Ase Hɔ Asɛm
f Wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu no, onipa Ba no ba n’anuonyam mu, bebu atɛn wɔ ahohiahia bere no mu. Ogyina nea nkurɔfo bɛyɛ so, sɛ ebia wɔboaa Kristo nuanom a wɔasra wɔn no anaasɛ wɔammoa wɔn no so, na ebu atɛn. Sɛ ebedu atemmu bere no na Kristo anuanom no nyinaa afi asase so dedaw a, ntease biara remma nea wogyina so bu atɛn yi mu.—Mateo 25:31-46.