Ase Hɔ Asɛm
f Ɛsono nea mpataa papa a wɔreyiyi afi mpataa a enye mu no kyerɛ, ɛnna ɛsono nea nguan ne mmirekyi a wɔbɛpaapae wɔn mu no nso kyerɛ. (Mat. 25:31-46) Nguan ne mmirekyi a wɔbɛpaapae wɔn mu, anaa atemmu a etwa to no bɛba wɔ ahohiahia kɛse no mu. Enkosi saa bere no, nnipa a wɔte sɛ mpataa a enye no betumi akɔ Yehowa nkyɛn ma wɔaboaboa wɔn ano akɔ asafo ahorow a ayɛ te sɛ ade a wɔboaboa mpataa ano gu mu no mu.—Mal. 3:7.