Ase Hɔ Asɛm
b Asɛm “ninkuntwe” a wɔde dii dwuma no kyerɛ sɛ, nokware a yebedi ama Yehowa no yɛ aniberesɛm. Ɛma yɛn adwene kɔ sɛnea sɛ ɔbarima warefo bi yere anni nokware a, ɔtwe ninkunu denneennen no so. (Mmeb. 6:34) Sɛnea okunu a ne yere anni no nokware bo fuw no, saa ara na Yehowa bo fuwii bere a ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam anni no nokware na wɔkɔsom abosom no. Nhoma bi ka sɛ: ‘Nea enti a Onyankopɔn twe ninkunu ne sɛ Ɔyɛ kronkron. Esiane sɛ Ɔno nkutoo ne Ɔkronkronni nti, Ɔmpɛ sɛ wɔsom obiara ka ne ho.’——Ex. 34:14.