Ase Hɔ Asɛm
a Nanso, Yehowa susuw nneɛma afoforo nso ho bere a ɔrehwɛ sɛ ebia ɔde obi bɔne befiri no anaa no. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ ɔbɔnefo bi nnim Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a, nim a onnim no betumi abrɛ asodi a ɛda ne so no ase. Bere a Yesu srɛɛ n’Agya sɛ ɔmfa wɔn a wokum no no bɔne mfiri wɔn no, adanse a ɛwɔ hɔ da no adi sɛ na Yesu reka Roma asraafo a wokum no no ho asɛm. Ná ‘wonnim nea wɔreyɛ,’ esiane sɛ na wonnim onipa ko a ɔyɛ ankasa nti. Nanso, na nyamesom akannifo a wɔhyɛ saa awudi no akyi no wɔ asodi a ɛsen saa koraa—na na wɔn mu pii ntumi nnya bɔne fafiri.—Yohane 11:45-53; fa toto Asomafo no Nnwuma 17:30 ho.