Ase Hɔ Asɛm
a Bere a Bible ho ɔbenfo Gordon D. Fee reka Paulo asɛm a ɛne sɛ “ɔdɔ wɔ abodwokyɛre” ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔ Paulo nkyerɛkyerɛmu no mu no, [abodwokyɛre ne ayamye] gyina hɔ ma Onyankopɔn su abien a ɔda no adi wɔ adesamma so no (hwɛ Rom. 2:4). Ɔkwan bi so no, sɛnea Onyankopɔn twentwɛn n’abufuw ase wɔ nnipa atuatew ho no ma yehu boasetɔ a ofi ɔdɔ mu da no adi no; ɔkwan foforo so no, yehu n’ayamye wɔ sɛnea wɔka ne mmɔborohunu ho asɛm mpɛn pii no mu. Enti Paulo de akwan abien a wɔfa so ka Onyankopɔn, a ɔnam Kristo so akyerɛ sɛ ɔwɔ abotare na n’ayamye wɔ wɔn a wɔfata ɔsoro atemmu so ho asɛm no na efii n’asɛm no ase.”