Ase Hɔ Asɛm
d Ade biako a amma wɔamfa kɔkɔbɔ a ɛte saa a wodii kan de mae no aniberesɛm ne sɛ na wosusuw sɛ saa asɛm no fa Kristo nguankuw ketewa—nnipa 144,000—no ho titiriw. Yebehu wɔ nhoma yi Ti 5 sɛ, ansa na afe 1935 reba no, na wosusuw sɛ nnipa pii a wɔwɔ Kristoman asɔre ahorow mu no nso ka “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9, 10 no ho, na na wosusuw sɛ wɔbɛma wɔayɛ kuw a ɛto so abien wɔ soro de atua wɔn ka sɛ awiei koraa no wobegyinaa Kristo afã.