Ase Hɔ Asɛm
a Bere a wɔde Israel asɔfodi no sii hɔ no, wɔkanee mmarima mmakan a wofi Israel mmusuakuw a ɛnyɛ Lewifo mu no ne mmarima a wofi Lewi abusua mu no. Ná mmakan no boro Lewi mmarima no so 273. Ɛno nti Yehowa hyɛe sɛ wontua nnwetɛbona anum wɔ nnipa 273 no mu biara ho mfa nyɛ agyede mma wɔn a wɔaboro so no.