Ahoɔfɛ Ntoaso Ne Agude a Yɛde Siesie Yɛn Ho—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
Nea Bible ka
Ahoɔfɛ ntoaso ne agude a yɛde siesie yɛn ho no, Bible nka ho asɛm nkɔ akyiri, na ɛnkasa ntia nso. Ahoɔfɛ nso, Bible nka ho asɛm pii, mmom, ɛkamfo “komam nipa a ahintaw, honhom a edwo na ɛbrɛ ne ho ase.”—1 Petro 3:3, 4.
Bible nkasa ntia ahoɔfɛ ntoaso ne agude a yɛde siesie yɛn ho
Mmea anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm no de agude siesiee wɔn ho. Ansa na Abraham babarima Isak reware Rebeka no, Abraham kyɛɛ Rebeka agude pii. Ebi ne sika kɔkɔɔ kawa a mmea de hyɛ wɔn hwenem, sika kɔkɔɔ nkapo, ne agude foforo pii a ne bo yɛ den. Saa agude no, Rebeka de siesiee ne ho. (Genesis 24:22, 30, 53) Ester nso, bere a na wɔrehwɛ sɛ obetumi abɛyɛ ɔhemmaa wɔ Persia Ahemman no mu anaa no, ɔpenee so ma wɔde ‘nnuru srasraa ne ho’ sɛnea ɛbɛyɛ a ne ho bɛyɛ fɛ. (Ester 2:7, 9, 12) Nneɛma a wɔde siesiee Ester maa ne ho yɛɛ fɛ paa no, ɛbɛyɛ sɛ na “nkũ,” anaa “ahosiesie nnuru” ne nnuru foforo a mmea de siesie wɔn ho ka ho.—Asante Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe; Akuapem Twi Nkwa Asɛm.
Bible de agude yɛ ntotoho wɔ ɔkwan pa so. Ɛho nhwɛso bi ni. Bible ka sɛ, onipa a ɔde afotu pa ma nkurɔfo no, wɔn a wɔtie n’afotu no ani so no, ɔte sɛ “sika kɔkɔɔ asomuade.” (Mmebusɛm 25:12) Onyankopɔn ankasa kaa sɛ, sɛnea okunu ma n’ayeforo nkapo, kɔnmuade, ne asomuade ma ɔde siesie ne ho ma ne ho yɛ fɛ no, saa ara na ɔno nso ne Israel man no tenaa yiye. Wei maa Israel man no “bɛyɛɛ fɛfɛɛfɛ.”—Hesekiel 16:11-13.
Nsɛm a ɛnyɛ nokware a nkurɔfo ka fa ahoɔfɛ ntoaso ne agude ho
Asɛm a ɛnyɛ nokware: Bible ka wɔ 1 Petro 3:3 sɛ, ‘sɛ obi bɔ ne ti, na ɔhyɛ sika kɔkɔɔ agude’ a, ɛyɛ bɔne.
Asɛm a ɛyɛ nokware: Sɛ wohwɛ asɛm a na Bible reka wɔ 1 Petro 3:3 no a, na ɛde suban a ɛyɛ fɛ, anaa suban pa retoto ahoɔfɛ, anaa ahosiesie ho. Esii so dua sɛ, suban a ɛyɛ fɛ so wɔ mfaso koraa sen ahoɔfɛ, anaa ahosiesie. (1 Petro 3:3-6) Saa ntotoho yi, ebi wɔ Bible no afã foforo nso.—1 Samuel 16:7; Mmebusɛm 11:22; 31:30; 1 Timoteo 2:9, 10.
Asɛm a ɛnyɛ nokware: Ɔhemmaa Yesebel kekaa n’ani akyi, anaa ɔtoo n’ani ntɔn. Ɛno kyerɛ sɛ, sɛ obi de ahoɔfɛ ntoaso siesie ne ho a, ɛyɛ bɔne.—2 Ahene 9:30.
Asɛm a ɛyɛ nokware: Ɛnyɛ sɛnea Yesebel siesiee ne ho nti na Onyankopɔn twee n’aso. Mmom n’asumansɛm ne n’awudi nti na onyaa asotwe.—2 Ahene 9:7, 22, 36, 37.