15 “Sɛ ɛba sɛ ɔkra bi anni nokware na ɔyɛ bɔne tia Yehowa akronkronne+ bere a n’ani nni ne ho so a, ɔmfa odwennini a ɔte apɔw mmɛbɔ n’asodi afɔre+ mma Yehowa. Ɛsɛ sɛ aboa no bo du dwetɛbona+ a wɔatwa ato hɔ no, sɛnea wɔkari dwetɛbona wɔ kronkronbea hɔ no; ɛyɛ asodi afɔre.