SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA
Ahenni Asa Ahorow a Yesiesie
APRIL 1, 2024
Yehowa Danseni ababaa bi a ɔwɔ Colombia a yɛfrɛ no Nicole kaa sɛ: “M’ani gye Ahenni Asa a mekɔ adesua wɔ hɔ no ho paa! Ɛhɔ na mitumi ne me nuanom Kristofo mmarima ne mmea hyiam.” Wo nso, saa na wote nka anaa?
Ahenni Asa a Yehowa Adansefo wɔ wɔ wiase nyinaa dodow bɛyɛ 63,000. Ɛhɔ na wɔhyiam sua Bible. Saa adan yi ma yenya baabi a ɛhɔ dwo hyiam som Onyankopɔn ma yɛn ho tɔ yɛn. Ɛnyɛ wei nko ara. Daa kwampaefo bi a ɔwɔ Colombia a yɛfrɛ no David kaa sɛ: “Yɛn Ahenni Asa no ma nkurɔfo ani gye asɛmpa a yɛka no ho kɛse. Nkurɔfo a wɔnyɛ Adansefo a wɔba yɛn Ahenni Asa so no, ɛyɛ a sɛnea yɛasiesie hɔ kama no yɛ wɔn nwanwa.” Wei mma kwa. Yɛyere yɛn ho siesie yɛn Ahenni Asa so, na bere nyinaa yɛn nsa da ho. Yɛyɛ dɛn tumi yɛ saa adwuma yi?
Nhyehyɛe Bɛn Na Yɛyɛ De Siesie Ahenni Asa Ahorow No?
Nsafo a ehyiam wɔ Ahenni Asa bi so no na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔsiesie asa no so ne ɛho nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na Ahenni Asa no so ne ɛho atew kama no, anuanom mmarima ne mmea siesie hɔ daa. Anuanom mmarima ne mmea no nsa da Ahenni Asa no ho bere nyinaa, na sɛ nneɛma bi reyɛ asɛe wɔ hɔ a, wɔhwɛ siesie.
Adansi Dwumadibea (LDC) no tete anuanom mmarima a wɔboa ma wɔsiesie nneɛma a ɛresɛe wɔ Ahenni Asa no so (anaa maintenance trainers). Wɔma saa anuanom no kɔboa nsafo ahorow no ma wɔhwɛ siesie wɔn Ahenni Asa no yiye. Anuanom a LDC atete wɔn yi, wɔn mu biara hwɛ Ahenni Asa nsia kosi du so. Wɔkɔsra nsafo no, na wɔtete anuanom ma wɔhu sɛnea wɔbɛhwɛ wɔn asa no so yiye. Mfe mmiɛnsa biara, wɔyɛ nhwehwɛmu wɔ asa biara ho, na wɔhwɛ nneɛma a ɛnkɔ yiye wɔ hɔ, anaa biribi a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ siesie.
Anuanom a LDC atete wɔn no boa yɛn ma yesiesie yɛn Ahenni Asa
Anuanom a LDC atete wɔn no, ntetee a wɔde ma nsafo ahorow no, yɛn nuanom mmarima ne mmea no ani sɔ paa. Onuawa bi a ɔwɔ India a yɛfrɛ no Indhumathi kaa sɛ: “Ntetee a anuanom de maa yɛn no, na ɛyɛ kama paa. Yɛn ani gyei sɛ yehuu sɛnea yɛbɛhwɛ ama yɛn asa no so ne ɛho nyinaa atew kama.” Onua bi a ɔwɔ Kenya a yɛfrɛ no Evans kaa sɛ: “Yehuu sɛnea yɛbɛhwɛ asiesie nneɛma a ɛreyɛ asɛe wɔ asa no so ansa na agye nsam. Yehui sɛ, sɛ yɛyɛ saa a, ɛremma yɛmmɔ ka kɛse.”
Sɛnea Yenya Sika De Tuatua Asa Ahorow No Ho Ka
Ahenni Asa biara, sika a afe biara yɛde tuatua ho ka na yɛde siesie no, ɛyɛ sika kɛse paa. Efi dɔlaa ɔhaha kosi mpempem. Ɛka a yɛbɔ wɔ asa bi ho no, baabi a asa no si, mfe dodow a asa no adi, ne nsafo dodow a ehyiam wɔ asa no so no na ɛbɛkyerɛ. Yɛyɛ dɛn nya sika de tuatua asa ahorow no ho ka?
Ntoboa na yɛde siesie Ahenni Asa ahorow no. Onua bi a ɔwɔ Kazakhstan a yɛfrɛ no Alexander kaa sɛ: “Ntoboa a yenya no, yɛde bi tuatua Intanɛt, ne nneɛma bi te sɛ nsu ne anyinam ahoɔden ho ka. Yɛde bi nso totɔ nneɛma bi te sɛ nkrataa a yɛde popa yɛn nsa ho, ahyɛnsa (gloves), samina ne nneɛma foforo a yɛde siesie asa no so, ne aduru a yɛde ka dan ho (paint).” Ntoboa biara a ɛbɛka no, yɛde kɔboa wiase nyinaa adwuma no ma wɔde yɛ Ahenni Asa ho nsiesie akɛse a ɛho ka sõ wɔ wiase nyinaa.
Nsiesie Adwuma Akɛse
Sika a yehia de asiesie Ahenni Asa bi no, sɛ ne kɛse boro sika a asafo no de tuatua Ahenni Asa no ho ka bosome mmienu anaa mmiɛnsa a, asafo no mu mpanyimfo ka ho asɛm kyerɛ onua a LDC atete no no. Sɛ LDC no gye tom sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma no a, mpɛn pii no, yɛde ntoboa a wɔyi de boa wiase nyinaa adwuma no na ɛyɛ. Afe 2023 ɔsom afe no mu no, wɔyɛɛ nsiesie a ɛte saa wɔ Ahenni Asa 8,793 ho. Ɛho ka nyinaa sii dɔla ɔpepem 76.6. Yɛnhwɛ saa nnwuma no mu mmienu.
Ná Ahenni Asa bi a ɛwɔ Angola adi mfe 15, na na ɔhaw pii wɔ ho. Ná ɛho abehia sɛ wɔsesa anyinam nkanea ho nneɛma a ɛwɔ asa no ho nyinaa, na na asa no afasu no ho apaapae. Afei nso, na nkurɔfo a wɔte bɛn Ahenni Asa no reka sɛ, sɛ osu tɔ a, nsu a ebu fa so wɔ asa no ho tene bɛfa wɔn afie mu. LDC yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbesiesie ɔhaw ahorow no. Adwuma no ho ka nyinaa kosii dɔla 9,285. Nkurɔfo a wɔte bɛn asa no ani gyei sɛ anuanom asiesie ɔhaw no, na sɛnea anuanom yɛɛ adwuma no nso, ɛyɛɛ wɔn fɛ paa.
Ahenni Asa a wɔasiesie wɔ Angola
Ná Ahenni Asa bi atifi nwini wɔ Poland, na na kapɛt a ɛsɛ asa no so nso asɛe pasaa. LDC penee so sɛ wɔbesiesie asa a enwini no, na wɔasesa kapɛt no. Adwuma no ho ka nyinaa kosii dɔla 9,757. Saa adwuma a wɔyɛe no nti, ɛho renhia sɛ wɔyɛ nsiesie kɛse biara wɔ Ahenni Asa no ho mfe bebree.
Wɔreyɛ Ahenni Asa bi ho adwuma wɔ Poland
Ahenni Asa Nsiesie Hyɛ Yehowa Anuonyam
Sɛ yesiesie yɛn Ahenni Asa a, ɛmma yɛmmɔ ka pii, na ɛsan nso hyɛ Yehowa anuonyam. Onua bi a yɛfrɛ no Shaun a ɔwɔ Tonga kaa sɛ: “Esiane sɛ yesiesie yɛn Ahenni Asa no nti, yenya baabi a ɛhɔ tew na biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ hyiam som Yehowa. Afei nso, esiane sɛ Ahenni Asa no ho tew nti, ɛhyɛ Yehowa din anuonyam wɔ mpɔtam hɔ. Wei nti, yɛde anigye na ɛto nsa frɛ nkurɔfo ba yɛn Ahenni Asa no so.”
Ɛdɛn Na Yebetumi Ayɛ De Aboa?
Yɛn nyinaa betumi aboa ama yɛasiesie yɛn Ahenni Asa so, na yɛahwɛ so yiye. Marino yɛ onua bi a ɔwɔ Australia. LDC atete no ama ɔboa anuanom ma wɔhu sɛnea wɔbesiesie wɔn Ahenni Asa. Ɔkaa sɛ: “Yɛn Ahenni Asa ahorow a yebesiesie no yɛ hokwan kɛse a ɛyɛ anigye paa, na yɛn nyinaa betumi aboa ama yɛayɛ saa adwuma no. Sɛ yɛyɛ saa a, ntoboa a yɛn nuanom yi no, ɛremma yɛnsɛe no, na mmom yɛde bɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ baabi a ɛho hia paa.”
Onua bi a ɔwɔ India a yɛfrɛ no Joel ani gye ho paa sɛ ɔbɛboa ama wɔasiesie Ahenni Asa so. Ɔkaa sɛ: “Sɛ me ne me nuanom bom siesie Ahenni Asa so a, ɛma mitwa sɛnea nneɛma bɛkɔ so wɔ wiase foforo no mu ho mfoni wɔ m’adwene mu.” Nicole a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kaa sɛ: “Nnansa yi, yekosiesiee Ahenni Asa so. Ná nsu bi renwini gu fam wɔ adwensɔe hɔ. Bere a anuanom mmarima no resiesie nsu a ɛrewini gu fam no, na me nso merepopa fam hɔ. Ɛwom sɛ, ɛnyɛ me na misiesiee nsu a na ɛrenwini gu fam no de, nanso ɛfam hɔ a na merepopa no amma obi anwɔtere anhwe ase.”
Sɛ wopɛ sɛ woboa ma wɔsiesie mo Ahenni Asa a, ka kyerɛ wo asafo mu mpanyimfo no. Ntoboa a wuyi no, ɛnyɛ mo Ahenni Asa no nko ara na yɛde siesie, na mmom yɛde siesie Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa nso. Wubetumi ayi saa ntoboa yi agu nnaka a esisi mo Ahenni Asa so mu, anaasɛ wubetumi afa donate.jw.org. Ntoboa a wuyi wo yam yi no, yɛn ani sɔ paa.
Yɛn nyinaa betumi aboa ama yɛahwɛ yɛn Ahenni Asa no so yiye
a Dɔla a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi yɛ Amerika dɔla.