16 O Yehowa, wo nnwuma nyinaa teɛ,+ enti yɛpa wo kyɛw, yi w’abufuw ne w’abufuhyew fi wo kurow Yerusalem, wo bepɔw kronkron no so kɔ, efisɛ yɛn bɔne ne yɛn agyanom mfomso nti, Yerusalem ne wo man anim agu ase wɔ wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no nyinaa anim.+