Ase Hɔ Asɛm
a Nanso, sɛ ɔreka asɛm wɔ afie afie a, ɛho nhia sɛ ɔbɛkata ne ti efisɛ asɛmpaka ho asɛyɛde no da Kristofo nyinaa so. Nanso, sɛ tebea horow hwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ofie Bible adesua bere a ne kunu (a ɔyɛ ne ti a ɛwom sɛ ebia ɔnyɛ Kristoni mpo) wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ade kata ne ti. Afei nso, sɛ́ nea ɛyɛ tebea soronko mu no, sɛ asafo no muni bi a ɔyɛ ɔbarima a wahyira ne ho so wɔ hɔ bere a ɔno yɛ Bible adesua a wadi kan ayɛ ho nhyehyɛe a, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti nanso ɔbarima no na ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae.