anidaso afe mma wo ne w’abusua. Wopɛ sɛ wuhu sɛnea Bible bɛboa anaa? Yɛne nkurɔfo bɔ Bible mu nkɔmmɔ a yennye sika biara. Wopɛ a yɛne wo besua bi. Ɛbɛma woahu sɛnea Onyankopɔn betumi aboa wo ama w’asom adwo wo nnɛ, ne sɛnea ɔbɛma wo “daakye ne anidaso.”—Yeremia 29:11.