Akuwakuw Pii Reyɛ Sɛ Wɔbɛma Asomdwoe Aba Wiase—Ɛbɛyɛ Yiye?
Akokoakoko adɔɔso wɔ wiase nnɛ. Ɛtɔ da a na ɔman baako mu nnipa na atwa wɔn ho reko; ɛtɔ da nso a na aman bi na ɛde asi ani. Ɛno nti Amanaman Nkabom no ne akuw afoforo de nhyehyɛe agu akwan mu sɛ wɔbɛma asomdwoe aba mmeae a akokoakoko rekɔ so no. Saa nhyehyɛe no baako ne sɛ, wɔde wɔn ananmusifo kokɔ mmeae a ntɔkwaw rekɔ so no. Amanaman Nkabom no kyerɛwfo panyin António Guterres kaa sɛ, “ade a ɛho hia paa a ebetumi de asomdwoe aba wiase ne asogyafo anaa Amanaman Nkabom no ananmusifo a wɔde wɔn akogu mmeae a ntɔkwaw rekɔ so no.”
Asomdwoe ho nhyehyɛe a wɔde agu akwan mu no, ebi atumi ayɛ adwuma. Ebi ne sɛ, ɛtɔ da a wɔtumi bɔ temanmufo ho ban, wɔn a ɔko nti wɔguan fi wɔn man mu no, asraafo no tumi yɛ ma ntɔkwaw no gyae ma wɔsan kɔ wɔn nkyi, wɔtumi de nsu, aduan ne nneɛma foforo kɔma ɔmanfo wɔ ɔko bere mu, na wɔtumi siesie nneɛma a ntɔkwaw no ama asɛesɛe te sɛ anyinam ahoɔden ne nea ɛkeka ho. Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a etumi si wɔn kwan; ɛmma wɔntumi nyɛ adwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no. Enti wohwɛ a, bere bi bɛba a wati-me-ne-waka-me bebrebe no befi hɔ ama asomdwoe amapa aba wiase? Dɛn na Bible ka fa asɛm yi ho?
Wiase akuwakuw a wɔayɛ sɛ wɔbɛma asomdwoe aba no, ɔhaw bɛn na wɔhyia, na wohwɛ Bible mu a, dɛn ne saa haw no ano aduru?
Ɔhaw no: saa akuwakuw no, ɛnyɛ daa na wɔn adwene kɔ bɛnkoro mu. Akuwakuw a yɛreka wɔn ho asɛm yi, mpɛn pii no, asogyafo ne nnipa foforo a efi aman horow so na ɛwom. Enti etumi yɛ den sɛ wɔbɛka wɔn ti apam ho ayɛ adwuma. Afei nso, wɔn adwene nhyia wɔ nneɛma bebree ho, na ɛyɛ a ɛsono nea esi wɔn mu biara ani so. Enti sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ baabi kɔhwɛ ma asomdwoe ba a, na ayɛ den.
Ano aduru a ɛwɔ Bible mu: “Ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba . . . Ebebubu ahenni [anaa nnipa aban] ahorow yi nyinaa asɛe no, na ɛno nko ara na ebegyina daa.”—Daniel 2:44.
Ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn bɛma akokoakoko nyinaa agyae, na wama asomdwoe aba wiase baabiara. (Dwom 46:8, 9) Obeyi aban a ɛwɔ wiase nyinaa afi hɔ, na ɔde aban baako pɛ asi anan: Ɛno ne Onyankopɔn Ahenni no. Saa aban yi, ne nhyehyɛe nyinaa yɛ papa, na asɛm biara nni ho. Ɛwɔ soro, na ebedi asaase so. Ɛde asomdwoe amapa bɛba wiase baabiara, enti ɛho renhia sɛ yenya akuwakuw biara a wɔbɛhwɛ ama asomdwoe aba.
Ɔhaw no: nneɛma a wɔhia na wɔatumi ayɛ wɔn adwuma no, ɛnyɛ daa na wɔn nsa ka. Saa akuw a wɔhwɛ ma asomdwoe ba yi, ɛnyɛ daa na wɔnya asogyafo ne ananmusifo dodow a wɔhia. Afei nso, sika ne nneɛma foforo a ɛboa ma wɔn adwuma no kɔ nkan no, ɛtɔ da a na ɛho ayɛ den. Nea ɛka ho bio ne sɛ, ntɔkwaw a ɛresisi nnansa yi no, yɛ ara na ɛreyɛ hu, enti sɛ wɔsoma obi kɔ hɔ sɛ ɔnkɔhwɛ mma asomdwoe mmra a, na wɔde ne nkwa reto asiane mu.
Ano aduru a ɛwɔ Bible mu: ‘Yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn no, ɔde no tenaa ne nsa nifa wɔ ɔsoro; ɔde no tenaa baabi a ɛkorɔn koraa sen aban, tumi, ne ahoɔden nyinaa.’—Efesofo 1:17, 20, 21.
Yesu na Onyankopɔn de no asi N’Ahenni no so hene, na biribiara a obehia na watumi de asomdwoe aba wiase no, Yehowaa de ama no, efisɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ no. (Daniel 7:13, 14b) Tumi, nimdeɛ, nyansa, ne nhumu a Onyankopɔn de ama Yesu no, enni ano. Wode aban anaa kuw biara a ɛwɔ wiase toto Yesu ho a, wɔyɛ nkyene koraa a wɔayera mu. (Yesaia 11:2) Yesu wɔ abɔfodɔm mpempem pii a wɔwɔ tumi nso taa n’akyi. (Adiyisɛm 19:14) Enti biribiara nso ne yɛ.
Nneɛma a Onyankopɔn de ama Yesu no, ɔde bɛbɔ adwuma paa. Ɛnyɛ ɔko nko ara na obeyi afi hɔ. Mmom ɔbɛhwɛ ama asomdwoe ne ahotɔ aba asaase so baabiara. Obiara a Onyankopɔn Ahenni no di no so no, ne ho bedwo no, na biribiara remmɔ no hu.—Yesaia 32:17, 18.
Ɔhaw no: aman horow so mmara. Wɔn a wɔsoma wɔn kɔ baabi a ntɔkwaw asi no, akwankyerɛ a wɔn mpanyimfo de ma wɔn no, ɛtɔ da a emu nna hɔ papa. Ɛtɔ da nso a, wɔnhu nea mmara ma kwan sɛ wɔyɛ, ne nea wɔnni kwan sɛ wɔyɛ. Enti ɛyɛ a wɔnhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ pɔtee. Baabi nso wɔ hɔ a, mmara mma wɔn kwan sɛ wɔbɛkɔ mmeae bi anaa wɔbɛyɛ nneɛma bi. Ɛba saa a, na akɔyɛ te sɛ nea wɔakyekyere wɔn nsa agu wɔn akyi no; adwuma a wɔde ama wɔn sɛ wɔmmɔ nkurɔfo ho ban na wɔnhwɛ mma asomdwoe mmra no, wobɛhwɛ no na wɔntumi nyɛ.
Ano aduru a ɛwɔ Bible mu: “Wɔde ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa ama [Yesu].”—Mateo 28:18.
Yehowa de akwankyerɛ a emu da hɔ ama Yesu. Ɛne sɛ ɔnhwɛ mma asomdwoe mmra wiase baabiara. Yehowa asan ama Yesu tumi a ɔde bɛyɛ saa adwuma yi. (Yohane 5:22) Yesu nso, ɔremmu atɛnkyea da; kɛtɛasehyɛ ne porɔwee biara nso nni n’akwan mu. (Yesaia 11:3-5) Enti edi sɛ Bible frɛ no “Asomdwoe Hene” no. Bible san ka sɛ, “atɛntrenee ne trenee” yɛ n’Ahenni no fapem.—Yesaia 9:6, 7.
Onyankopɔn Ahenni—ɛno nko ara na ebetumi de asomdwoe aba wiase
Wiase akuwakuw a wɔreyɛ sɛ wɔbɛma asomdwoe aba no, nea wɔtumi yɛ ara ne sɛ wɔbɛhwɛ sɛ ntɔkwaw renkɔ so wɔ baabi. Ɛtɔ da koraa a, ɔko si baabi a, wɔtumi hwɛ ma ɔko no gyae. Nanso nea ɛkɔfa akokoakoko ba no de, ɛnyɛ ade a wɔbetumi atu ase da. Ɛno ne nitan a ɛwɔ nnipa bebree komam no.
“Asɛm no ara ne sɛ, akuwakuw a wɔreyɛ ara sɛ wɔbɛma asomdwoe aba wiase no, wɔde kɛntɛn rekɔ nsu. Wɔrentumi mma asomdwoe mma da.”—Dennis Jett, tete U.S. man no nanmusini.
Onyankopɔn Ahenni no de, ɛno nko ara na ebetumi de asomdwoe aba wiase, efisɛ ɛno nko ara na ebetumi atu ɔtan ase afi nnipa komam. Wo de, hwɛ bere a na Yesu wɔ asaase so no sei. Ɔde ne nsɛm ne ne nneyɛe kyerɛɛ n’akyidifo kwan a wɔbɛfa so atena asomdwoe mu, ne sɛnea wɔbɛdɔ afoforo. Hwɛ nsɛm a edidi so yi:
Yesu san kaa sɛ, wɔn a Onyankopɔn Ahenni bedi wɔn so daakye no, ade a ɛma wɔda nsow ne sɛ, wɔdɔ wɔn yɔnko nnipa. Bible ma yɛte ase sɛ, obiara a ɔtan ne yɔnko nipa de, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu:
Yehowa Nyankopɔn a ɔbɔɔ nnipa no, ɔno na onim kwan papa baako pɛ a ɛde asomdwoe bɛba wiase. Nnipa apere ara sɛ wɔbɛma asomdwoe aba wiase, nanso nea wɔayɛ nyinaa, ankosi aga. Nea wɔantumi anyɛ no, Onyankopɔn Ahenni bɛte no tɛ.
a Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Hwɛ asɛm a, yɛato din “Hena Ne Yehowa?”
b Ɛyɛ Yesu Kristo na wɔfrɛ no “onipa ba” wɔ Daniel 7:13, 14 no.—Mateo 25:31; 26:63, 64.