Ase Hɔ Asɛm
a Saa apam yi yɛ apam pii a Canada, United States, Soviet Union, ne aman afoforo 32 de wɔn nsa hyɛɛ ase wɔ Helsinki no mu nea edi kan ne nea ɛho hia sen biara. Edin a wɔde maa apam titiriw a wɔbɔɔ ho pɔw wɔ nhoma mu no ne Dwoodwoo Asetra ne Biakoyɛ wɔ Europa ho Nhyiam no Mmara a Etwa To. Na ne botae titiriw ne sɛ ɛbɛma amanaman mu ɔtan a ɛda Apuei Fam ne Atɔe Fam ntam ano abrɛ ase.—World Book Encyclopedia.