Ase Hɔ Asɛm
a Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea wɔde di dwuma wɔ Bible mu no, ‘mpata’ kura adwene titiriw a ɛne sɛ ‘wɔkata biribi so’ anaa ‘wɔhyɛ biribi ananmu,’ na ɛsɛ sɛ ade a wɔde ma de si biribi ananmu, anaa wɔde ‘kata so’ no ne no yɛ pɛpɛɛpɛ. . . . Nea ɛbɛyɛ na wɔanya mpatade ama nea Adam hweree no, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ bɔne ho afɔre a ɛsom bo pɛpɛɛpɛ te sɛ ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ no ara.”