7 Ɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: “Momma yɛnkyekye nkurow yi na yɛnto afasu ne aban wɔ ho nhyia,+ na yɛnyɛ aponkɛse ne mmeamu. Asaase no da hɔ ma yɛn, efisɛ yɛahwehwɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn. Yɛahwehwɛ no nti wama yɛn ho adwo yɛn wɔ baabiara.” Enti adwuma no kɔɔ yiye.+