5 Sɛ wɔn nyinaa tow pon na ɛkɔ besi a, Hiob soma ma wɔkɔfrɛ wɔn ba sɛ ɔrebɛtew wɔn ho. Ná Hiob sɔre anɔpatutuutu bɔ ɔhyew afɔre+ ma wɔn mu biara, efisɛ ɔkae sɛ: “Ebia na me mma no ayɛ bɔne, na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn koma mu.” Saa na na Hiob yɛ daa.+