Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbv asɛm 22
  • Yohane 16:33—“Me Na Madi Wiase So Nkonim”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yohane 16:33—“Me Na Madi Wiase So Nkonim”
  • Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yohane 16:33 Kyerɛ
  • Yohane 16:33 Ho Nsɛm
  • Yohane 14:6—“Mene Kwan Ne Nokware Ne Nkwa”
    Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
  • “Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Suasua Yesu Na Nya Asomdwoe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • “Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam! Madi Wiase So Nkonim”
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Mu Nsɛm a Wɔakyerɛkyerɛ Mu
ijwbv asɛm 22

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Yohane 16:33—“Me Na Madi Wiase So Nkonim”

“Maka eyinom akyerɛ mo, na monam me so anya asomdwoe. Mubehu amane wɔ wiase de, nanso munnya akokoduru! Madi wiase so nkonim.”—Yohane 16:33, Wiase Foforo Nkyerɛase.

“Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.”—Yohane 16:33, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

Nea Yohane 16:33 Kyerɛ

Yesu kaa saa nsɛm yi de maa n’akyidifo awerɛhyem sɛ, wɔn nso, sɛ wohyia ɔhaw anaa nkurɔfo tan wɔn ani a, wobetumi akɔ so ayɛ nea Onyankopɔn pɛ.

“Maka eyinom akyerɛ mo, na monam me soa anya asomdwoe.” Nkyekyɛm no fã a aka no ma yehu sɛ, asomdwoe a Yesu kaa ho asɛm no nkyerɛ sɛ n’akyidifo asom bedwo wɔn a obiara renteetee wɔn. Mmom, ɛkyerɛ sɛ wɔn koma bɛtɔ wɔn yam. Saa akomatɔyam yi, ‘wɔnam Yesu so’ na ebenya. Yesu hyɛɛ n’akyidifo no bɔ sɛ ɔbɛsoma honhom kronkron a ɛyɛ “ɔboafo” kɛse no aba, na ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi adi ɔhaw biara a wobehyia so.—Yohane 14:16, 26, 27.

“Mubehu amane wɔ wiase de, nanso munnya akokoduru!” Yesu kaa no pen sɛ n’asuafo behyia sɔhwɛ. Sɔhwɛ a ebetumi ato wɔn no bi ne sɛ, nkurɔfo besisi wɔn anaa wɔbɛtan wɔn ani. (Mateo 24:9; 2 Timoteo 3:12) Nanso, na ɛsɛ sɛ ‘wonya akokoduru,’ anaa ‘wɔma wɔn bo tɔ wɔn yam.’—Yohane 16:33, Akuapem Twi Bible a The Bible Society of Ghana Yɛe.

“Madi wiase so nkonim.” Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wiase” wɔ ha no, ɛkyerɛ nnipa abɔnefo a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho.b Bible ka wɔ 1 Yohane 5:19 sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔnefo no [anaa Satan] tumi mu.” Nea “wiase” yi mu nnipa dwen ho ne nea wɔyɛ nyinaa ne Onyankopɔn apɛde nhyia.—1 Yohane 2:15-17.

Yesu bae sɛ ɔrebɛyɛ Onyankopɔn apɛde a ɛne sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ama wɔahu Onyankopɔn, na ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ no agye nnipa, ɛnna Satan ne ne wiase no yɛe sɛ wobesiw no kwan. (Mateo 20:28; Luka 4:13; Yohane 18:37) Nanso Yesu amma wiase no ansɛe n’adwene amma wannyae Onyankopɔn apɛde yɛ. Odii nokware ara kosii sɛ owui. Ɛno nti na Yesu tumi kaa sɛ wadi wiase so nkonim, na Satan a “odi wiase so no” ‘nni ne so tumi’ no.—Yohane 14:30.

Yesu de ɔno ara ne nhwɛso yɛɛ adesuade maa n’akyidifo no hui sɛ, wɔn nso, sɛ wohyia sɔhwɛ mpo a, wobetumi akɔ so adi Onyankopɔn nokware. Ɔkwan bi so no, na Yesu reka sɛ: “Matumi adi wiase so nkonim, enti mo nso mubetumi.”

Yohane 16:33 Ho Nsɛm

Ade rebɛkye ama Yesu awu no, n’anadwo na ɔkaa saa asɛm a ɛwɔ Yohane 16:33 no. Bere a ɔne n’asomafo anokwafo no redi nkra no, esiane sɛ na onim sɛ ɛrenkyɛ obewu nti, ɔde saa bere no tuu wɔn fo. Ɔkaa nsɛm bi nso a wutumi hu sɛ ɛbɛpem wɔn. Ɔma wohui sɛ wɔrenhu no bio, nkurɔfo bɛtan wɔn ani, na wɔakum wɔn mu binom mpo. (Yohane 15:20; 16:2, 10) Ná saa nsɛm no betumi ama asomafo no koma atu. Enti Yesu de nsɛm a ɛwɔ Yohane 16:33 no twaa to, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran na akyekye wɔn werɛ.

Nsɛm a Yesu kae yi ne nhwɛso a ɔyɛe no, ɛnnɛ nso ebetumi ahyɛ n’akyidifo nkuran. Ɛmfa ho amanehunu biara a ɛbɛba Kristofo akwan mu no, wɔn nyinaa betumi akɔ so adi Onyankopɔn nokware.

a Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “monam me so anya asomdwoe” no, wotumi nso kyerɛ ase sɛ, “moanya me mu asomdwoe.” Adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ, sɛ Yesu asuafo no kɔ so ne no yɛ baako a, wobenya asomdwoe.

b Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wiase” wɔ Yohane 16:33 no, ɛsan pue wɔ Yohane 15:19 ne 2 Petro 2:5, na ekura ntease wei ara.

Kenkan Yohane ti 16, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu ne kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena