Ase Hɔ Asɛm
c Ɛwom sɛ Bible Asuafo no hui sɛ ɛho hia sɛ wɔtwe wɔn ho fi nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔafa wiase no nnamfo no ho de, nanso mfe pii mu no, na anuanom da so ara bu nnipa bi a wɔnyɛ Bible Asuafo, nanso wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ agyede no mu gyidi na wɔka sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no sɛ wɔn nuanom Kristofo.