Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwhf asɛm 10
  • Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So
  • Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu
  • Nea wubetumi ayɛ
  • Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi De Ɔhaw Aba W’aware Mu?
    Nyan!—2021
  • Wopɔn a, Woapɔn
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Nsɛm a Ɛwɔ Nhoma Yi Mu
    Nyan!—2021
  • “Momma Aware Ho Mmra Nyam”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
ijwhf asɛm 10
Obi ne ne yere apue akɔtena baabi redidi, nanso obiara ani si ne fon so.

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So

Abɛɛfo mfiri ayɛ ɔdomfo-kumfo; ebetumi ama w’aware ayɛ yiye na ebetumi nso ama no ayɛ basaa. Aka w’aware sɛn?

  • Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  • Nea wubetumi ayɛ

  • Nea awarefo aka

  • Nea ɛbɛboa mo ama moasusuw ho

Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  • Sɛ wode abɛɛfo mfiri yɛ adwuma ne kwan so a, ebetumi ama w’aware ayɛ yiye. Awarefo sei, sɛ obiara kɔ n’adwuma a, wotumi de di nkitaho sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛte ne yɔnko nka.

    Barima bi wɔ adwumam. Ɔde ɔdɔ text message rekɔma ne yere.

    “Sɛ wokyerɛw text message ketewa bi kɔma wo kunu anaa wo yere ka kyerɛ no sɛ ‘Medɔ wo’ anaa ‘Mafe wo’ a, ɛboa paa.”—Jonathan.

  • Sɛ woamfa abɛɛfo mfiri anyɛ adwuma ne kwan so a, ebetumi ama w’aware ayɛ basaa. Ebinom wɔ hɔ a, daa na wɔn ani si wɔn fon anaa wɔn kɔmputa so. Ɛba saa a, wonnya wɔn yere anaa wɔn kunu ho adagyew papa.

    “Minim paa sɛ da bi wɔ hɔ a, me kunu nyae a anka ɔne me bedi nkɔmmɔ paa, nanso fon a m’ani si so nti, ɛyɛ a na wapɛ ne baabi atena.”—Julissa.

  • Ebinom ka sɛ, sɛ wɔn ani si fon anaa kɔmputa so mpo a, wobetumi ne wɔn yere anaa wɔn kunu adi nkɔmmɔ kama. Awuraa bi a yɛfrɛ no Sherry Turkle asua nnipa ho nsɛm kɔ akyiri paa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Sɛ obi ka sɛ obetumi akeka nneɛma abɔ so ayɛ ne nyinaa yiye a, ɛnyɛ nokware.” Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wutumi keka nneɛma pii bɔ so yɛ ne nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ woyɛ adeɛ, nanso ɛnte saa. Awuraa no toaa n’asɛm no so sɛ, “Sɛ wokeka nneɛma bɔ so pii a, ebiara nni hɔ a wubetumi ayɛ no yiye.”a

    “Sɛ me ne me kunu bɔ nkɔmmɔ a, m’ani gye paa, nanso sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ na ɔresan ayɛ biribi foforo a, ɛmma m’ani nnye. Sɛ me ne no rebɔ nkɔmmɔ na ɔde ne fon anaa ne kɔmputa reyɛ biribi foforo a, ɛyɛ me sɛ me ho nhia no.”—Sarah.

Nea yɛreka akosi: Abɛɛfo mfiri betumi ama w’aware ayɛ yiye, na ebetumi nso ama no agyigya. Ne nyinaa ne sɛnea wode bɛyɛ adwuma.

Nea wubetumi ayɛ

Yɛ nea ehia ansa na woayɛ nea ɛfata. Bible ka sɛ: ‘Yɛnhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’ (Filipifo 1:10) Bisa wo ho sɛ, ‘Enti bere a me ne me yere sɛe no wɔ abɛɛfo mfiri ho nti, ɛmma yennya adagyew mma yɛn ho anaa?’

“Ɛtɔ da a na barima ne ne yere apue akɔtena baabi redidi, nanso wobɛhwɛ na obiara ani si ne fon so. Ɛyɛ awerɛhow paa. Yɛmpɛ sɛ abɛɛfo mfiri de yɛn bɛyɛ nkoa ama yɛn werɛ afi ade a ɛho hia paa no. Ɛno ne adagyew yebenya ama yɛn ho.”—Matthew.

Mma no nnnye wo bere nyinaa. Bible ka sɛ: “Monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.” (Efesofo 5:15, 16) Bisa wo ho sɛ, ‘Text message a ɛho nhia sɛ migyina so kan na mema ho mmuae no, metumi ayi bere bi asi hɔ a mede bɛyɛ ho adwuma na ankɔba sɛ message a ɛbɛba biara megyae nea mereyɛ akɔkan ama ho mmuae?’

“Ɛyɛ a mede me fon to silent sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ obi frɛ anaa obi sɛnde me message a ɛrenyɛ dede. Mahu sɛ ɛboa paa. Ɛntaa mma sɛ menya call anaa text message anaa e-mail a ehia sɛ migyina so ma ho mmuae ɛhɔ ara.”—Jonathan.

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mfa adwuma nkɔ fie. Bible ka sɛ: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ.” (Ɔsɛnkafo 3:1) Bisa wo ho sɛ: ‘Meba fie a ɛyɛ a meyɛ adwuma wɔ fon so ma enti minnya bere mma me yere ne me mma anaa? Sɛ saa na ɛte a, bisa wo ho sɛ, aka m’aware sɛn? Sɛ yebisa me yere anaa me kunu a, ɛdɛn na ɔbɛka?’

“Abɛɛfo mfiri nti, yetumi yɛ adwuma bere biara wɔ baabiara. Mabɔ me ho mmɔden paa sɛ, sɛ me ne me yere wɔ hɔ a, merentaa nhwɛ fon so na merentaa nyɛ m’adwuma ho biribiara wɔ fon.”—Matthew.

Wo ne wo yere anaa wo kunu nsusuw ho nhwɛ sɛnea mode abɛɛfo mfiri bɛyɛ adwuma. Bible ka sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.” (1 Korintofo 10:24) Wo ne wo yere, sɛnea obiara de abɛɛfo mfiri yɛ adwuma no, monka ho asɛm. Na sɛ ehia sɛ mosesa mu nso a, monka ho asɛm. Asɛm a yɛato din ‘nea ɛbɛboa mo ama moasusuw ho’ no, mubetumi de ayɛ adwuma.

“Me ne me kunu nyinaa, sɛ obiara hu sɛ fon anaa tablet reyɛ agye ne yɔnko abɔ so a, yɛka ho asɛm; yɛmfa nsie. Yɛn nyinaa hu sɛ ebetumi de ɔhaw aba, enti sɛ obiara ka n’adwene a, obiara tie no yiye.”—Danielle.

Nea yɛreka akosi: Hwɛ na woamma abɛɛfo mfiri amfa wo anyɛ akoa.

Nea awarefo aka

Trista ne Georgel.

“Anwummere a yebetumi de adidi yɛn ho nkɔmmɔ ahu nea ɛkɔɔ so saa da no, yɛanhwɛ yiye a, yebetumi de yɛn ani asi fon so ama anwummere no asɛe kwa. Nneɛma bebree na ehia sɛ yɛka ho asɛm wɔ yɛn abrabɔ mu. Enti bere a ɛsɛ sɛ yɛne yɛn kunu anaa yɛn yere didi yɛn ho nkɔmmɔ no, enni sɛ yɛde yɛn ani si fon so.”—Trista ne ne kunu Georgel.

Jonathan ne Katelyn.

“Ɛsɛ sɛ wunya wo kunu anaa wo yere ho adagyew paa. Text message, e-mail, ne nneɛma a ɛtete saa deɛ, da biara ebi bɛba yɛn fon so. Nanso dodow no ara, wubetumi ahwɛ no akyiri yi. Sɛ woreka kar a, wuntumi nsɛnde text message, efisɛ wunim sɛ ebetumi ama woanya akwanhyia. Ɛnde, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wotena hɔ ma fon sɛe w’aware?”—Jonathan ne ne yere Katelyn.

Nea ɛbɛboa mo ama moasusuw ho

Nea edi kan, obiara nsusuw nsɛmmisa yi ho. Muwie a, mmuae a obiara nyae no, ɔne ne yɔnko nsusuw ho.

  • Abɛɛfo mfiri a wode yɛ adwuma no, ɔkwan bɛn so na ama w’aware ayɛ yiye?

  • Sɛnea wo kunu anaa wo yere de abɛɛfo mfiri yɛ adwuma no, wohwɛ a, ɛde nsɛmnsɛm reba mo aware mu anaa? Sɛ ɛte saa a, ɔkwan bɛn so na ɛde nsɛmnsɛm aba aware no mu?

  • Wohwɛ a, wo kunu anaa wo yere bɛka sɛ sɛnea wode abɛɛfo mfiri yɛ adwuma no de ɔhaw aba mo aware mu anaa? Sɛ ɛte saa a, ɔkwan bɛn so na ɛde ɔhaw aba aware no mu?

  • Biribi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ text message a ɛbɛba wo fon so biara, wohwɛ na woma ho mmuae anaa? Sɛ ɛte saa a, ɛnde dɛn na wobɛyɛ na wei amma w’aware anyɛ basaa?

  • Sɛnea wo kunu anaa wo yere de abɛɛfo mfiri yɛ adwuma no, sɛ ehia sɛ ɔsesa mu a, nsakrae bɛn na wopɛ sɛ ɔyɛ, na wo nso, nsakrae bɛn na wopɛ sɛ woyɛ?

Yɛbɔ No Mua A: Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So

Yɛ nea ehia ansa na woayɛ nea ɛfata. Mma wo werɛ mmfi ade a ɛho hia paa no, ɛno ne w’aware.

Mma no nnnye wo bere nyinaa. Wubetumi ayi bere bi asi hɔ a wode bɛyɛ text message ho adwuma na ankɔba sɛ message a ɛbɛba biara wubegyae nea woreyɛ akɔkan ama ho mmuae?

Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mfa adwuma nkɔ fie. Esiane sɛ abɛɛfo mfiri nti yebetumi ayɛ adwuma bere biara wɔ baabiara nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no saa anaa?

Wo ne wo yere anaa wo kunu nsusuw ho nhwɛ sɛnea mode abɛɛfo mfiri bɛyɛ adwuma. Abɛɛfo mfiri reboa w’aware anaa ama no agyigya? Ehia sɛ moyɛ nsakrae bi anaa?

a Efi nhoma a yɛato din Reclaiming Conversation—The Power of Talk in a Digital Age mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena