Ase Hɔ Asɛm
b Wɔ nhyiam bi a United States Amanaman Ntam Nyamesom mu Ahofadi Adwuma no yɛe wɔ November 16, 2000 ase no, nhyiamfo bi kyerɛɛ nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔhyɛ afoforo ma wɔsakra wɔn som ne Yehowa Adansefo dwumadi no ntam. Wɔdaa no adi sɛ sɛ Yehowa Adansefo ka asɛm no kyerɛ afoforo a, wɔyɛ saa wɔ ɔkwan bi a ɛbɛma obi atumi aka sɛ “M’ani nnye ho” na wato ne pon mu so.