Ase Hɔ Asɛm
e Wɔ September 1920 mu no, wotintim The Golden Age (a seesei wɔfrɛ no Nyan!) titiriw bi. Ɛkaa ɔtaa a na emu bi ano yɛ den a wɔde baa anuanom so wɔ Canada, England, Germany, ne United States, bere a na ɔko no rekɔ so no ho nsɛm pii. Nanso, mfe bi ansa na wiase ko a edi kan no reba no, na ɔtaa a ɛte saa no ntaa nsisi.