Ase Hɔ Asɛm
c Josephus kyerɛw nsɛm a esisii fi bere a Romafo no to hyɛɛ Yerusalem so nea edi kan (66 Y.B. mu) kosi bere a wɔsɛe no no ho asɛm: “Ahum a ɛsɛe ade bi tuu anadwo no; mframa kɛse bɔe, osu tɔɔ kɛse, na anyinam twa toatoaa so, na na aprannaa nnyigyei no yɛ hu, na asase wosowee denneennen. Ná ɛda adi pefee sɛ nneɛma nhyehyɛe nyinaa a ɛsɛee yi yɛ asiane a ɛbɛto adesamma abusua no ho mfonini pefee, na obiara ntumi nnye ho kyim sɛ na nsɛnkyerɛnne no kyerɛ amanehunu a enni sɛso a ɛbɛba.”