Ase Hɔ Asɛm
a “Sɛnea na ɛsono afã abien no adwene wɔ onii ko a Onyankopɔn yɛ ho no na ɛmaa nsonsonoe a ɛda [Yesu ne Farisifo no ntam] no daa adi. Farisifo no fam no, na Onyankopɔn adwuma titiriw ara ne sɛ ɔbɛhwehwɛ biribi; Yesu fam no, Onyankopɔn yɛ mmɔborohunufo ne ɔdomfo. Eyi nkyerɛ sɛ na Farisifo no bu wɔn ani gu Onyankopɔn papayɛ ne ne dɔ so, na mmom wɔn fam no, na ɔda eyinom adi denam akyɛde a ɛne Torah [Mmara] no, ne di a na wobetumi adi nea ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ so. . . . Na Farisifo no bu atetesɛm a wɔka kyerɛ ne mmara a wɔde kyerɛ ase a na wobedi so no sɛ ɔkwan a wɔfa so di Torah no so. Sɛnea Yesu kamfoo ɔdɔ mmara a ɛbɔ ho abien (Mat. 22:34-40) ma wogyee ne nkyerɛase toom, ne po a ɔpoo mmara a wɔde ano ka a na wɔde hyɛ nkurɔfo so no . . . de ntawntawdi baa ɔne Farisifo no adwenkyerɛ mu.”—The New International Dictionary of New Testament Theology.