Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 22
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Onyankopɔn Ahenni Ho Nokwasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Ɛrenkyɛ Biara Asase Bɛdan Paradise!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Onyankopɔn Ahenni—Ɛyɛ Paara Ma Wo Dɛn?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 22
Yesu Kristo te agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni no so hene

Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Nea Bible ka

Onyankopɔn Ahenni yɛ aban ankasa a Yehowa Nyankopɔn de asi hɔ. Esiane sɛ “Onyankopɔn Ahenni” di tumi fi soro nti, Bible san frɛ no “ɔsoro ahenni.” (Marko 1:14, 15; Mateo 4:17) Onyankopɔn Ahenni no ne nnipa ahenni di nsɛ wɔ nneɛma pii mu, nanso Onyankopɔn Ahenni no sen aban foforɔ biara.

  • Ahemfo. Onyankopɔn apaw Yesu Kristo sɛ Ahenni no so hene, na wama Yesu tumi a ɛkyɛn wiase ahemfo nyinaa deɛ. (Mateo 28:18) Tumi a Yesu anya no, ade pa nko ara na ɔde bɛyɛ efisɛ wakyerɛ dedaw sɛ ɔyɛ Ɔkannifoɔ a ɔwɔ mmɔborɔhunu na yɛbɛtumi de yɛn ho ato ne so. (Mateo 4:23; Marko 1:40, 41; 6:31-34; Luka 7:11-17) Onyankopɔn ama Yesu ayi nnipa afi aman nyinaa mu sɛ wɔne no nkɔtena soro na wɔnni “asase so ahene.”​—Adiyisɛm 5:9, 10.

  • Mmere dodow a ɛbɛdi tumi. Nnipa aban deɛ ɛnnɛ ɛwɔ hɔ, ɔkyena na atwam. Nanso, Onyankopɔn Ahenni no “wɔrensɛe no da.”​—Daniel 2:44.

  • Ɔmanfoɔ. Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔbɛtumi ayɛ Onyankopɔn Ahenni no muni; ɛmfa ho ne baabi a ɔfi.​—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

  • Mmara. Mmara (anaa ahyɛdeɛ) a Onyankopɔn Ahenni de ma no, ɛnkasa ntia nneɛma bɔne kɛkɛ. Mmom no, ɛboa ne manfoɔ ma wɔnya suban pa. Nhwɛso baako ne Bible mu asɛm yi: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan. Nea ɛto so mmienu ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’” (Mateo 22:37-39) Onyankopɔn Ahenni no manfoɔ nyɛ adeɛ a ɛbɛha afoforo efisɛ wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa.

  • Ntetee. Onyankopɔn Ahenni no kyerɛ ne manfoɔ sɛ wɔmmɔ bra pa, na ɛsan kyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa.​—Yesaia 48:17, 18.

  • Nea ɛbɛyɛ. Ɛnyɛ Onyankopɔn Ahenni no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma wɔn a wɔdi anim no anya kwan adidi ɔmanfoɔ ho. Mmom no, ɛbɛma Onyankopɔn apɛdeɛ ayɛ hɔ. Nea ɛno kyerɛ ne sɛ, bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma wɔn a wɔdɔ no anya daa nkwa wɔ paradise asase so no bɛbam.​—Yesaia 35:1, 5, 6; Mateo 6:10; Adiyisɛm 21:1-4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena