Ase Hɔ Asɛm
c Wɔ History of the Jews mu no, Ɔbenfo Graetz ka sɛ ɛtɔ mmere bi a na Romafo no sɛn nneduafo 500 da koro. Wotwitwaa Yudafo nnommum no bi nsa, na afei wɔde wɔn san kɔɔ kurow no mu. Na ɛhɔ tebea ahorow te dɛn? “Na sika so nni mfaso, efisɛ na entumi ntɔ paanoo. Mmarima koo aduan a ɛyɛ tan na ɛyɛ abofono yiye ho denneennen wɔ mmɔnten so, sare ketewaa bi, aboa nhoma, anaasɛ nnam a wɔatow ama nkraman. . . . Afunu a wonsie a na ɛredɔɔso no maa ahohuru bere mu mframa a emu yɛ hyew no de yaredɔm bae, na ɔyare, ɔkɔm, ne nkrante kunkum wɔn.”